< 마태복음 9 >

1 예수께서 배에 오르사 건너가 본 동네에 이르시니
Eyi akyi no, Yesu kɔtenaa ɔkorow bi mu kɔɔ Kapernaum, kurow a ɔte mu no mu.
2 침상에 누운 중풍병자를 사람들이 데리고 오거늘 예수께서 저희의 믿음을 보시고 중풍병자에게 이르시되 소자야 안심하라 네 죄사함을 받았느니라
Oduu hɔ no, ankyɛ biara na nnipa bi de obubuafo bi brɛɛ no sɛ ɔnsa no yare. Na Yesu huu gyidi a wɔwɔ wɔ ne mu no, ɔka kyerɛɛ obubuafo no se, “Ɔba, ma wʼani nnye, wɔde wo bɔne nyinaa akyɛ wo.”
3 어떤 서기관들이 속으로 이르되 이 사람이 참람하도다
Ɛhɔ ara na Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo a na wɔwɔ hɔ no bi teɛɛ mu se, “Ɔbarima yi ka abususɛm. Ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn!”
4 예수께서 그 생각을 아시고 가라사대 너희가 어찌하여 마음에 악한 생각을 하느냐
Yesu huu nea ɛwɔ wɔn adwene mu no, obisaa wɔn se, “Adɛn nti na modwene bɔne wɔ mo koma mu saa?
5 네 죄 사함을 받았느니라 하는 말과 일어나 걸어가라 하는 말이 어느 것이 쉽겠느냐
Me Onipa Ba no, mewɔ tumi wɔ asase yi so sɛ mede bɔne kyɛ. Nea ɛwɔ he na ɛyɛ den, sɛ obi bɛka se, ‘Mede wo bɔne akyɛ wo’ anaasɛ ɔbɛka se, ‘Sɔre na nantew?’”
6 그러나 인자가 세상에서 죄를 사하는 권세가 있는 줄을 너희로 알게 하려 하노라 하시고 중풍병자에게 말씀하시되 일어나 네 침상을 가지고 집으로 가라 하시니
Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na mubehu sɛ Onipa Ba no wɔ tumi sɛ ɔde bɔne kyɛ nti. Ɔka kyerɛɛ obubuafo no se, “Sɔre na bobɔw wo kɛtɛ, na kɔ fie efisɛ masa wo yare.”
7 그가 일어나 집으로 돌아가거늘
Amono mu hɔ ara, obubuafo no sɔre bobɔw ne kɛtɛ, sii mu kɔɔ ne fi!
8 무리가 보고 두려워하며 이런 권세를 사람에게 주신 하나님께 영광을 돌리니라
Nnipadɔm no huu anwonwade yi no, wɔn ho dwiriw wɔn yiye. Wɔkamfoo Onyankopɔn sɛ ɔde tumi a ɛte saa ama onipa.
9 예수께서 거기서 떠나 지나가시다가 마태라 하는 사람이 세관에 앉은 것을 보시고 이르시되 나를 좇으라 하시니 일어나 좇으니라
Yesu fi nea ɔsaa obubuafo no yare hɔ rekɔ no, ohuu ɔbarima towgyeni bi a ɔte atowgyei. Wɔfrɛ saa ɔbarima no Mateo. Yesu huu no no, ɔka kyerɛɛ no se, “Bedi mʼakyi.” Ɛhɔ ara, Mateo sɔre dii Yesu akyi.
10 예수께서 마태의 집에서 앉아 음식을 잡수실 때에 많은 세리와 죄인들이 와서 예수와 그 제자들과 함께 앉았더니
Ɛbae sɛ Yesu ne nʼasuafo no kɔɔ Mateo fi kodidii. Wɔredidi no, towgyefo ne nnebɔneyɛfo bebree baa hɔ ne no ne nʼasuafo no too nsa didii.
11 바리새인들이 보고 그 제자들에게 이르되 어찌하여 너희 선생은 세리와 죄인들과 함께 잡수시느냐
Farisifo no huu sɛ ɔne nnebɔneyɛfo ato nsa redidi no, anyɛ wɔn dɛ. Wobisaa nʼasuafo no se, “Adɛn nti na mo kyerɛkyerɛfo no de ne ho abɔ nnebɔneyɛfo a wɔte sɛɛ yi?”
12 예수께서 들으시고 이르시되 건강한 자에게는 의원이 쓸 데 없고 병든 자에게라야 쓸 데 있느니라
Yesu tee no, obuaa wɔn se, “Nnipa a wɔnyare no, ɔyaresafo ho nhia wɔn, na nnipa a wɔyare no na ɔyaresafo ho hia wɔn.”
13 너희는 가서 내가 긍휼을 원하고 제사를 원치 아니하노라 하신 뜻이 무엇인지 배우라 내가 의인을 부르러 온 것이 아니요 죄인을 부르러 왔노라 하시니라
Ɔsan kaa bio se, “Monkɔhwehwɛ eyi ase wɔ Kyerɛw Kronkron no mu. Wɔakyerɛw se, ‘Ɛnyɛ mo afɔre ne ayɛyɛde na mepɛ, na mmom ahummɔbɔ.’ Mammɛfrɛ atreneefo, na mmom, mebɛfrɛɛ nnebɔneyɛfo sɛ wɔnsakra mmra Onyankopɔn nkyɛn.”
14 그 때에 요한의 제자들이 예수께 나아와 가로되 우리와 바래새인들은 금식하는데 어찌하여 당신의 제자들은 금식하지 아니하나이까
Da bi Osuboni Yohane asuafo baa Yesu nkyɛn bebisaa no se, “Adɛn nti na wʼasuafo no nni mmuada, sɛnea yɛne Farisifo di mmuada no?”
15 예수께서 저희에게 이르시되 혼인집 손님들이 신랑과 함께 있을 동안에 슬퍼할 수 있느뇨 그러나 신랑을 빼앗길 날이 이르리니 그 때에는 금식할 것이니라
Yesu buaa wɔn se, “Mugye di sɛ, sɛ ayeforokunu ne ne nnamfonom te hɔ a, ɛsɛ sɛ ne nnamfonom no werɛ how, na wobua da ana? Bere bi bɛba a wɔbɛfa me afi wɔn nkyɛn. Saa bere no na wobedi mmuada.
16 생베 조각을 낡은 옷에 붙이는 자가 없나니 이는 기운 것이 그 옷을 당기어 해어짐이 더하게 됨이요
“Hena na ɔde ntama foforo bɛtare ntama dedaw mu? Saa ntaremu no besunsuan dedaw no mu ama tokuru kɛse abɛda hɔ.
17 새 포도주를 낡은 가죽 부대에 넣지 아니하나니 그렇게 하면 부대가 터져 포도주도 쏟아지고 부대도 버리게 됨이라 새 포도주는 새 부대에 넣어야 둘이 다 보전되느니라
Hena na ɔde nsa foforo begu aboa nhoma nsa nkotoku dedaw mu? Sɛ ɔyɛ saa a, nsa no bɛpae nkotoku no ama nsa no ahwie agu, na nkotoku no nso asɛe. Nsa nkotoku foforomu nko ara na ɛsɛ sɛ wɔde nsa foforo gugu na amma nkotoku no ne nsa no mu biara ansɛe.”
18 예수께서 이 말씀을 하실 때에 한 직원이 와서 절하고 가로되 내 딸이 방장 죽었사오나 오셔서 그 몸에 손을 얹으소서 그러면 살겠나이다 하니
Yesu gu so rekasa no, Yudafo panyin bi ba bɛkotow, sɔree no. Ɔde nʼadesrɛ too Yesu anim se, “Me babea awu mprempren ara. Minim sɛ, sɛ woba de wo nsa bɛka no pɛ a, obenyan.”
19 예수께서 일어나 따라 가시매 제자들도 가더니
Yesu ne nʼasuafo no ne ɔpanyin no sii mu sɛ wɔrekɔ ɔpanyin no fi.
20 열두 해를 혈루증으로 앓는 여자가 예수의 뒤로 와서 그 겉옷 가를 만지니
Wɔrekɔ no, ɔbea bi a mogya atu no mfirihyia dumien faa nʼakyi, soo nʼatade ano.
21 이는 제 마음에 그 겉옷만 만져도 구원을 받겠다 함이라
Ɔkaa wɔ ne tirim se, “Sɛ mede me nsa ka no nko ara a, me ho bɛyɛ me den.”
22 예수께서 돌이켜 그를 보시며 가라사대 딸아 안심하라 네 믿음이 너를 구원하였다 하시니 여자가 그 시로 구원을 받으니라
Yesu dan nʼani ka kyerɛɛ no se, “Ɔbabea, ma wo bo ntɔ wo yam. Wo gyidi agye wo. Wo ho atɔ wo.” Efi saa bere no mu no, ne ho tɔɔ no.
23 예수께서 그 직원의 집에 가사 피리 부는 자들과 훤화하는 무리를 보시고
Yesu duu ɔpanyin no fi hɔ a ohuu sɛ nkurɔfo no bi resu na ebinom reto ayiase nnwom no,
24 가라사대 물러가라 이 소녀가 죽은 것이 아니라 잔다 하시니 저들이 비웃더라
ɔkae se, “Obiara mfi adi. Ababaa no nwui. Wada!” Yesu asɛm a ɔkae yi maa nnipa no serew no.
25 무리를 내어 보낸 후에 예수께서 들어가사 소녀의 손을 잡으시매 일어나는지라
Nnipa no nyinaa fii adi no, Yesu kɔɔ faako a ababaa no da hɔ no. Osoo ne nsa. Prɛko pɛ, ababaa no nyanee.
26 그 소문이 그 온 땅에 퍼지더라
Saa anwonwade a Yesu yɛe yi trɛw wɔ mpɔtam hɔ nyinaa.
27 예수께서 거기서 떠나 가실새 두 소경이 따라오며 소리질러 가로되 다윗의 자손이여 우리를 불쌍히 여기소서 하더니
Yesu fi nea onyan ababaa no hɔ rekɔ no, anifuraefo baanu bi dii nʼakyi teɛteɛɛ mu se, “Dawid ba, hu yɛn mmɔbɔ!”
28 예수께서 집에 들어가시매 소경들이 나아오거늘 예수께서 이르시되 내가 능히 이 일 할 줄을 믿느냐 대답하되 주여 그러하오이다 하니
Yesu duu fie no, anifuraefo no baa ne nkyɛn. Yesu bisaa wɔn se, “Mugye di sɛ metumi ama moahu ade?” Wobuaa no se, “Yiw, Awurade, yegye di!”
29 이에 예수께서 저희 눈을 만지시며 가라사대 너희 믿음대로 되라 하신대
Yesu de ne nsa kaa wɔn ani kae se, “Mo gyidi nyɛ nea mohwehwɛ mma mo!”
30 그 눈들이 밝아진지라 예수께서 엄히 경계하시되 삼가 아무에게도 알게 하지 말라 하셨으나
Amono mu hɔ ara na wɔn ani buebuei. Yesu bɔɔ wɔn ano se, “Monnka saa ayaresa yi ho asɛm nkyerɛ obiara.”
31 저희가 나가서 예수의 소문을 그 온 땅에 전파하니라
Nanso nnipa no fii hɔ pɛ na wɔbɔɔ asɛm no dawuru.
32 저희가 나갈 때에 귀신 들려 벙어리 된 자를 예수께 데려오니
Yesu ne nʼasuafo refi adi no, wɔde mum bi a honhommɔne wɔ ne so brɛɛ no.
33 귀신이 쫓겨나고 벙어리가 말하거늘 무리가 기이히 여겨 가로되 이스라엘 가운데서 이런 일을 본 때가 없다 하되
Yesu tuu honhommɔne no na prɛko pɛ, mum no kasae. Saa honhommɔnetu yi yɛɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa nwonwa ma wɔkae se, “Yenhuu saa anwonwade yi bi da wɔ Israelman mu ha!”
34 바리새인들은 가로되 저가 귀신의 왕을 빙자하여 귀신을 쫓아낸다 하더라
Farisifo no de, wɔkae se, “Ɔbonsam de honhommɔne ahyɛ no ma nti na otumi tu ahonhommɔne no.”
35 예수께서 모든 성과 촌에 두루 다니사 저희 회당에서 가르치시며 천국 복음을 전파하시며 모든 병과 모든 약한 것을 고치시니라
Yesu kyinkyinii nkurow so ne nkuraa ase kaa Onyankopɔn Ahenni no ho asɛmpa wɔ wɔn hyiadan mu. Baabiara a ɔkɔe no, ɔkaa asɛmpa no saa nyarewa ahorow bebree.
36 무리를 보시고 민망히 여기시니 이는 저희가 목자 없는 양과 같이 고생하며 유리함이라
Bere a Yesu huu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn efisɛ ohuu sɛ ɔhaw ahorow gu wɔn so a, wonhu nea wɔnyɛ ne nea wɔmfa a wobenya mmoa nso. Wɔte sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo.
37 이에 제자들에게 이르시되 추수할 것은 많되 일꾼은 적으니
Ɛha na Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Otwa adwuma no dɔɔso, nanso adwumayɛfo no sua.
38 그러므로 추수하는 주인에게 청하여 추수할 일꾼들을 보내어 주소서 하라 하시니라
Enti monsrɛ adwumawura no na ɔmma adwumayɛfo bebree mmra ne twa adwuma no mu.”

< 마태복음 9 >