< 요한계시록 8 >
1 일곱째 인을 떼실 때에 하늘이 반시 동안쯤 고요하더니
Bere a Oguamma no tew nsɔwano a ɛto so ason no, ɔsoro nyinaa tɛm dinn bɛyɛ dɔnhwerew fa.
2 내가 보매 하나님 앞에 시위한 일곱 천사가 있어 일곱 나팔을 받았더라
Afei mihuu abɔfo baason a wogyinagyina Onyankopɔn anim. Wɔmemaa wɔn ntorobɛnto ason.
3 또 다른 천사가 와서 제단 곁에 서서 금 향로를 가지고 많은 향을 받았으니 이는 모든 성도의 기도들과 합하여 보좌 앞 금단에 드리고자 함이라
Ɔbɔfo foforo a na ɔwɔ sikakɔkɔɔ aduhuam adaka begyinaa afɔremuka no ho. Wɔmaa no aduhuam bebree sɛ ɔmfa mmɔ mpae nka Onyankopɔn nkurɔfo no de ho, na ɔmmɔ sikakɔkɔɔ a esi ahengua no anim no so afɔre.
4 향연이 성도의 기도와 함께 천사의 손으로부터 하나님 앞으로 올라가는지라
Aduhuam no hua ne Onyankopɔn nkurɔfo mpae fi abɔfo no nsam kɔɔ ɔsoro.
5 천사가 향로를 가지고 단 위의 불을 담아다가 땅에 쏟으매 뇌성과 음성과 번개와 지진이 나더라
Afei ɔbɔfo no faa aduhuam adaka no de ogya a efi afɔremuka no so hyɛɛ no ma, tow kyenee asase so. Na aprannaa ne nne ahorow ne anyinam ne asasewosow bae.
6 일곱 나팔 가진 일곱 천사가 나팔 불기를 예비하더라
Na abɔfo baason a wokurakura ntorobɛnto ason no siesiee wɔn ho sɛ wɔrebɛhyɛn.
7 첫째 천사가 나팔을 부니 피 섞인 우박과 불이 나서 땅에 쏟아지매 땅의 삼분의 일이 타서 사위고 수목의 삼분의 일도 타서 사위고 각종 푸른 풀도 타서 사위더라
Ɔbɔfo a odi kan no hyɛn ne torobɛnto. Na mparuwbo ne ogya a ɛne mogya adi afra tɔ guu asase so. Asase nkyɛmu abiɛsa mu baako hyewee. Nnua nkyɛmu abiɛsa mu baako hyewee, na wura amono nyinaa nso hyewee.
8 둘째 천사가 나팔을 부니 불붙는 큰 산과 같은 것이 바다에 던지우매 바다의 삼분의 일이 피가 되고
Afei ɔbɔfo a ɔto so abien no hyɛn ne torobɛnto. Wɔtow biribi a ɛte sɛ bepɔw kɛse a ɛredɛw kyenee po mu. Po no nkyɛmu abiɛsa mu baako dan mogya.
9 바다 가운데 생명 가진 피조물들의 삼분의 일이 죽고 배들의 삼분의 일이 깨어지더라
Na abɔde a ɛwɔ nkwa a ɛwɔ po no mu nkyɛmu abiɛsa mu baako wuwui, na ahyɛn mu nkyɛmu abiɛsa mu baako bobɔe.
10 세째 천사가 나팔을 부니 횃불같이 타는 큰 별이 하늘에서 떨어져 강들의 삼분의 일과 여러 물샘에 떨어지니
Afei ɔbɔfo a ɔto so abiɛsa hyɛn ne torobɛnto. Nsoromma kɛse bi a ɛredɛw sɛ ogyatɛn tew fii ɔsoro bɛhwee nsu nkyɛmu abiɛsa mu baako mu.
11 이 별 이름은 쑥이라 물들의 삼분의 일이 쑥이 되매 그 물들이 쓰게 됨을 인하여 많은 사람이 죽더라
Nsoromma no din de “Anwɔnwen.” Nsu no nkyɛmu abiɛsa mu baako yɛɛ nwen, na nnipa a wɔnomee no mu bebree wuwui, efisɛ na ayɛ nwen.
12 네째 천사가 나팔을 부니 해 삼분의 일과 달 삼분의 일과 별들의 삼분의 일이 침을 받아 그 삼분의 일이 어두워지니 낮 삼분의 일은 비췸이 없고 밤도 그러하더라
Afei ɔbɔfo a ɔto so anan no hyɛn ne torobɛnto. Na wɔbɔɔ owia nkyɛmu abiɛsa mu baako, ne ɔsram nkyɛmu abiɛsa mu baako ne nsoromma nkyɛmu abiɛsa mu baako sen ma no duruu sum, enti adekyee mu nkyɛmu abiɛsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa ara.
13 내가 또 보고 들으니 공중에 날아가는 독수리가 큰 소리로 이르되 `땅에 거하는 자들에게 화, 화, 화가 있으리로다 이 외에도 세 천사의 불 나팔 소리를 인함이로다' 하더라
Na merehwɛ no, metee sɛ ɔkɔre bi a watu nam wim teɛ mu se, “Wɔn a wɔte asase so no nnue; wonnue, wonnue esiane torobɛnto a aka a abɔfo baasa no rebɛhyɛn no nti.”