< 사사기 16 >
1 삼손이 가사에 가서 거기서 한 기생을 보고 그에게로 들어갔더니
Ɛda bi, Samson kɔɔ Filistifoɔ kuropɔn Gasa mu, na ɔne ɔbaa dwamanfoɔ bi kɔdaa anadwo no.
2 혹이 가사 사람에게 고하여 가로되 삼손이 여기 왔다 하매 곧 그를 에워싸고 밤새도록 성문에 매복하고 밤새도록 종용히 하며 이르기를 새벽이 되거든 그를 죽이리라 하였더라
Ankyɛre na kuro mma no tee sɛ Samson wɔ hɔ, enti Gasa mmarima boaboaa wɔn ho ano na wɔtwɛnee kuro no ɛpono ano anadwo mu no nyinaa. Wɔyɛɛ komm anadwo no kaa sɛ, “Adeɛ kye a yɛbɛkum no.”
3 삼손이 밤중까지 누웠다가 그 밤중에 일어나 성문짝들과 두 설주와 빗장을 빼어 그것을 모두 어깨에 메고 헤브론 앞산 꼭대기로 가니라
Na Samson daa hɔ ara kɔsii dasuo mu. Ɔsɔre sɔɔ kuro no apono no ne nʼaponnwa mmienu mu hodwoo no, na ɔtutuu dadeɛ abaa a ɛda akyire ne deɛ ɛkeka ho nyinaa. Ɔde ne nyinaa guu ne mmatire so, soa de kɔɔ bepɔ bi a ɛne Hebron di nhwɛanimu no atifi.
4 이 후에 삼손이 소렉 골짜기의 들릴라라 이름하는 여인을 사랑하매
Akyire no, Samson nyaa ɔbaa bi wɔ Sorek bɔnhwa no mu a na wɔfrɛ no Delila.
5 블레셋 사람의 방백들이 그 여인에게로 올라와서 그에게 이르되 삼손을 꾀어서 무엇으로 말미암아 그 큰 힘이 있는지 우리가 어떻게 하면 그를 이기어서 결박하여 곤고케 할 수 있을는지 알아보라 그리하면 우리가 각각 은 일천일백을 네게 주리라
Filistifoɔ ntuanofoɔ kɔɔ ɔbaa no nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ sɛ wobɛtumi adaadaa Samson ma wakyerɛ wo deɛ ɛma ɔnya ahoɔden saa ne sɛdeɛ yɛbɛtumi adi ne so, akyekyere no pampee. Na yɛn mu biara bɛma wo nnwetɛbena kilogram dumienu ne fa.”
6 들릴라가 삼손에게 말하되 청컨대 당신의 큰 힘이 무엇으로 말미암아 있으며 어떻게 하면 능히 당신을 결박하여 곤고케 할 수 있을는지 내게 말하라
Enti, Delila ka kyerɛɛ Samson sɛ, “Mesrɛ wo kyerɛ me deɛ ɛma wo ahoɔden saa ne deɛ ɛbɛyɛ a yɛbɛtumi akyekyere wo pampee.”
7 삼손이 그에게 이르되 만일 마르지 아니한 푸른 칡 일곱으로 나를 결박하면 내가 약하여져서 다른 사람과 같으리라
Samson buaa no sɛ, “Sɛ obi de agyan so nhoma nson a ɛnwoeɛ kyekyere me a, mɛyɛ mmerɛ te sɛ onipa biara.”
8 블레셋 사람의 방백들이 마르지 아니한 푸른 칡 일곱을 여인에게로 가져오매 그가 그것으로 삼손을 결박하고
Enti, Filistifoɔ ntuanofoɔ no de agyan so nhoma nson a ɛnwoeɛ brɛɛ Delila maa ɔde kyekyeree Samson.
9 이미 사람을 내실에 매복시켰으므로 삼손에게 말하되 삼손이여 블레셋 사람이 당신에게 미쳤느니라 하니 삼손이 그 칡 끊기를 불탄 삼실을 끊음 같이 하였고 그 힘의 근본은 여전히 알지 못하니라
Saa ɛberɛ yi na ɔde mmarima atɛ wɔ adan a ɛwɔ ne fie no mu baako mu, na ɔteaam sɛ, “Samson, Filistifoɔ no aba rebɛkye wo!” Nanso, ɔtetee agyan nhoma nson a ɛnwoeɛ no mu te sɛ ahoma bi a wɔde aka ogya dɛreɛ. Enti, wɔanhunu nʼahoɔden no ahintasɛm.
10 들릴라가 삼손에게 이르되 보라 당신이 나를 희롱하여 내게 거짓말을 하였도다 청컨대 무엇으로 하면 당신을 결박할 수 있을는지 이제는 내게 말하라
Akyire yi, Delila ka kyerɛɛ no sɛ, “Wodii me ho fɛ, twaa me nkontompo. Afei, mesrɛ wo kyerɛ me sɛdeɛ wɔbɛtumi akyekyere wo pampee.”
11 삼손이 그에게 이르되 만일 쓰지 아니한 새 줄로 나를 결박하면 내가 약하여져서 다른 사람과 같으리라
Samson buaa no sɛ, “Sɛ wɔde ntampehoma mono a wɔmfa nnii dwuma biara da kyekyere me a, meyɛ mmerɛ te sɛ onipa obiara.”
12 들릴라가 새 줄을 취하고 그것으로 그를 결박하고 그에게 이르되 삼손이여 블레셋 사람이 당신에게 미쳤느니라 하니 삼손이 팔 위의 줄 끊기를 실을 끊음 같이 하였고 그 때에도 사람이 내실에 매복하였였더라
Enti, Delila kɔfaa ntampehoma mono de kyekyeree no. Saa ɛberɛ no na mmarima no akɔtɛ wɔ dan mu te sɛ kane no. Bio, Delila teaam frɛɛ no sɛ, “Samson! Filistifoɔ aba sɛ wɔrebɛkye wo!” Nanso, Samson tetee ntampehoma no mu firii ne nsa so te sɛ asaawa bi.
13 들릴라가 삼손에게 이르되 당신이 이 때까지 나를 희롱하여 내게 거짓말을 하였도다 내가 무엇으로 하면 당신을 결박할 수 있을는지 내게 말하라 삼손이 그에게 이르되 그대가 만일 나의 머리털 일곱 가닥을 위선에 섞어 짜면 되리라
Delila ka kyerɛɛ no sɛ, “Wodii me ho fɛ, twaa me nkontompo! Worenkyerɛ me sɛdeɛ wɔbɛtumi akyekyere wo pampee anaa?” Samson buaa no sɛ, “Sɛ wonwono me tirinwi mmɛsa nson no bɔ ntoma bamma a ɛwɔ wʼakurokurowa no mu a, mɛyɛ mmerɛ te sɛ obiara.” Enti ɔdaeɛ no, Delila bɔɔ ne tirinwi mmɛsa nson no
14 들릴라가 바디로 그 머리털을 단단히 짜고 그에게 이르되 삼손이여 블레셋 사람이 당신에게 미쳤느니라 하니 삼손이 잠을 깨어 직조틀의 바디와 위선을 다 빼어내니라
de bɔɔ ntoma bamma a ɛwɔ akurokurowa no so. Bio, ɔteaam sɛ, “Samson! Filistifoɔ no aba rebɛkye wo!” Ɛhɔ ara, Samson nyaneeɛ, twee akurokurowa no yii ne tirinwi no firii ntoma bamma no mu.
15 들릴라가 삼손에게 이르되 당신의 마음이 내게 있지 아니하면서 당신이 어찌 나를 사랑한다 하느뇨 당신이 이 세 번 나를 희롱하고 당신의 큰 힘이 무엇으로 말미암아 있는 것을 말하지 아니하였도다 하며
Delila sɔm nʼano kaa sɛ, “Wotumi ka sɛ wodɔ me, wɔ ɛberɛ a wonka wo kokoamsɛm nkyerɛ me? Woadi me ho fɛ mprɛnsa, nanso wonkaa deɛ ɛma wo ahoɔden no nkyerɛɛ me!”
16 날마다 그 말로 그를 재촉하여 조르매 삼손의 마음이 번뇌하여 죽을 지경이라
Odwan ne ho adekyeɛ biara kɔsii sɛ afei na wabrɛ no.
17 삼손이 진정을 토하여 그에게 이르되 내 머리에는 삭도를 대지 아니하였나니 이는 내가 모태에서 허나님의 나실인이 되었음이라 만일 내 머리가 밀리우면 내 힘이 내게서 떠나고 나는 약하여져서 다른 사람과 같으리라
Ne korakora no, Samson kaa nʼahintasɛm kyerɛɛ no sɛ, “Wɔnyii me tirinwi da, ɛfiri sɛ, wɔde me maa Onyankopɔn sɛ Nasareni firi awoɔ mu. Sɛ wɔyi me tirinwi a, mʼahoɔden no bɛfiri me mu ama mayɛ mmerɛ te sɛ obiara.”
18 들릴라가 삼손의 진정을 다 토함을 보고 보내어 블레셋 사람의 방백들을 불러 가로되 삼손이 내게 진정을 토하였으니 이제 한 번만 올라오라 블레셋 방백들이 손에 은을 가지고 여인에게로 올라오니라
Delila hunuu sɛ afei deɛ waka nokorɛ akyerɛ no no, ɔsoma kɔfrɛɛ Filistifoɔ ntuanofoɔ no sɛ, “Mommra bio, ɛfiri sɛ waka biribiara akyerɛ me.” Enti, Filistifoɔ ntuanofoɔ no sane wɔn akyi kɔfaa sika no baeɛ.
19 들릴라가 삼손으로 자기 무릎을 베고 자게 하고 사람을 불러 그 머리털 일곱 가닥을 밀고 괴롭게 하여본즉 그 힘이 없어졌더라
Delila dɛfɛdɛfɛɛ Samson ma ɔdaeɛ a, ne ti da ne srɛ so. Ɔfrɛɛ ɔbarima bi baeɛ ma ɔbɛyii ne tirinwi sɛdeɛ ne kyere no bɛyɛ yie. Na nʼahoɔden no firii ne mu.
20 들릴라가 가로되 삼손이여 블레셋 사람이 당신에게 미쳤느니라 하니 삼손이 잠을 깨며 이르기를 내가 전과 같이 나가서 몸을 떨치리라 하여도 여호와께서 이미 자기를 떠나신 줄을 깨닫지 못하였더라
Afei, ɔteaam sɛ, “Samson! Filistifoɔ no aba rebɛkye wo!” Ɔnyaneeɛ no, ɔkaa wɔ ne tirim sɛ, “Mɛyɛ sɛdeɛ kane no na meyɛ no mɛwoso me ho agye me ho.” Nanso na ɔnnim sɛ Awurade afiri ne mu.
21 블레셋 사람이 그를 잡아 그 눈을 빼고 끌고 가사에 내려가 놋줄로 매고 그로 옥중에서 맷돌을 돌리게 하였더라
Na Filistifoɔ no kyeree no, tutuu nʼani. Wɔde no kɔɔ Gasa na wɔguu no kɔbere mfrafraeɛ mpokyerɛ ma ɔyamm atokoɔ wɔ nnedua fie.
22 그의 머리털이 밀리운 후에 다시 자라기 시작하니라
Nanso, ankyɛre na ne tirinwi no hyɛɛ aseɛ fuiɛ.
23 블레셋 사람의 방백이 가로되 우리의 신이 우리 원수 삼손을 우리 손에 붙였다 하고 다 모여 그 신 다곤에게 큰 제사를 드리고 즐거워하고
Filistifoɔ ntuanofoɔ hyɛɛ fa kɛseɛ bi, bɔɔ afɔdeɛ maa wɔn nyame Dagon dii ahurisie kaa sɛ, “Yɛn nyame de Samson a ɔyɛ yɛn ɔtamfoɔ no ahyɛ yɛn nsam!”
24 백성들도 삼손을 보았으므로 가로되 우리 토지를 헐고 우리 많은 사람을 죽인 원수를 우리의 신이 우리 손에 붙였다 하고 자기 신을 찬송하며
Ɛberɛ a nnipa no hunuu no no, wɔkamfoo wɔn nyame kaa sɛ, “Yɛn nyame de yɛn ɔtamfoɔ ahyɛ yɛn nsam; deɛ ɔkunkumm yɛn mu bebree no yɛn nsa aka no!”
25 그들의 마음이 즐거울 때에 이르되 삼손을 불러다가 우리를 위하여 재주를 부리게 하자 하고 옥에서 삼손을 불러내매 삼손이 그들을 위하여 재주를 부리니라 그들이 삼손을 두 기둥 사이에 세웠더니
Nnipa no boroo nsã kakra no, wɔhyɛɛ sɛ, “Momfa Samson mmra na ɔmmɛgye yɛn ani.” Enti, wɔyii Samson firii nnedua fie. Wɔde no gyinaa asɔredan no mfimfini wɔ adum mmienu a ɛkura ɛdan no mmɔsoɔ no ntam.
26 삼손이 자기 손을 붙든 소년에게 이르되 나로 이 집을 버틴 기둥을 찾아서 그것을 의지하게 하라 하니라
Samson ka kyerɛɛ ɔsomfoɔ a ɔkura ne nsa rekyerɛ no kwan no sɛ, “Ma memfa me nsa nsosɔ adum mmienu no mu, na mennye mʼahome.”
27 그 집에는 남녀가 가득하니 블레셋 모든 방백도 거기 있고 지붕에 있는 남녀도 삼천 명 가량이라 다 삼손의 재주 부리는 것을 보더라
Na nnipa ahyɛ asɔrefie hɔ ma tɔ. Filistifoɔ ntuanofoɔ no nyinaa wɔ hɔ bi. Na ɛdan no so mmɔsoɔ no nso na mmarima ne mmaa bɛyɛ mpensa wɔ so a wɔrehwɛ Samson na wɔredi ne ho fɛ.
28 삼손이 여호와께 부르짖어 가로되 주 여호와여 구하옵나니 나를 생각하옵소서 하나님이여 구하옵나니 이번만 나로 강하게 하사 블레셋 사람이 나의 두 눈을 뺀 원수를 단번에 갚게 하옵소서 하고
Na Samson su frɛɛ Awurade sɛ, “Ao Otumfoɔ Awurade, kae me bio. Ao Onyankopɔn, mesrɛ wo ma me ahoɔden bio na mentua Filistifoɔ so ka wɔ mʼani a wɔatutu no so.”
29 집을 버틴 두 가운데 기둥을 하나는 왼손으로, 하나는 오른손으로 껴 의지하고
Afei Samson sosɔɔ adum mmienu a ɛwɔ asɔrefie no mfimfini no mu. Ɔde nʼahoɔden nyinaa piaeɛ.
30 가로되 블레셋 사람과 함께 죽기를 원하노라 하고 힘을 다하여 몸을 굽히매 그 집이 곧 무너져 그 안에 있는 모든 방백과 온 백성에게 덮이니 삼손이 죽을 때에 죽인 자가 살았을 때에 죽인 자보다 더욱 많았더라
Samson bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ma me ne Filistifoɔ no nwu.” Na asɔrefie no dwiri guu Filistifoɔ ntuanofoɔ no ne nnipa no nyinaa so. Enti, ɔkumm nnipa bebree sene dodoɔ a ɔkumm wɔn ɛberɛ a na ɔte ase no.
31 그의 형제와 아비의 온 집이 다 내려가서 그 시체를 취하여 가지고 올라와서 소라와 에스다올 사이 그 아비 마노아의 장지에 장사하니라 삼손이 이스라엘 사사로 이십 년을 지내었더라
Akyire yi, ne nuammarima ne nʼabusuafoɔ a wɔaka kɔfaa no. Wɔde no kɔɔ ne kurom kɔsiee no wɔ Sora ne Estaol ntam, baabi a wɔsiee nʼagya Manoa hɔ. Samson dii Israelfoɔ so ɔtemmufoɔ mfeɛ aduonu.