< 사무엘상 12 >
1 사무엘이 온 이스라엘에게 이르되 보라 너희가 내게 한 말을 내가 다 듣고 너희 위에 왕을 세웠더니
Afei, Samuel kasa kyerɛɛ ɔman no bio se, “Nea mopɛɛ sɛ meyɛ no mayɛ, mama mo ɔhene.
2 이제 왕이 너희 앞에 출입하느니라 보라 나는 늙어 머리가 희었고 내 아들들도 너희와 함께 있느니라 내가 어려서부터 오늘날까지 너희 앞에 출입하였거니와
Matwa me mmabarima ho ayi no, na migyina ha sɛ akwakoraa tidwen. Masom sɛ mo kannifo fi me mmofraase.
3 내가 여기 있나니 여호와 앞과 그 기름 부음을 받은 자 앞에서 내게 대하여 증거하라 내가 뉘 소를 취하였느냐 뉘 나귀를 취하였느냐 누구를 속였느냐 누구를 압제하였느냐 내 눈을 흐리게 하는 뇌물을 뉘 손에서 취하였느냐 그리하였으면 내가 그것을 너희에게 갚으리라
Afei, monka nkyerɛ me, bere a migyina Awurade ne nea wɔasra no wɔ ne din mu anim yi, hena nantwi anaa nʼafurum na mawia? Masisi mo mu bi pɛn ana? Madi mo nya pɛn ana? Magye adanmude bi pɛn ana? Sɛ mayɛ bɔne bi a, monka nkyerɛ me, na mesiesie nea manyɛ no.”
4 그들이 가로되 당신이 우리를 속이지 아니하였고 압제하지 아니하였고 뉘 손에서 아무 것도 취한 것이 없나이다
Wobuaa se, “Dabi, wunsisii yɛn, na wunnii yɛn nya ɔkwan biara so, na wunnyee adanmude fua pɛ mpo.”
5 사무엘이 백성에게 이르되 너희가 내 손에서 아무 것도 찾아낸 것이 없음을 여호와께서 너희에게 대하여 증거하시며 그 기름 부음을 받은 자도 오늘날 증거하느니라 그들이 가로되 그가 증거하시나이다
Samuel kae se, “Awurade ne ne onipa a wasra no no yɛ me nnansefo sɛ morentumi nka sɛ mabɔ mo korɔn.” Wɔn nyinaa kae se, “Ampa ara, ɛyɛ nokware!”
6 사무엘이 백성에게 이르되 모세와 아론을 세우시며 너희 열조를 애굽 땅에서 인도하여 내신 이는 여호와시니
Samuel toaa so se, “Ɛyɛ Awurade na oyii Mose ne Aaron. Ɔno na oyii mo agyanom fii Misraim asase so.
7 그런즉 가만히 섰으라 여호와께서 너희와 너희 열조에게 행하신 모든 의로운 일에 대하여 내가 여호와 앞에서 너희와 담론하리라
Mprempren, munnyina ha dinn wɔ Awurade anim bere a migu so rekaakae mo nneɛma akɛse a Awurade ayɛ ama mo ne mo agyanom no.
8 야곱이 애굽에 들어간 후 너희 열조가 여호와께 부르짖으매 여호와께서 모세와 아론을 보내사 그 두 사람으로 너희 열조를 애굽에서 인도하여 내어 이곳에 거하게 하셨으나
“Bere a na Israelfo wɔ Misraim na wosu frɛɛ Awurade no, ɔsomaa Mose ne Aaron sɛ, wonnyi wɔn mfi Misraim, na wɔmfa wɔn mmra saa asase yi so.
9 그들이 그 하나님 여호와를 잊은지라 여호와께서 그들을 하솔 군장 시스라의 손과 블레셋 사람의 손과 모압 왕의 손에 붙이셨더니 그들이 치매
“Nanso ankyɛ biara na nnipa no werɛ fii Awurade, wɔn Nyankopɔn, enti ɔmaa Sisera a ɔyɛ Hasor asraafo sahene no ne Filistifo ne Moabhene dii wɔn so.
10 백성이 여호와께 부르짖어 가로되 우리가 여호와를 버리고 바알들과 아스다롯을 섬기므로 범죄하였나이다 그러하오나 이제 우리를 원수들의 손에서 건져 내소서 그리하시면 우리가 주를 섬기겠나이다 하매
Afei, wosu frɛɛ Awurade bio, na wɔpaee mu kaa wɔn bɔne se, ‘Yɛayɛ bɔne sɛ yɛatwe yɛn ho afi Awurade ho, na yɛresom ahoni Baalim ne Astoret. Na sɛ wugye yɛn fi yɛn atamfo nsam a, yɛbɛsom wo, na wo nko ara na yɛbɛsom.’
11 여호와께서 여룹바알과 베단과 입다와 나 사무엘을 보내사 너희를 너희 사방 원수의 손에서 건져내사 너희로 안전히 거하게 하셨거늘
Na Awurade somaa Yerub-Baal, Barak, Yefta ne Samuel, na ogyee mo fii mo atamfo nsam na mobɛtenaa asomdwoe mu.
12 너희가 암몬 자손의 왕 나하스의 너희를 치러 옴을 보고 너희 하나님 여호와께서는 너희의 왕이 되실지라도 너희가 내게 이르기를 아니라 우리를 다스릴 왕이 있어야 하겠다 하였도다
“Nanso musuroo Amonfo hene Nahas nti, moka kyerɛɛ me se, ‘Dabi, yɛrepɛ ɔhene ama wadi yɛn so’—nanso na Awurade mo Nyankopɔn yɛ mo so hene.
13 이제 너희의 구한 왕 너희의 택한 왕을 보라 여호와께서 너희 위에 왕을 세우셨느니라
Afei, mo hene a moayi no ni; nea mobisae no. Hwɛ, Awurade ayɛ mo apɛde ama mo.
14 너희가 만일 여호와를 경외하여 그를 섬기며 그 목소리를 듣고 여호와의 명령을 거역하지 아니하며 또 너희와 너희를 다스리는 왕이 너희 하나님 여호와를 좇으면 좋으니라마는
Sɛ musuro Awurade, na mosom no, tie nʼasɛm, na sɛ moammu ne mmara so, na mo ne mo hene a odi mo so no nyinaa di Awurade, mo Nyankopɔn akyi a, biribiara bɛyɛ yiye.
15 너희가 만일 여호와의 목소리를 듣지 아니하고 여호와의 명령을 거역하면 여호와의 손이 너희의 열조를 치신 것 같이 너희를 치실 것이라
Na sɛ moantie Awurade, na mubu ne mmara so a, ne nsa bɛyɛ duru wɔ mo so sɛnea ɛyɛɛ mo agyanom so no.
16 너희는 이제 가만히 서서 여호와께서 너희 목전에 행하시는 이 큰 일을 보라
“Enti afei, munnyina hɔ dinn, na monhwɛ ade kɛse a Awurade rebɛyɛ.
17 오늘은 밀 베는 때가 아니냐 내가 여호와께 아뢰리니 여호와께서 우뢰와 비를 보내사 너희가 왕을 구한 일 곧 여호와의 목전에 범한 죄악이 큼을 너희로 밝히 알게 하시리라
Munim sɛ saa bere yi a ɛyɛ awitwabere yi, osu ntɔ. Mɛma Awurade apae aprannaa na ama osu atɔ. Afei mubehu bɔne a moyɛe sɛ mobisaa ɔhene no.”
18 이에 사무엘이 여호와께 아뢰매 여호와께서 그 날에 우뢰와 비를 보내시니 모든 백성이 여호와와 사무엘을 크게 두려워하니라
Ɛhɔ ara Samuel frɛɛ Awurade, na da no ara, Awurade paee aprannaa, tɔɔ osu. Nnipa no nyinaa suroo Awurade ne Samuel.
19 모든 백성이 사무엘에게 이르되 당신의 종들을 위하여 당신의 하나님 여호와께 기도하여 우리로 죽지 않게 하소서 우리가 우리의 모든 죄에 왕을 구하는 악을 더하였나이다
Nnipa no nyinaa ka kyerɛɛ Samuel se, “Bɔ Awurade, wo Nyankopɔn, mpae ma wʼasomfo sɛnea yɛrenwu, na yɛrenyɛ bɔne nka yɛn bɔne ahorow nyinaa ho sɛ yɛabisa ɔhene.”
20 사무엘이 백성에게 이르되 두려워 말라 너희가 과연 이 모든 악을 행하였으나 여호와를 좇는데서 돌이키지 말고 오직 너희 마음을 다하여 여호와를 섬기라
Samuel buae se, “Munnsuro. Moayɛ saa bɔne yi nyinaa bi de, nanso monnnan mo ani mmfi Awurade so, na momfa mo koma nyinaa nsom Awurade.
21 돌이켜 유익하게도 못하며 구원하지도 못하는 헛된 것을 좇지 말라 그들은 헛되니라
Monnsan nkodi ahoni huhuw a wɔrenyɛ mo papa biara, na wɔrentumi nnye mo nkwa no akyi, efisɛ wɔn so nni mfaso.
22 여호와께서는 너희로 자기 백성 삼으신 것을 기뻐하신 고로 그 크신 이름을 인하여 자기 백성을 버리지 아니하실 것이요
Esiane ne din kɛse no nti, Awurade rempo ne nkurɔfo. Awurade afa mo sɛ nʼankasa nʼade.
23 나는 너희를 위하여 기도하기를 쉬는 죄를 여호와 앞에 결단코 범치 아니하고 선하고 의로운 도로 너희를 가르칠 것인즉
Na me de, merenyɛ bɔne ntia Awurade sɛ meremmɔ mpae mma mo. Na mɛkɔ so akyerɛ mo papa ne bɔne.
24 너희는 여호와께서 너희를 위하여 행하신 그 큰 일을 생각하여 오직 그를 경외하며 너희의 마음을 다하여 진실히 섬기라
Nanso monhwɛ sɛ mubesuro Awurade na moasom no nokware mu.
25 만일 너희가 여전히 악을 행하면 너희와 너희 왕이 다 멸망하리라
Na sɛ mokɔ so yɛ bɔne a, wɔbɛsɛe mo ne mo hene nyinaa.”