< 스가랴 10 >
1 봄비 때에 여호와 곧 번개를 내는 여호와께 비를 구하라 무리에게 소낙비를 내려서 밭의 채소를 각 사람에게 주리라
Mommisa Awurade hɔ nsuo osutɔberɛ mu; ɛyɛ Awurade na ɔyɛ osutɔ mframa. Ɔma osuo tɔ ma nnipa nyinaa, ne mfudeɛ nso ma obiara.
2 대저 드라빔들은 허탄한 것을 말하며 복술자는 진실치 않은 것을 보고 거짓꿈을 말한즉 그 위로함이 헛되므로 백성이 양 같이 유리하며 목자가 없으므로 곤고를 당하나니
Ahoni no ka nnaadaasɛm, nkɔmhyɛfoɔ nya anisoadehunu a ɛyɛ atorɔ; wɔde nkontomposɛm kyerɛ daeɛ ase, wɔma awerɛkyekyerɛ kwa. Enti nnipa no nenam te sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ na wɔhyɛ wɔn so.
3 내가 목자들에게 노를 발하며 내가 수염소들을 벌하리라 만군의 여호와가 그 무리 곧 유다 족속을 권고하여 그들로 전쟁의 준마와 같게 하리니
“Mebo afu nnwanhwɛfoɔ no yie, na mɛtwe ntuanofoɔ no aso. Na Asafo Awurade bɛhwɛ ne nnwankuo a wɔyɛ Yuda fie no, na wayɛ wɔn sɛ animuonyam pɔnkɔ wɔ ɔsa mu.
4 모퉁이 돌이 그에게로서, 말뚝이 그에게로서, 싸우는 활이 그에게로서, 권세 잡은 자가 다 일제히 그에게로서 나와서
Tweatiboɔ bɛfiri Yuda mu, na ntomadan pɛɛwa bɛfiri hɔ, ɔsa mu tadua bɛfiri Yuda mu, na sodifoɔ nyinaa nso saa ara.
5 싸울 때에 용사 같이 거리의 진흙 중에 대적을 밟을 것이라 여호와가 그들과 함께한즉 그들이 싸워 말탄 자들로 부끄러워하게 하리라
Wɔbɛbɔ mu ayɛ sɛ nnɔmmarima a wɔtiatia mmorɔno so atakyɛ mu wɔ ɔko mu. Esiane sɛ Awurade ka wɔn ho no enti, wɔbɛko na wɔadi apɔnkɔsotefoɔ no so.
6 내가 유다 족속을 견고하게 하며 요셉 족속을 구원할지라 내가 그들을 긍휼히 여김으로 그들로 돌아오게 하리니 그들이 내게 내어 버리움이 없었음 같이 되리라 나는 그들의 하나님 여호와라 내가 그들을 들으리라
“Mɛhyɛ Yuda fie den na magye Yosef fie no nkwa. Mede wɔn bɛsi wɔn dada mu ɛfiri sɛ me yam hyehye me wɔ wɔn ho. Wɔbɛyɛ te sɛ deɛ mempoo wɔn mpo, na me ne Awurade wɔn Onyankopɔn na mɛgye wɔn so.
7 에브라임이 용사 같아서 포도주를 마심 같이 마음이 즐거울 것이요 그 자손은 보고 기뻐하며 여호와를 인하여 마음에 즐거워하리라
Efraimfoɔ bɛyɛ sɛ nnɔmmarima, wɔn ani bɛgye te sɛ deɛ wɔanom nsã. Wɔn mma bɛhunu na wɔn ani bɛgye; wɔbɛdi ahurisi wɔ wɔn akoma mu wɔ Awurade mu.
8 내가 그들을 향하여 휘파람 불어 모을 것은 내가 그들을 구속하였음이라 그들이 전에 번성하던 것 같이 번성하리라
Meto nsa afrɛ wɔn aboaboa wɔn ano. Ampa ara megye wɔn bio; wɔbɛdɔɔso sɛ kane no.
9 내가 그들을 열방에 뿌리려니와 그들이 원방에서 나를 기억하고 그들의 자녀와 함께 다 생존하여 돌아올지라
Ɛwom sɛ mɛhwete wɔn mu akɔ aman so, nanso wɔbɛkae me wɔ akyirikyiri nsase so. Wɔne wɔn mma bɛtena nkwa mu, na wɔbɛsane aba.
10 내가 그들을 애굽 땅에서 이끌어 돌아오며 그들을 앗수르에서부터 모으며 길르앗 땅과 레바논으로 그들을 이끌어 가리니 그 거할 곳이 부족하리라
Mede wɔn bɛfiri Misraim aba mɛboa wɔn ano afiri Asiria. Mede wɔn bɛba Gilead ne Lebanon, na wɔrensene hɔ.
11 내가 그들로 고해를 지나게 하며 바다 물결을 치리니 나일의 깊은 곳이 다 마르겠고 앗수르의 교만이 낮아지겠고 애굽의 홀이 없어지리라
Wɔbɛfa ɛpo mu ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu, nanso wɔbɛma ɛpo asorɔkye no atae dinn. Nil mu nsuo nyinaa bɛwe Asiria ahomasoɔ nso wɔbɛbrɛ no ase na Misraim ahempoma bɛtwam.
12 내가 그들로 나 여호와를 의지하여 견고케 하리니 그들이 내 이름을 받들어 왕래하리라 나 여호와의 말이니라
Mɛhyɛ wɔn den wɔ Awurade mu na ne din mu na wɔbɛnante,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie.