< 로마서 8 >

1 그러므로 이제 그리스도 예수 안에 있는 자에게는 결코 정죄함이 없나니
Enti, afɔbuo nni hɔ ma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu
2 이는 그리스도 예수 안에 있는 생명의 성령의 법이 죄와 사망의 법에서 너를 해방하였음이라
ɛfiri sɛ Honhom Kronkron no ama mo nkwa a ɛfiri Kristo Yesu nkyɛn, na agye mo afiri mmara a ɛde owuo ba.
3 율법이 육신으로 말미암아 연약하여 할 수 없는 그것을 하나님은 하시나니 곧 죄를 인하여 자기 아들을 죄 있는 육신의 모양으로 보내어 육신에 죄를 정하사
Esiane ɔhonam mmerɛyɛ enti, Mose Mmara no antumi annye yɛn. Enti Onyankopɔn yɛɛ deɛ Mmara no antumi anyɛ. Ɔnam nʼankasa ne Ba a ɔsomaa no wɔ onipa bɔnesu so no ba bɛbɔɔ afɔdeɛ maa yɛn, na ɔbɛbuu bɔne atɛn de pepaa yɛn bɔne.
4 육신을 좇지 않고 그 영을 좇아 행하는 우리에게 율법의 요구를 이루어지게 하려 하심이니라
Onyankopɔn yɛɛ yei, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Kristo bɛyɛ Mmara no asɛdeɛ ama yɛn, yɛn a yɛnnante ɔhonam fam, na mmom yɛnante honhom mu no.
5 육신을 좇는 자는 육신의 일을 영을 좇는 자는 영의 일을 생각하나니
Wɔn a honam mmerɛyɛ hyɛ wɔn so no dwene bɔne nko ara ho. Wɔn a wɔnam Honhom mu no dwene Honhom deɛ.
6 육신의 생각은 사망이요 영의 생각은 생명과 평안이니라
Wɔn a wɔwɔ ɔhonam mmerɛyɛ adwene no bɛwu. Wɔn nso a wɔnam Honhom mu no bɛnya nkwa ne asomdwoeɛ.
7 육신의 생각은 하나님과 원수가 되나니 이는 하나님의 법에 굴복치 아니할 뿐 아니라 할수도 없음이라
Adwene a ɛdwene honam mu no tan Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, ɛmmrɛ ne ho ase mma Onyankopɔn mmara; na mpo ɛrentumi.
8 육신에 있는 자들은 하나님을 기쁘시게 할 수 없느니라
Wɔn a wɔdwene honam mu no rentumi nsɔ Onyankopɔn ani.
9 만일 너희 속에 하나님의 영이 거하시면 너희가 육신에 있지 아니하고 영에 있나니 누구든지 그리스도의 영이 없으면 그리스도의 사람이 아니라
Sɛ Onyankopɔn Honhom te mo mu a, ɛnyɛ honam mmerɛyɛ na ɛdi mo so. Na sɛ obi nni Kristo Honhom a, ɔnyɛ Kristo dea.
10 또 그리스도께서 너희 안에 계시면 몸은 죄로 인하여 죽은 것이나 영은 의를 인하여 산 것이니라
Ɛwom sɛ bɔne bɛma mo nipadua yi awu deɛ, nanso sɛ Kristo te mo mu a, ne tenenee enti, mo honhom te ase.
11 예수를 죽은 자 가운데서 살리신 이의 영이 너희 안에 거하시면 그리스도 예수를 죽은 자 가운데서 살리신 이가 너희 안에 거하시는 그의 영으로 말미암아 너희 죽을 몸도 살리시리라
Sɛ Onyankopɔn Honhom a ɛnyanee Yesu firii awufoɔ mu no te mo mu a, ɛnneɛ deɛ ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu no nso nam ne Honhom a ɛwɔ mo mu no so bɛma mo nipadua a ɛwu yi nso nkwa.
12 그러므로 형제들아 우리가 빚진 자로되 육신에게 져서 육신대로 살 것이 아니니라
Enti anuanom, yɛwɔ asodie bi, nanso, yɛnyɛ mma honam no sɛdeɛ ɔpɛ.
13 너희가 육신대로 살면 반드시 죽을 것이로되 영으로써 몸의 행실을 죽이면 살리니
Sɛ motena ase ma ɔhonam a, mobɛwu. Nanso, sɛ moma Honhom no kum bɔne a nipadua no yɛ a, mobɛnya nkwa.
14 무릇 하나님의 영으로 인도함을 받는 그들은 곧 하나님의 아들이라
Wɔn a Onyankopɔn Honhom di wɔn so no yɛ Onyankopɔn mma.
15 너희는 다시 무서워하는 종의 영을 받지 아니하였고 양자의 영을 받았으므로 아바 아버지라 부르짖느니라
Ɛfiri sɛ, moannya honhom a ɛma mo yɛ nkoa bio ma ɔsuro, na mmom, moanya abayɛ Honhom na yɛnam ne so su sɛ, “Abba, Agya!”
16 성령이 친히 우리 영으로 더불어 우리가 하나님의 자녀인 것을 증거하시나니
Na Honhom no ankasa ne yɛn honhom di adanseɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma.
17 자녀이면 또한 후사 곧 하나님의 후사요 그리스도와 함께 한 후사니 우리가 그와 함께 영광을 받기 위하여 고난도 함께 받아야 될 것이니라
Esiane sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma enti, yɛyɛ adedifoɔ; Onyankopɔn adedifoɔ a yɛne Kristo wɔ kyɛfa wɔ mu, nanso gye sɛ yɛne no kyɛ nʼamanehunu ansa na yɛne no akyɛ nʼanimuonyam.
18 생각건대 현재의 고난은 장차 우리에게 나타날 영광과 족히 비교할 수 없도다
Menim sɛ amanehunu a yɛrehunu no saa ɛberɛ yi nyɛ deɛ wɔdetoto animuonyam a wɔbɛhyɛ yɛn no ho.
19 피조물의 고대하는 바는 하나님의 아들들의 나타나는 것이니
Abɔdeɛ nyinaa de anigyina rehwɛ da a Onyankopɔn mma bɛda wɔn ho adi no ɛkwan.
20 피조물이 허무한데 굴복하는 것은 자기 뜻이 아니요 오직 굴복케 하시는 이로 말미암음이라
Ɛfiri sɛ, ɛberɛ a ɛmfiri abɔdeɛ pɛ mu no, wɔnam Onyankopɔn tumi mu buu abɔdeɛ fɔ sɛ ɛnnane ade hunu. Nanso na saa anidasoɔ yi wɔ hɔ
21 그 바라는 것은 피조물도 썩어짐의 종노릇한 데서 해방되어 하나님의 자녀들의 영광의 자유에 이르는 것이니라
sɛ, da bi abɔdeɛ no bɛde ne ho afiri nkoayɛ ne porɔeɛ mu na ɛne Onyankopɔn mma anya ahofadie mu animuonyam.
22 피조물이 다 이제까지 함께 탄식하며 함께 고통하는 것을 우리가 아나니
Yɛnim sɛ ɛbɛsi saa ɛberɛ yi abɔdeɛ nyinaa pene sɛ ɔpemfoɔ a awoɔ aka no.
23 이뿐 아니라 또한 우리 곧 성령의 처음 익은 열매를 받은 우리까지도 속으로 탄식하여 양자 될 것 곧 우리 몸의 구속을 기다리느니라
Nanso, ɛnyɛ abɔdeɛ nko, na yɛn a yɛwɔ Onyankopɔn Honhom sɛ Onyankopɔn akyɛdeɛ no nso si apinie ɛberɛ a yɛretwɛn sɛ Onyankopɔn de yɛn bɛyɛ ne mma. Yei kyerɛ sɛ yɛbɛde yɛn ho ɔhonam fam nso.
24 우리가 소망으로 구원을 얻었으매 보이는 소망이 소망이 아니니 보는 것을 누가 바라리요
Na wɔnam saa anidasoɔ yi so gyee yɛn nkwa. Sɛ yɛhunu deɛ yɛn ani da so no deɛ a, na ɛnyɛ anidasoɔ bio. Na hwan na nʼani tumi da adeɛ a ɔwɔ dada so.
25 만일 우리가 보지 못하는 것을 바라면 참음으로 기다릴지니라
Na sɛ yɛn ani da adeɛ a yɛn nsa nkaeɛ so a, yɛde boasetɔ twɛn.
26 이와 같이 성령도 우리 연약함을 도우시나니 우리가 마땅히 빌 바를 알지 못하나 오직 성령이 말할 수 없는 탄식으로 우리를 위하여 친히 간구하시느니라
Saa ara na Honhom no boa yɛn wɔ yɛn mmerɛyɛ mu, ɛfiri sɛ, yɛnnim ɛkwan a wɔfa so bɔ mpaeɛ sɛdeɛ ɛsɛ. Honhom no ankasa de apinisie de nsɛm a ɛnni kabea di ma yɛn.
27 마음을 감찰하시는 이가 성령의 생각을 아시나니 이는 성령이 하나님의 뜻대로 성도를 위하여 간구하심이니라
Onyankopɔn a ɔhunu nnipa akoma mu no nim Honhom no nsusuiɛ, ɛfiri sɛ, Honhom no nam Onyankopɔn pɛ so di ma Onyankopɔn mma wɔ nʼanim.
28 우리가 알거니와 하나님을 사랑하는 자 곧 그 뜻대로 부르심을 입은 자들에게는 모든 것이 합력하여 선을 이루느니라
Yɛnim sɛ adeɛ nyinaa mu no Onyankopɔn di boa wɔn a wɔdɔ no ma ɛwie wɔn yie. Ɛdi boa wɔn a wɔnam nʼatirimpɔ so afrɛ wɔn.
29 하나님이 미리 아신 자들로 또한 그 아들의 형상을 본받게 하기 위하여 미리 정하셨으니 이는 그로 많은 형제 중에서 맏아들이 되게 하려 하심이니라
Wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn dada no, ɔde wɔn asi hɔ sɛ wɔnyɛ sɛ ne Ba no, na ne Ba no ayɛ anuanom pii mu abakan.
30 또 미리 정하신 그들을 또한 부르시고 부르신 그들을 또한 의롭 다 하시고 의롭다 하신 그들을 또한 영화롭게 하셨느니라
Onyankopɔn frɛɛ wɔn a ɔyii wɔn sii hɔ no, na wɔn a ɔyii wɔn no, ɔbuu wɔn bem. Na wɔn a ɔbuu wɔn bem no, ɔhyɛɛ wɔn animuonyam nso.
31 그런즉 이 일에 대하여 우리가 무슨 말 하리요 만일 하나님이 우리를 위하시면 누가 우리를 대적하리요
Afei, ɛdeɛn na yɛbɛka afa yeinom ho? Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hwan na ɔne yɛn bɛdi asie?
32 자기 아들을 아끼지 아니하시고 우리 모든 사람을 위하여 내어 주신 이가 어찌 그 아들과 함께 모든 것을 우리에게 은사로 주지 아니하시겠느뇨
Deɛ wankame nʼankasa ne Ba, na mmom, yɛn nyinaa enti, ɔyii no maeɛ no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔmfa adeɛ nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn?
33 누가 능히 하나님의 택하신 자들을 송사하리요 의롭다 하신 이는 하나님이시니
Hwan na ɔbɛbu wɔn a Onyankopɔn ayi wɔn no atɛn? Onyankopɔn nko na ɔbu bem.
34 누가 정죄하리요 죽으실 뿐 아니라 다시 살아나신 이는 그리스도 예수시니 그는 하나님 우편에 계신 자요 우리를 위하여 간구하시는 자시니라
Hwan na ɔbu fɔ? Kristo Yesu ne deɛ ɔwuiɛ na wɔnyanee no na ɔte Onyankopɔn nifa so di ma yɛn Onyankopɔn anim no.
35 누가 우리를 그리스도의 사랑에서 끊으리요 환난이나 곤고나 핍박이나 기근이나 적신이나 위협이나 칼이랴
Hwan na ɔbɛtumi atete ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu? Ahohia anaa ahometeɛ anaa ɔtaa anaa ɛkɔm anaa adagya anaa amanenya anaa owuo na ɛbɛtumi atete ɔdɔ a ɛda yɛne Kristo ntam no mu no anaa?
36 기록된바 우리가 종일 주를 위하여 죽임을 당케 되며 도살할 양같이 여김을 받았나이다 함과 같으니라
Dabi! Wɔatwerɛ sɛ, “Wo enti, wɔkum yɛn daa nyinaa; wɔbu yɛn sɛ nnwan a wɔrekɔkum wɔn.”
37 그러나 이 모든 일에 우리를 사랑하시는 이로 말미암아 우리가 넉넉히 이기느니라
Nanso, yeinom nyinaa mu no, yɛnam deɛ ɔdɔɔ yɛn no so di nkonim boro so.
38 내가 확신하노니 사망이나 생명이나 천사들이나 권세자들이나 현재 일이나 장래 일이나 능력이나
Megye medi ampa sɛ owuo anaa nkwa anaa abɔfoɔ anaa atumfoɔ anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi
39 높음이나 깊음이나 다른 아무 피조물이라도 우리를 우리 주 그리스도 예수 안에 있는 하나님의 사랑에서 끊을 수 없으리라
anaa ɔsoro anaa ɛfam anaa abɔdeɛ foforɔ biara rentumi ntete yɛne Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ Kristo Yesu, yɛn Awurade, mu no mu da.

< 로마서 8 >