< یەکەم سالۆنیکی 3 >

بۆیە، کاتێک بەرگەی دووری ئێوەمان نەگرت، بە باشمان زانی بە تەنها لە ئەسینا بمێنینەوە. 1
Akyire no a yɛhunuu sɛ yɛyɛ ho hwee a ɛnyɛ yie no, yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛtena Atene.
تیمۆساوسمان نارد کە برا و هاوکارمانە بۆ خودا لە مزگێنیی مەسیحدا، بۆ ئەوەی باوەڕتان بەهێز بکات و هانتان بدات، 2
Enti, yɛsomaa yɛn nua Timoteo a yɛne no yɛ Onyankopɔn adwuma no sɛ ɔnkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ho mfa mmoa, nhyɛ mo gyidie den,
تاکو لەم ناخۆشیانەدا کەس نەهەژێت. خۆتان دەزانن کە بۆ ئەمە دیاری کراوین. 3
sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔtaa no enti, mo mu biara mmɔ hu. Mo ara monim sɛ saa ɔtaa no yɛ Onyankopɔn pɛ a wahyehyɛ ama yɛn.
لە ڕاستیدا، کاتێک لەلاتان بووین، بەردەوام پێمان گوتوون کە تووشی چەوسانەوە دەبین، وەک دەزانن ڕوویدا. 4
Ɛberɛ a na yɛne mo wɔ hɔ no, yɛdii ɛkan ka kyerɛɛ mo sɛ, wɔbɛtaa yɛn, na sɛdeɛ monim no, saa pɛpɛɛpɛ na aba yi.
لەبەر ئەوە منیش کاتێک بەرگەم نەگرت، تیمۆساوسم نارد بۆ ئەوەی دۆخی باوەڕتان بزانم، نەوەک تاقیکەرەوە تاقی کردبنەوە و ڕەنجمان بەفیڕۆ بچێت. 5
Yei enti, ɛsiane sɛ na asɛm no hyɛ me so enti, mesomaa Timoteo sɛ ɔmmɛhwehwɛ mo gyidie mu. Mewɔ anidasoɔ sɛ ɔbonsam ansɔ mo anhwɛ amma dwuma yɛadi no nyinaa anyɛ kwa.
بەڵام ئێستا تیمۆساوس لەلای ئێوەوە هاتەوە بۆ لامان، مژدەی باوەڕ و خۆشەویستی ئێوەی پێداین، هەروەها چۆن هەردەم بە چاکە یادمان دەکەن و پەرۆشی بینینمانن، هەروەک چۆن ئێمەش بە پەرۆشین بۆ بینینی ئێوە. 6
Afei, Timoteo afiri mo nkyɛn aba yɛn nkyɛn abɛka anigyesɛm a ɛfa mo gyidie ne mo dɔ ho asɛm akyerɛ yɛn. Waka akyerɛ yɛn sɛ daa modwene yɛn ho adwene pa na mopɛ sɛ mohunu yɛn sɛdeɛ yɛn nso yɛpɛ sɛ yɛhunu mo no ara pɛ.
لەبەر ئەوە خوشکان و برایان، لە کاتی تەنگانە و چەوسانەوەماندا، باوەڕتان هاندەرێکی گەورە بوو بۆمان، 7
Enti, yɛn haw ne yɛn amanehunu no mu no, moahyɛ yɛn nkuran,
چونکە ئێوە بەهۆی یەکبوونتان لەگەڵ مەسیحی باڵادەستدا چەسپاون، ئێستا ئێمەش بەڕاستی دەژین. 8
ɛfiri sɛ, sɛ mogyina pintinn wɔ Awurade mu a, na ɛma yɛn nso yɛtumi gyina biribiara ano wɔ yɛn asetena mu.
نازانین بە چ شێوەیەک سوپاسی خودا بکەین لەبەر ئەو هەموو دڵخۆشییەی لەبەردەم خودامان بە ئێوە هەمانە. 9
Ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase ma mo. Mo enti, yɛda Onyankopɔn ase sɛ moama yɛn ho asɛpɛ yɛn wɔ nʼanim.
شەو و ڕۆژ گەرمتر دەپاڕێینەوە، تاکو بتانبینین و کەموکوڕیی باوەڕتان دابین بکەین. 10
Daa awia ne anadwo, yɛfiri yɛn akoma nyinaa mu srɛ no sɛ, ɔmma yɛne mo nhyia na yɛmma mo deɛ ɛhia mo wɔ mo gyidie mu.
با‏ خودای باوکمان‏ و عیسای پەروەردگارمان ڕێگای هاتنمان بۆ لاتان ئاسان بکات، 11
Ɔno ara yɛn Onyankopɔn ne Agya no ankasa ne yɛn Awurade Yesu Kristo nsiesie kwan na yɛmmra mo nkyɛn.
هەروەها داواکارین عیسای خاوەن شکۆ خۆشەویستیتان بۆ یەکتری و هەموو خەڵکی دیکە زیاد و سەرڕێژ بکات، بە ئەندازەی خۆشەویستی ئێمە بۆتان. 12
Awurade mma mo dɔ mu nyɛ den mmoro so wɔ mo ho mo ho ne afoforɔ mu, sɛdeɛ yɛn nso yɛdɔ mo no.
با عیسای خاوەن شکۆمان دڵتان بەهێز بکات تاوەکو لە کاتی گەڕانەوەی لەگەڵ هەموو گەلە پیرۆزەکەی، لەبەردەم خودای باوکمان بێ گلەیی لە پیرۆزیدا بن. 13
Mebɔ mpaeɛ sɛ Awurade ne ne nkurɔfoɔ nyinaa ba a, ɔbɛma mo akoma mu ayɛ kronkron a nkekaawa biara nni mu wɔ Agya Onyankopɔn anim.

< یەکەم سالۆنیکی 3 >