< 민수기 12 >

1 모세가 구스 여자를 취하였더니 그 구스 여자를 취하였으므로 미리암과 아론이 모세를 비방하니라
Ɛda koro bi Miriam ne Aaron kasa tiaa Mose sɛ ne yere yɛ Etiopiani.
2 그들이 이르되 여호와께서 모세와만 말씀하셨느냐 우리와도 말씀하지 아니하셨느냐 하매 여호와께서 이 말을 들으셨더라
Afei, wɔkaa sɛ, “Mose nko ara na Awurade akasa afa ne so? Na yɛn nso ɔnnkasa mfa yɛn so bi anaa?” Na Awurade tee wɔn anwiinwii no.
3 이 사람 모세는 온유함이 지면의 모든 사람보다 승하더라
Na Mose yɛ ɔhobrɛaseni sene obiara a ɔte asase yi so.
4 여호와께서 갑자기 모세와 아론과 미리암에게 이르시되 너희 삼인은 회막으로 나아오라 하시니 그 삼인이 나아가매
Ntɛm so, ɔfrɛɛ Mose, Aaron ne Miriam kɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. Ɔhyɛɛ wɔn sɛ, “Mo baasa no mommra ha.” Enti wɔbɛgyinagyinaa Awurade anim.
5 여호와께서 구름 기둥 가운데로서 강림하사 장막 문에 서시고 아론과 미리암을 부르시는지라 그 두 사람이 나아가매
Afei, Awurade nam omununkum no mu siane ba bɛgyinaa Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano, na ɔfrɛɛ Aaron ne Miriam. Ɛberɛ a wɔtwe kɔɔ wɔn anim no,
6 이르시되 내 말을 들으라 너희 중에 선지자가 있으면 나 여호와가 이상으로 나를 그에게 알리기도 하고 꿈으로 그와 말하기도 하거니와
Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Montie me, “Sɛ Awurade odiyifoɔ wɔ mo mu a, menam anisoadehunu so da me ho adi kyerɛ no, me kasa kyerɛ no daeɛ mu.
7 내 종 모세와는 그렇지 아니하니 그는 나의 온 집에 충성됨이라
Nanso ɛnte saa wɔ me ɔsomfoɔ Mose ho. Me fie nyinaa mu, ɔyɛ ɔnokwafoɔ.
8 그와는 내가 대면하여 명백히 말하고 은밀한 말로 아니하며 그는 또 여호와의 형상을 보겠거늘 너희가 어찌하여 내 종 모세 비방하기를 두려워 아니하느냐
Me ne no kasa animu ne animu, kasa a emu da hɔ na ɛnyɛ abɛbuo. Na ɔhunu Awurade sɛdeɛ ɔteɛ. Adɛn enti na moansuro sɛ mobɛkasa atia me ɔsomfoɔ Mose?”
9 여호와께서 그들을 향하여 진노하시고 떠나시매
Afei, Awurade bo fuu wɔn denden pa ara ɛnna ɔfirii hɔ kɔeɛ.
10 구름이 장막 위에서 떠나갔고 미리암은 문둥병이 들려 눈과 같더라 아론이 미리암을 본즉 문둥병이 들었는지라
Ɛberɛ a omununkum no refiri Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi no, amonom hɔ ara, kwata bɛduruu Miriam ho fitaa. Aaron hunuu asɛm a asi no,
11 아론이 이에 모세에게 이르되 슬프다 내 주여 우리가 우매한 일을 하여 죄를 얻었으나 청컨대 그 허물을 우리에게 돌리지 마소서
ɔteaam sɛ, “Ao, Owura, nnyina saa bɔne yi so nntwe yɛn aso; yɛyɛ nkwaseafoɔ sɛ yɛyɛɛ adeɛ a ɛte saa.
12 그로 살이 반이나 썩고 죽어서 모태에서 나온 자 같이 되게 마옵소서
Mma no nyɛ sɛ owufoɔ a ne fa aporɔ firi nʼawoɔ mu.”
13 모세가 여호와께 부르짖어 가로되 하나님이여 원컨대 그를 고쳐 주옵소서
Na Mose teaam frɛɛ Awurade sɛ, “Ao, Onyankopɔn, mesrɛ wo sɛ sa no yadeɛ!”
14 여호와께서 모세에게 이르시되 그의 아비가 그의 얼굴에 침을 뱉았을지라도 그가 칠 일간 부끄러워 하지 않겠느냐 그런즉 그를 진 밖에 칠 일을 가두고 그 후에 들어오게 할지니라 하시니
Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sɛ nʼagya tee ntasuo guu nʼanim a, anka ne ho bɛgu fi nnanson. Monyi no mfiri atenaeɛ ha nkɔhyɛ baabi nnanson na akyire no, ɔbɛtumi aba bio.”
15 이에 미리암이 진 밖에 칠 일 동안 갇혔고 백성은 그를 다시 들어 오게 하기까지 진행치 아니하다가
Enti wɔtwaa Miriam asuo firii atenaeɛ hɔ ma ɔkɔdii nnanson. Nnipa no twɛn kɔsii sɛ wɔsane de no baeɛ ansa na wɔretu kwan no bio.
16 그 후에 백성이 하세롯에서 진행하여 바란 광야에 진을 치니라
Ɛno akyi, wɔfirii Haserot bɛbɔɔ atenaeɛ wɔ Paran ɛserɛ so.

< 민수기 12 >