< 역대하 14 >
1 아비야가 그 열조와 함께 자매 다윗 성에 장사되고 그 아들 아사가 대신하여 왕이 되니 그 시대에 그 땅이 십 년을 평안하니라
Abia wu ma wosiee no wɔ Dawid kurom. Ne babarima Asa na odii nʼade sɛ ɔhene. Asomdwoe baa asase no so mfe du.
2 아사가 그 하나님 여호와 보시기에 선과 정의를 행하여
Asa yɛɛ nea ɛsɔ Awurade, ne Nyankopɔn no, ani.
3 이방 제단과 산당을 없이하고 주상을 훼파하며 아세라 상을 찍고
Otutuu abosonsomfo afɔremuka ne wɔn abosonnan nyinaa gui. Odwiriw wɔn afadum, twitwaa Asera nnua nyinaa.
4 유다 사람을 명하여 그 열조의 하나님 여호와를 구하게 하며 그 율법과 명령을 행하게 하고
Ɔhyɛɛ ɔmanfo a wɔwɔ Yuda se, wɔnhwehwɛ Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wonni ne mmara ne nʼahyɛde nyinaa so.
5 또 유다 모든 성읍에서 산당과 태양상을 없이하매 나라가 그 앞에서 평안함을 얻으니라
Asa san bubuu abosonnan ne nnuhuam afɔremuka fii Yuda nkurow nyinaa mu. Ɛno nti, wonyaa asomdwoe wɔ Asa ahenni mu.
6 여호와께서 아사에게 평안을 주셨으므로 그 땅이 평안하여 여러해 싸움이 없은지라 저가 견고한 성읍들을 유다에 건축하니라
Saa asomdwoe mfe no mu no, otumi siesiee bammɔ nkuropɔn a ɛwɔ Yudaman mu nyinaa. Obiara anyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛko atia no saa bere yi, efisɛ na Awurade rema no ahomegye wɔ nʼatamfo nsam.
7 아사가 일찍이 유다 사람에게 이르되 우리가 우리 하나님 여호와를 찾았으므로 이 땅이 아직 우리 앞에 있나니 우리가 이 성읍들을 건축하고 그 주위에 성곽과 망대와 문과 빗장을 만들자 우리가 주를 찾았으므로 주께서 우리에게 사방의 평안을 주셨느니라 하고 이에 저희가 성읍을 형통하게 건축하였더라
Asa ka kyerɛɛ Yudafo se, “Momma yɛnkyekye nkurow, na yentwa afasu mfa ho mfa mmɔ ho ban. Yɛbɛyɛ abantenten, asisi apon, ayɛ nnadeban nso. Asase no yɛ yɛn dea, efisɛ yɛsrɛɛ Awurade yɛn Nyankopɔn, na wama yɛn ahomegye wɔ yɛn atamfo nsam.” Enti wɔkɔɔ so yɛɛ saa nnwuma yi de baa awiei.
8 아사의 군대는 유다 중에서 큰 방패와 창을 잡는 자가 삼십만이요 베냐민 중에서 작은 방패를 잡으며 활을 당기는 자가 이십팔만이라 다 큰 용사더라
Na ɔhene Asa wɔ akofo mpem ahaasa a wofi Yuda abusuakuw mu a wɔwɔ nkatabo ne mpeaw akɛse. Afei, na ɔwɔ akofo mpem ahannu aduɔwɔtwe a wofi Benyamin abusua mu a wokurakura nkatabo ne agyan nketewa. Na akofo akokodurufo wɔ saa asraafodɔm abien yi mu.
9 구스 사람 세라가 저희를 치려하여 군사 백만과 병거 삼백 승을 거느리고 마레사에 이르매
Bere bi, Etiopiani bi a wɔfrɛ no Serah de asraafodɔm ɔpepem baako ne nteaseɛnam ahaasa, kɔtow hyɛɛ Yuda so. Wɔkɔ koduu Maresa kuropɔn mu.
10 아사가 마주 나아가서 마레사의 스바다 골짜기에 진치고
Asa nso boaa nʼakofo ano ne wɔn kɔkoo wɔ Sefata bon mu a ɛbɛn Maresa.
11 그 하나님 여호와께 부르짖어 가로되 여호와여 강한 자와 약한 자 사이에는 주 밖에 도와 줄 이가 없사오니 우리 하나님 여호와여 우리를 도우소서 우리가 주를 의지하오며 주의 이름을 의탁하옵고 이 많은 무리를 치러 왔나이다 여호와여 주는 우리 하나님이시오니 원컨대 사람으로 주를 이기지 못하게 하옵소서 하였더니
Asa teɛɛ mu, frɛɛ Awurade ne Nyankopɔn se, “Awurade, wo nko ara na wubetumi aboa nea ɔyɛ mmerɛw na watumi ako atia ɔhoɔdenfo! Boa yɛn, Awurade, yɛn Nyankopɔn, efisɛ wo nko ara ne yɛn anidaso. Wo din mu na yɛrehyia dɔm kɛse yi. Awurade, woyɛ yɛn Nyankopɔn, na mma kwan mma nnipa teta nsɔre ntia wo!”
12 여호와께서 구스 사람을 아사와 유다 사람 앞에서 쳐서 패하게 하시니 구스 사람이 도망하는지라
Na Awurade dii Etiopiafo no so nkonim wɔ Asa ne Yuda asraafodɔm no anim, na atamfo no guanee.
13 아사와 그 좇는 자가 구스 사람을 쫓아 그랄까지 이르매 이에 구스 사람이 엎드러지고 살아 남은 자가 없었으니 이는 여호와 앞에서와 그 군대 앞에서 패망하였음이라 노략한 물건이 심히 많았더라
Asa ne nʼakofo no taa wɔn ara kosii Gerar, maa Etiopiafo no bebree totɔe a wɔantumi ammoa wɔn ho ano. Awurade ne nʼakofo dwerɛw wɔn, na Yuda asraafo no nyaa asade bebree kɔe.
14 여호와께서 그랄 사면 모든 성읍 백성을 두렵게 하시니 무리가 그 모든 성읍을 치고 그 가운데 있는 많은 물건을 노략하고
Bere a wɔwɔ Gerar no, wɔtow hyɛɛ nkurow a ɛwɔ beae hɔ nyinaa so, na Awurade ho huboa tɔɔ nnipa a wɔwɔ hɔ no so. Awiei no, wonyaa asade bebree wɔ saa nkurow no so nso.
15 또 짐승 지키는 천막을 치고 양과 약대를 많이 이끌고 예루살렘으로 돌아왔더라
Wɔsan tow hyɛɛ mmoahwɛfo atenae, kyekyeree nguan ne yoma, ansa na wɔresan akɔ Yerusalem.