< Corinthios I 14 >
1 Sectamini caritatem, æmulamini spiritualia: magis autem ut prophetetis.
Ɔdɔ na ɛsɛ sɛ mohwehwɛ akyi kwan. Momma mo koma mpere nhwehwɛ Honhom akyɛde no, ne titiriw no nkɔmhyɛ.
2 Qui enim loquitur lingua, non hominibus loquitur, sed Deo: nemo enim audit. Spiritu autem loquitur mysteria.
Onipa a ɔka kasa foforo no nkasa nkyerɛ nnipa, na mmom ɔkasa kyerɛ Onyankopɔn, efisɛ obiara nte asɛm a ɔka no ase. Ɔnam Honhom no tumi so ka nokware mu ahintasɛm.
3 Nam qui prophetat, hominibus loquitur ad ædificationem, et exhortationem, et consolationem.
Nanso onipa a ɔhyɛ nkɔm no kasa kyerɛ nnipa, boa wɔn, hyɛ wɔn nkuran, kyekye wɔn werɛ.
4 Qui loquitur lingua, semetipsum ædificat: qui autem prophetat, ecclesiam Dei ædificat.
Onipa a ɔka kasa foforo no boa ɔno ankasa ne ho, nanso onipa a ɔhyɛ nkɔm no boa asafo no nyinaa.
5 Volo autem omnes vos loqui linguis: magis autem prophetare. Nam major est qui prophetat, quam qui loquitur linguis; nisi forte interpretetur ut ecclesia ædificationem accipiat.
Ɛwɔ mu sɛ mepɛ sɛ mo nyinaa ka kasa foforo de, nanso mepɛ sɛ mo nyinaa nya akyɛde a ɛbɛma mo ahyɛ nkɔm. Efisɛ onipa a ɔhyɛ nkɔm no ho hia yiye kyɛn onipa a ɔka kasa foforo no, gye sɛ obi wɔ hɔ a ɔbɛkyerɛ ase, ma aboa asafo no nyinaa.
6 Nunc autem, fratres, si venero ad vos linguis loquens: quid vobis prodero, nisi vobis loquar aut in revelatione, aut in scientia, aut in prophetia, aut in doctrina?
Enti anuanom, sɛ meba mo nkyɛn na meka kasa foforo a, mfaso bɛn na mubenya wɔ me ho? Morennya hwee gye sɛ meda Onyankopɔn ahintasɛm adi anaa meda osuahu bi adi, anaa meka nsɛm ma ɛkanyan mo, anaa mekyerɛkyerɛ mo.
7 Tamen quæ sine anima sunt vocem dantia, sive tibia, sive cithara; nisi distinctionem sonituum dederint, quomodo scietur id quod canitur, aut quod citharizatur?
Saa ara nso na nneɛma a nkwa nni mu, te sɛ abɛn anaa sanku a wɔde bɔ nnwom no, sɛ nnwom no bɔ no mu anna hɔ a, obiara rente ne dɛ.
8 Etenim si incertam vocem det tuba, quis parabit se ad bellum?
Na sɛ nea ɔhyɛn akobɛn no nso anhyɛn no yiye a, hena na obesiesie ne ho akɔ ɔko?
9 Ita et vos per linguam nisi manifestum sermonem dederitis: quomodo scietur id quod dicitur? eritis enim in aëra loquentes.
Saa ara nso na mibisa se, sɛ moka kasa foforo a emu nna hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na obi ate asɛm a moka no ase? Mo nsɛm no bɛyera wɔ mframa mu.
10 Tam multa, ut puta genera linguarum sunt in hoc mundo: et nihil sine voce est.
Ɔkasa ahorow bebree na ɛwɔ wiase, nanso emu biara nni hɔ a ntease nni mu.
11 Si ergo nesciero virtutem vocis, ero ei, cui loquor, barbarus: et qui loquitur, mihi barbarus.
Na sɛ mente kasa a obi ka no ase a, nea ɔreka saa kasa no bɛyɛ ɔhɔho ama me, na me a meretie no nso, mayɛ ɔhɔho ama no.
12 Sic et vos, quoniam æmulatores estis spirituum, ad ædificationem ecclesiæ quærite ut abundetis.
Esiane sɛ mopere sɛ mubenya Honhom no akyɛde no nti, ɛsɛ sɛ mohwehwɛ nea ɛbɛboa asafo no ama agyina yiye.
13 Et ideo qui loquitur lingua, oret ut interpretetur.
Ɛsɛ sɛ obi a ɔka kasa foforo no bɔ mpae na otumi kyerɛ nsɛm a ɔka no ase.
14 Nam si orem lingua, spiritus meus orat, mens autem mea sine fructu est.
Sɛ meka kasa foforo bɔ mpae a, me honhom bɔ saa mpae no, nanso mʼadwene mmoa.
15 Quid ergo est? Orabo spiritu, orabo et mente: psallam spiritu, psallam et mente.
Dɛn na afei ɛsɛ sɛ meyɛ? Mede me honhom bɛbɔ mpae, na mede me ntease bɛbɔ mpae nso; mede me honhom bɛto dwom, nanso mede me ntease nso bɛto bi.
16 Ceterum si benedixeris spiritu, qui supplet locum idiotæ, quomodo dicet: Amen, super tuam benedictionem? quoniam quid dicas, nescit.
Sɛ wonam honhom nko so da Onyankopɔn ase a, ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔka nhyiamu no ho no betumi agye wʼaseda mpae no so se, “Amen” bi? Ɔkwan biara nni hɔ a ɔbɛfa so ate nea woreka no ase.
17 Nam tu quidem bene gratias agis, sed alter non ædificatur.
Sɛ ɛba saa a, na wʼaseda mpae a worebɔ Onyankopɔn no ye sɛ dɛn ara mpo a, ɛremmoa onipa a ɔka wo ho no wɔ ɔkwan biara so.
18 Gratias ago Deo meo, quod omnium vestrum lingua loquor.
Meda Onyankopɔn ase sɛ meka kasa foforo sen mo a mowɔ ha nyinaa.
19 Sed in ecclesia volo quinque verba sensu meo loqui, ut et alios instruam: quam decem millia verborum in lingua.
Nanso asafo mu som no, mɛpɛ sɛ mɛka kasa mmaako mmaako anum pɛ a mobɛte ase na moagyina so atumi akyerɛ afoforo ade, sen sɛ mɛka nsɛm mpempem wɔ kasa foforo mu.
20 Fratres, nolite pueri effici sensibus, sed malitia parvuli estote: sensibus autem perfecti estote.
Monnnwene sɛ mmofra, anuanom; nanso sɛ yɛka bɔne ho asɛm de a, monyɛ mo ho sɛ mmofra. Nanso munnwen sɛ mmadwemma.
21 In lege scriptum est: Quoniam in aliis linguis et labiis aliis loquar populo huic: et nec sic exaudient me, dicit Dominus.
Kyerɛwsɛm no ka se, “Menam nnipa a wɔka kasa foforo so bɛkasa akyerɛ saa nnipa yi. Menam ahɔho anofafa so bɛkasa, nanso wɔrentie me,” Awurade na ose.
22 Itaque linguæ in signum sunt non fidelibus, sed infidelibus: prophetiæ autem non infidelibus, sed fidelibus.
Kasa foforo no yɛ wɔn a wonni gyidi no nsɛnkyerɛnne na Onyame asɛnka no nso yɛ gyidifo nsɛnkyerɛnne.
23 Si ergo conveniat universa ecclesia in unum, et omnes linguis loquantur, intrent autem idiotæ, aut infideles: nonne dicent quod insanitis?
Sɛ asafo no nyinaa hyia na obiara fi ase ka kasa foforo na sɛ ahɔho anaa wɔn a wonni gyidi fra mo mu a, munnye nni sɛ wɔbɛka sɛ moabobɔ adam?
24 Si autem omnes prophetent, intret autem quis infidelis, vel idiota, convincitur ab omnibus, dijudicatur ab omnibus:
Nanso sɛ mo nyinaa na moka Onyankopɔn asɛm na sɛ obi a onni gyidi anaa onipa foforo bi bɛfra mo mu a, nsɛm a ɔbɛte no bɛma wanu ne ho wɔ ne bɔne ho. Nsɛm a ɔte no bebu no atɛn
25 occulta cordis ejus manifesta fiunt: et ita cadens in faciem adorabit Deum, pronuntians quod vere Deus in vobis sit.
na ne kokoamsɛm bɛda adi, na obebu nkotodwe asom Onyankopɔn na waka ne bɔne se, “Nokware ni, Onyankopɔn ka yɛn ho wɔ ha!”
26 Quid ergo est, fratres? Cum convenitis, unusquisque vestrum psalmum habet, doctrinam habet, apocalypsim habet, linguam habet, interpretationem habet: omnia ad ædificationem fiant.
Anuanom, nsɛm a meka yi kyerɛ dɛn? Sɛ muhyia sɛ moresom a, obi to dwom; obi kyerɛkyerɛ; obi da Onyankopɔn ahintasɛm adi; obi ka kasa foforo na ɔfoforo nso akyerɛkyerɛ ase. Ɛsɛ sɛ biribiara boa asafo no nkɔso.
27 Sive lingua quis loquitur, secundum duos, aut ut multum tres, et per partes, et unus interpretatur.
Sɛ obi pɛ sɛ ɔka kasa foforo a, aboro so koraa no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nnipa bɛyɛ baanu anaa baasa. Ɔbaako kasa wie a, na ɔfoforo nso akasa, na obi nso akyerɛkyerɛ nsɛm a waka no ase.
28 Si autem non fuerit interpres, taceat in ecclesia: sibi autem loquatur, et Deo.
Na sɛ obi nni hɔ a ɔbɛkyerɛ kasa foforo yi ase de a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔka saa kasa no yɛ komm wɔ nhyiamu no ase na ɔkasa kyerɛ ne ho ne Onyankopɔn.
29 Prophetæ autem duo, aut tres dicant, et ceteri dijudicent.
Nnipa baanu anaa baasa a Onyankopɔn asɛm no wɔ wɔn nkyɛn no na ɛsɛ sɛ wɔkasa na wɔn a aka no nso atie adwene ho.
30 Quod si alii revelatum fuerit sedenti, prior taceat.
Na sɛ obi a ɔte hɔ no nso nya asɛm fi Onyankopɔn nkyɛn a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔrekasa no gyae kasa.
31 Potestis enim omnes per singulos prophetare: ut omnes discant, et omnes exhortentur:
Ɛsɛ sɛ mo nyinaa ka Onyankopɔn asɛm no mmaako mmaako sɛnea mo nyinaa benya osuahu bi ne nkuranhyɛ.
32 et spiritus prophetarum prophetis subjecti sunt.
Ɛsɛ sɛ nkɔmhyɛni no pene so gyae ma ɔfoforo nso kasa.
33 Non enim est dissensionis Deus, sed pacis: sicut et in omnibus ecclesiis sanctorum doceo.
Efisɛ Onyankopɔn mfrɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ basabasa, na mmom asomdwoepɛfo. Sɛnea ɛte wɔ Onyankopɔn asafo mu no.
34 Mulieres in ecclesiis taceant, non enim permittitur eis loqui, sed subditas esse, sicut et lex dicit.
Ɛsɛ sɛ mmea a wɔwɔ asafo mu no yɛ komm wɔ asafo no nhyiamu ase. Wonni ho kwan sɛ wɔkasa, sɛnea Mose mmara no kyerɛ no.
35 Si quid autem volunt discere, domi viros suos interrogent. Turpe est enim mulieri loqui in ecclesia.
Sɛ wɔrehwehwɛ biribi mu ahu a, wommisa wɔn kununom wɔ fie. Ɔbea kasa wɔ asafo nhyiamu ase a, ɛyɛ animguase.
36 An a vobis verbum Dei processit? aut in vos solos pervenit?
Anaa mofa no sɛ Onyankopɔn asɛm no fi mo nkyɛn? Anaa mo nko ara mo nkyɛn na efi?
37 Si quis videtur propheta esse, aut spiritualis, cognoscat quæ scribo vobis, quia Domini sunt mandata.
Sɛ obi susuw sɛ ɔyɛ odiyifo anaa ɔwɔ honhom akyɛde a, ɛsɛ sɛ ɔte ne ho ase sɛ, “Nsɛm a merekyerɛw yi, Awurade na ɔhyɛɛ me sɛ menkyerɛw.”
38 Si quis autem ignorat, ignorabitur.
Enti sɛ ontie eyi a, ɛno de munntie ɔno nso.
39 Itaque fratres æmulamini prophetare: et loqui linguis nolite prohibere.
Enti anuanom, mompere sɛ mobɛhyɛ nkɔm, nanso monnnyae sɛ mobɛka kasa foforo.
40 Omnia autem honeste, et secundum ordinem fiant.
Ɛsɛ sɛ moyɛ biribiara wɔ ne kwan so.