< 이사야 27 >

1 그 날에 여호와께서 그 견고하고 크고 강한 칼로 날랜 뱀 리워야단 곧 꼬불꼬불한 뱀 리워야단을 벌하시며 바다에 있는 용을 죽이시리라
Saa da no, Awurade de nʼafoa bɛtwe aso, ɔde nʼafoa a ɛyɛ hu na ɛso na ɛyɛ nnam no, ɔwɔ Lewiatan a ɔde ahoɔhare tu hoo, ɔwɔ Lewiatan a ɔbobɔw ne ho; obekum po mu aboa kɛse a ne ho yɛ hu no.
2 그 날에 너희는 아름다운 포도원을 두고 노래를 부를지어다
Saa da no, “To dwom fa bobeturo a ɛsow no ho se:
3 나 여호와는 포도원지기가 됨이여 때때로 물을 주며 밤낮으로 간수하여 아무든지 상해하지 못하게 하리로다
Me, Awurade, mehwɛ so; migugu so nsu bere biara. Mebɔ ho ban awia ne anadwo sɛnea obiara rensɛe no.
4 나는 포도원에 대하여 노함이 없나니 질려와 형극이 나를 대적하여 싸운다 하자 내가 그것을 밟고 모아 불사르리라
Me bo mfuw ɛ. Sɛ ɛkaa nware ne nsɔe nko ara na ɛko tia me a anka me ne wɔn de bɛbɔ ani; na mahyew wɔn nyinaa.
5 그리하지 아니할 것 같으면 나의 힘을 의지하고 나와 화친하며 나로 더불어 화친할 것이니라
Sɛ ɛnte saa a, ma wɔmmra me nkyɛn mmehintaw; ne me mmɛdwene asomdwoe ho Yiw, asomdwoe ho na mo ne me mmɛdwene.”
6 후일에는 야곱의 뿌리가 박히며 이스라엘의 움이 돋고 꽃이 필 것이라 그들이 그 결실로 지면에 채우리로다
Nna a ɛreba no mu no, Yakob ase betim, Israel begu nhwiren na anyin fɛfɛɛfɛ na ɔde ne nnuaba ahyɛ wiase nyinaa ma.
7 주께서 그 백성을 치셨은들 그 백성을 친 자들을 치심과 같았겠으며 백성이 살륙을 당하였은들 백성을 도륙한 자의 살륙을 당함과 같았겠느냐
Awurade abɔ Israel sɛnea ɔbɔɔ wɔn a wɔbɔɔ Israel hwee fam no ana? Awurade akum Israel sɛnea okum wɔn a wokum Israel no ana?
8 주께서 백성을 적당하게 견책하사 쫓아내실 때에 동풍 부는 날에 폭풍으로 그들을 옮기셨느니라
Wode ɔko ne asutwa twe nʼaso, wode mframa a ano yɛ den pam no te sɛ da a apuei mframa bɔ no.
9 야곱의 불의가 속함을 얻으며 그 죄를 없이함을 얻을 결과는 이로 인하나니 곧 그가 제단의 모든 돌로 부숴진 횟돌 같게 하며 아세라와 태양상으로 다시 서지 못하게 함에 있는 것이라
Eyi na ɛbɛyɛ mpata ama Yakob afɔdi, eyi na ɛbɛyɛ ne bɔne asetu so aba a edi mu: bere a ɔyɛ afɔremuka so abo sɛ hyirew a wɔabubu mu nketenkete, na Asera nnua ne nnuhuam afɔremuka nsisi hɔ bio no.
10 대저 견고한 성읍은 적막하고 거처가 황무하며 버림이 되어 광야와 같았은즉 송아지가 거기서 먹고 거기 누우며 그 나무 가지를 먹어 없이하리라
Kuropɔn a wɔabɔ ho ban no ada mpan wɔagyaw atenae a wɔafi so no te sɛ nweatam hɔ na nantwimma didi, hɔ na wɔdeda; wɔwe so nnua no mman ma ho yɛ kokwakokwa.
11 가지가 마르면 꺾이나니 여인이 와서 그것을 불사를 것이라 이 백성이 지각이 없으므로 그들을 지으신 자가 불쌍히 여기지 아니하시며 그들을 조성하신 자가 은혜를 베풀지 아니하시리라
Sɛ nnubaa no wo a, wobubu na mmea bɛfa de kɔsɔ ogya. Na saa nnipa yi nni ntease enti wɔn yɛfo nhu wɔn mmɔbɔ, na wonnya adom mfi nea ɔbɔɔ wɔn no nkyɛn.
12 너희 이스라엘 자손들아 그 날에 여호와께서 창일하는 하수에서부터 애굽 시내에까지 과실을 떠는 것 같이 너희를 일일이 모으시리라
Saa da no, Awurade bɛporow afi asuten Eufrate akosi Misraim Bon Wosee mu, na mo, Israelfo de, wɔbɛfa mo mmaako mmaako aboaboa mo ano.
13 그 날에 큰 나팔을 울려 불리니 앗수르 땅에서 파멸케 된 자와 애굽 땅으로 쫓겨난 자가 돌아와서 예루살렘 성산에서 여호와께 경배하리라
Saa da no, wɔbɛhyɛn torobɛnto kɛse no. Wɔn a na wɔrewuwu wɔ Asiria ne wɔn a na wɔwɔ nnommum mu wɔ Misraim bɛba abɛsom Awurade wɔ Yerusalem bepɔw kronkron no so.

< 이사야 27 >