< 시편 21 >
1 다윗의 시, 영장으로 한 노래 여호와여 왕이 주의 힘을 인하여 기뻐하며 주의 구원을 인하여 크게 즐거워하리이다
Dawid dwom. Ao Awurade, ɔhene no anigye wɔ wʼahoɔden mu. Nʼani gye mmorosoɔ wɔ nkonimdie a wo ma no nti!
2 그 마음의 소원을 주셨으며 그 입술의 구함을 거절치 아니하셨나이다(셀라)
Woama no deɛ nʼakoma pɛ; woamfa nʼabisadeɛ ankame no.
3 주의 아름다운 복으로 저를 영접하시고 정금 면류관을 그 머리에 씌우셨나이다
Wode nhyira a ɛdi mu hyiaa no na wode sikakɔkɔɔ amapa ahenkyɛ hyɛɛ no.
4 저가 생명을 구하매 주께서 주셨으니 곧 영영한 장수로소이다
Ɔbisaa wo hɔ nkwa, na wode maa no, nna tentene a ɛnni awieeɛ.
5 주의 구원으로 그 영광을 크게 하시고 존귀와 위엄으로 저에게 입히시나이다
Nkonimdie a woma no enti, nʼanimuonyam so; wode kɛseyɛ ne anidie adom no.
6 저로 영영토록 지극한 복을 받게 하시며 주의 앞에서 기쁘고 즐겁게 하시나이다
Ampa ara, woama no nhyira a ɛnsa da na wo nsrahwɛ ama me ho ahosɛpɛ me.
7 왕이 여호와를 의지하오니 지극히 높으신 자의 인자함으로 요동치 아니하리이다
Ɔhene no de ne ho to Awurade so; Ɔsorosoroni no nokorɛ dɔ no enti, Ɔhene renhinhim.
8 네 손이 네 모든 원수를 발견함이여 네 오른손이 너를 미워하는 자를 발견하리로다
Wo nsa bɛka wʼatamfoɔ nyinaa; wo nsa nifa bɛsɔ wɔn a wɔkyiri woɔ mu.
9 네가 노할 때에 저희로 풀무 같게 할 것이라 어호와께서 진노로 저희를 삼키시리니 불이 저희를 소멸하리로다
Ɛberɛ a wobɛyi wo ho adi no wobɛyɛ wɔn sɛ fononoo a emu adɔ. Awurade firi nʼabufuhyeɛ mu bɛmene wɔn, na ne ogya no ahye wɔn.
10 네가 저희 후손을 땅에서 멸함이여 저희 자손을 인생 중에서 끊으리로다
Wobɛtɔre wɔn ase wɔ asase so, na wɔn asefoɔ afiri adasamma mu.
11 대저 저희는 너를 해하려 하여 계교를 품었으나 이루지 못하도다
Ɛwom sɛ wɔbɔ pɔ tia wo na wɔyɛ nhyehyɛeɛ bɔne, nanso wɔrenni nkonim;
12 네가 저희로 돌아서게 함이여 그 얼굴을 향하여 활시위를 당기리로다
ɛfiri sɛ wobɛma wɔasane wɔn akyi ɛberɛ a woatwe bɛmma akyerɛ wɔn so.
13 여호와여 주의 능력으로 높임을 받으소서 우리가 주의 권능을 노래하고 칭송하겠나이다
Yɛma wo so, Ao Awurade, wɔ wʼahoɔden mu; yɛbɛto nnwom na yɛakamfo wo kɛseyɛ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Adekyeeɛ foroteɛ” dwom.