< Iohannem 14 >

1 Non turbetur cor vestrum. Creditis in Deum, et in me credite.
Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Mommma mo akoma nntu. Monnye Onyankopɔn nni na monnye me nso nni.
2 In domo Patris mei mansiones multæ sunt; si quominus dixissem vobis: quia vado parare vobis locum.
Tenaberɛ bebree wɔ mʼAgya efie, ɛno enti, merekɔ akɔsiesie baabi ama mo. Sɛ asɛm a mereka yi nyɛ nokorɛ a, anka merenka nkyerɛ mo.
3 Et si abiero, et præparavero vobis locum, iterum venio, et accipiam vos ad meipsum: ut ubi sum ego, et vos sitis.
Na sɛ mekɔ na mekɔsiesie baabi ma mo a, mɛsane aba abɛfa mo akɔ na me ne mo akɔtena.
4 Et quo ego vado scitis, et viam scitis.
Monim faako a merekɔ no ne ɛkwan ko a mobɛfa so aba hɔ bi.”
5 Dicit ei Thomas: Domine, nescimus quo vadis: et quomodo possumus viam scire?
Toma bisaa no sɛ, “Awurade yɛnnim faako a worekɔ na yɛbɛyɛ dɛn ahunu ɛkwan aba hɔ bi?”
6 Dicit ei Jesus: Ego sum via, et veritas, et vita. Nemo venit ad Patrem, nisi per me.
Yesu buaa sɛ, “Mene ɛkwan no, ne nokorɛ no, ne nkwa no; obi ntumi nkɔ Agya no hɔ, gye sɛ ɔfa me so.”
7 Si cognovissetis me, et Patrem meum utique cognovissetis: et amodo cognoscetis eum, et vidistis eum.
Yesu kaa bio sɛ, “Afei a moahunu onipa ko a meyɛ yi, saa ara nso na mobɛhunu mʼAgya no, na ɛfiri saa ɛberɛ yi monim no, ɛfiri sɛ, moahunu no!”
8 Dicit ei Philippus: Domine, ostende nobis Patrem, et sufficit nobis.
Filipo bisaa no sɛ, “Awurade, kyerɛ yɛn Agya no, ɛfiri sɛ, deɛ yɛrehwehwɛ ara ne no.”
9 Dicit ei Jesus: Tanto tempore vobiscum sum, et non cognovistis me? Philippe, qui videt me, videt et Patrem. Quomodo tu dicis: Ostende nobis Patrem?
Yesu buaa no sɛ, “Filipo, enti me ne mo nanteeɛ dadaada yi, wonnim onipa ko a meyɛ? Obiara a ɔnim onipa ko a meyɛ no nim mʼAgya no. Adɛn enti na woka sɛ, ‘Kyerɛ yɛn Agya’ no?
10 Non creditis quia ego in Patre, et Pater in me est? Verba quæ ego loquor vobis, a meipso non loquor. Pater autem in me manens, ipse fecit opera.
Filipo wonnye nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu? Yesu sane ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, nsɛm a maka akyerɛ mo no mfiri mʼankasa. Agya a ɔte me mu no na ɔnam me so yɛ nʼadwuma.
11 Non creditis quia ego in Patre, et Pater in me est?
Monnye me nni sɛ mewɔ Agya no mu na Agya no nso wɔ me mu. Sɛ monnnye nsɛm a maka no nni a, nnwuma a mayɛ no enti, monnye nni.
12 alioquin propter opera ipsa credite. Amen, amen dico vobis, qui credit in me, opera quæ ego facio, et ipse faciet, et majora horum faciet: quia ego ad Patrem vado.
Mereka nokorɛ akyerɛ mo, obiara a ɔgye me di no, bɛyɛ nnwuma a meyɛ no bi na mpo ɔbɛyɛ nnwuma akɛseakɛseɛ, ɛfiri sɛ, merekɔ mʼAgya no nkyɛn.
13 Et quodcumque petieritis Patrem in nomine meo, hoc faciam: ut glorificetur Pater in Filio.
Na biribiara a mobɛbisa wɔ me din mu no, mɛyɛ ama mo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Agya no animuonyam nam ne Ba no so bɛda adi.
14 Si quid petieritis me in nomine meo, hoc faciam.
Biribiara a mode me din bɛbisa no, mɛyɛ ama mo.”
15 Si diligitis me, mandata mea servate:
“Sɛ modɔ me a, mobɛdi mʼahyɛdeɛ so.
16 et ego rogabo Patrem, et alium Paraclitum dabit vobis, ut maneat vobiscum in æternum, (aiōn g165)
Mɛbisa Agya no na wama mo ɔboafoɔ foforɔ a ɔne Honhom Kronkron no a ɔda Onyankopɔn nokorɛ nyinaa adi no na ɔne mo atena daa. (aiōn g165)
17 Spiritum veritatis, quem mundus non potest accipere, quia non videt eum, nec scit eum: vos autem cognoscetis eum, quia apud vos manebit, et in vobis erit.
Ewiase rentumi nnye no, ɛfiri sɛ, wɔnhunu no, na wɔnnim no. Nanso, mo deɛ, monim no, ɛfiri sɛ, ɔne mo na ɛte.
18 Non relinquam vos orphanos: veniam ad vos.
Merennya mo sɛ nwisiaa; mɛsane aba mo nkyɛn bio.
19 Adhuc modicum, et mundus me jam non videt. Vos autem videtis me: quia ego vivo, et vos vivetis.
Ɛrenkyɛre biara nnipa renhunu me bio, nanso mo deɛ, mobɛhunu me; na ɛsiane sɛ mete ase no enti, mo nso mobɛtena ase.
20 In illo die vos cognoscetis quia ego sum in Patre meo, et vos in me, et ego in vobis.
Na da a mɛsɔre afiri awufoɔ mu no duru a, mobɛhunu sɛ mewɔ mʼAgya no mu, na mo nso mowɔ me mu, sɛdeɛ me nso mewɔ mo mu no.
21 Qui habet mandata mea, et servat ea: ille est qui diligit me. Qui autem diligit me, diligetur a Patre meo: et ego diligam eum, et manifestabo ei meipsum.
Obiara a ɔdi mʼahyɛdeɛ so no ne obi a ɔdɔ me. Obiara a ɔdɔ me no mʼAgya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no na mada me ho adi akyerɛ no.”
22 Dicit ei Judas, non ille Iscariotes: Domine, quid factum est, quia manifestaturus es nobis teipsum, et non mundo?
Yuda, a ɛnyɛ Iskariot, kaa sɛ, “Awurade, ɛbɛyɛ dɛn na wobɛda wo ho adi akyerɛ yɛn nko ara na ɛnyɛ nnipa nyinaa?”
23 Respondit Jesus, et dixit ei: Si quis diligit me, sermonem meum servabit, et Pater meus diliget eum, et ad eum veniemus, et mansionem apud eum faciemus;
Yesu buaa no sɛ, “Obiara a ɔdɔ me no bɛdi me nsɛm so. MʼAgya bɛdɔ no na me ne mʼAgya bɛba ne nkyɛn ne no abɛtena.
24 qui non diligit me, sermones meos non servat. Et sermonem, quem audistis, non est meus: sed ejus qui misit me, Patris.
Obiara a ɔnnɔ me no renni me nsɛm so. Nsɛm a moate no nyɛ me ara me nsɛm, na mmom, ɛfiri mʼAgya a ɔsomaa me no nkyɛn.
25 Hæc locutus sum vobis apud vos manens.
“Mewɔ mo nkyɛn yi na mereka yeinom nyinaa akyerɛ mo.
26 Paraclitus autem Spiritus Sanctus, quem mittet Pater in nomine meo, ille vos docebit omnia, et suggeret vobis omnia quæcumque dixero vobis.
Honhom Kronkron no a ɔne ɔboafoɔ a Agya no bɛsoma no me din mu no, bɛkyerɛkyerɛ mo biribiara, na wakaakae mo biribiara a maka akyerɛ mo no.
27 Pacem relinquo vobis, pacem meam do vobis: non quomodo mundus dat, ego do vobis. Non turbetur cor vestrum, neque formidet.
Asomdwoeɛ na mede regya mo; mʼasomdwoeɛ na mede regya mo. Ɛnyɛ ewiase asomdwoeɛ na mede regya mo. Mommma mo akoma nntu; na monnsuro nso.
28 Audistis quia ego dixi vobis: Vado, et venio ad vos. Si diligeretis me, gauderetis utique, quia vado ad Patrem: quia Pater major me est.
“Monkae asɛm a meka kyerɛɛ mo sɛ, ‘Merekɔ, nanso mɛsane aba mo nkyɛn bio’ no. Sɛ modɔ me ampa ara a, anka mo ani bɛgye, ɛfiri sɛ, afei deɛ, mɛtumi akɔ Agya a ɔwɔ tumi sene me no nkyɛn.
29 Et nunc dixi vobis priusquam fiat: ut cum factum fuerit, credatis.
Maka yeinom akyerɛ mo sɛdeɛ ɛba mu a mobɛgye me adi.
30 Jam non multa loquar vobiscum: venit enim princeps mundi hujus, et in me non habet quidquam.
Merentumi nkɔ so nkasa pii nkyerɛ mo bio, ɛfiri sɛ, ɔbonsam no reba, nanso ɔnni me so tumi.
31 Sed ut cognoscat mundus quia diligo Patrem, et sicut mandatum dedit mihi Pater, sic facio. Surgite, eamus hinc.
Na ɛsɛ sɛ nnipa hunu sɛ medɔ Agya no, ɛno enti na asɛm biara a ɔbɛka no, meyɛ no. “Monsɔre ma yɛnkɔ.”

< Iohannem 14 >