< 요한계시록 21 >

1 또 내가 새 하늘과 새 땅을 보니 처음 하늘과 처음 땅이 없어졌고 바다도 다시 있지 않더라
Afei mihuu ɔsoro foforo ne asase foforo, na kan ɔsoro ne kan asase no atwa mu, na po nso nni hɔ bio.
2 또 내가 보매 거룩한 성 새 예루살렘이 하나님께로부터 하늘에서 내려오니 그 예비한 것이 신부가 남편을 위하여 단장한 것 같더라
Na mihuu Kurow Kronkron a ɛyɛ Yerusalem foforo sɛ efi Onyankopɔn hɔ wɔ ɔsoro reba fam, a wasiesie ne ho te sɛ ayeforo a ɔrekohyia ne kunu.
3 내가 들으니 보좌에서 큰 음성이 나서 가로되 `보라, 하나님의 장막이 사람들과 함께 있으매 하나님이 저희와 함께 거하시리니 저희는 하나님의 백성이 되고 하나님은 친히 저희와 함께 계셔서
Metee nne dennen bi fi ahengua no so se, “Afei, Onyankopɔn atenae wɔ nnipa mu. Ɔne wɔn bɛtena na wɔayɛ ne nkurɔfo. Onyankopɔn no ankasa ne wɔn bɛtena na wayɛ wɔn Nyankopɔn.
4 모든 눈물을 그 눈에서 씻기시매 다시 사망이 없고 애통하는 것이나 곡하는 것이나 아픈 것이 다시 있지 아니하리니 처음 것들이 다 지나갔음이러라'
Na ɔbɛpepa wɔn aniwa mu nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nni hɔ bio. Na kan nneɛma no atwa mu.”
5 보좌에 앉으신 이가 가라사대 `보라 내가 만물을 새롭게 하노라' 하시고 또 가라사대 `이 말은 신실하고 참되니 기록하라' 하시고
Afei nea ɔte ahengua no so no kae se, “Afei mereyɛ nneɛma nyinaa foforo!” Ɔka kyerɛɛ me nso se, “Kyerɛw eyi, efisɛ saa nsɛm yi yɛ nokware a wɔde wɔn ho to so.”
6 또 내게 말씀하시되 `이루었도다 나는 알파와 오메가요 처음과 나중이라 내가 생명수 샘물로 목마른 자에게 값없이 주리니
Na ɔka kyerɛɛ me se, “Wɔawie! Me ne Alfa ne Omega, Mfiase ne Awiei no. Obiara a osukɔm de no no, mɛma no nsu a efi nkwa asuti mu anom kwa.
7 이기는 자는 이것들을 유업으로 얻으리라 나는 저의 하나님이 되고 그는 내 아들이 되리라
Obiara a obedi nkonim no benya eyi afi me nkyɛn. Mɛyɛ ne Nyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ba.
8 그러나 두려워하는 자들과, 믿지 아니하는 자들과, 흉악한 자들과, 살인자들과, 행음자들과, 술객들과, 우상 숭배자들과, 모든 거짓말 하는 자들은 불과 유황으로 타는 못에 참여 하리니 이것이 둘째 사망이라 (Limnē Pyr g3041 g4442)
Nanso ahufo ne wɔn a wonnye nni ne akyiwadeyɛfo ne awudifo ne nguamanfo ne asumanfo ne abosonsomfo ne atorofo nyinaa benya wɔn kyɛfa wɔ ɔtare a ogya ne sufre dɛw wɔ mu no mu. Ɛno ne owuprenu no.” (Limnē Pyr g3041 g4442)
9 일곱 대접을 가지고 마지막 일곱 재앙을 담은 일곱 천사 중 하나가 나아와서 내게 말하여 가로되 이리 오라 내가 신부 곧 어린 양의 아내를 네게 보이리라' 하고
Abɔfo baason a wokurakura nkuruwa ason a ɔhaw ason a etwa to no ahyɛ ma wɔ mu baako baa me nkyɛn bɛkae se, “Bra, na mɛkyerɛ wo Ayeforo a ɔyɛ Oguamma no yere no.”
10 성령으로 나를 데리고 크고 높은 산으로 올라가 하나님께로부터 하늘에서 내려오는 거룩한 성 예루살렘을 보이니
Honhom no faa me, na ɔbɔfo no de me kɔɔ bepɔw tenten bi atifi. Ɔkyerɛɛ me Yerusalem, Kurow Kronkron a efi ɔsoro, Onyankopɔn hɔ, resian aba fam.
11 하나님의 영광이 있으매 그 성의 빛이 지극히 귀한 보석 같고 벽옥과 수정같이 맑더라
Ɛhyerɛn Onyankopɔn anuonyam mu, na ne hyerɛn no te sɛ aboɔdemmo a ɛsɛ ahwehwɛbo a ani tew sɛ ahwehwɛ.
12 크고 높은 성곽이 있고 열 두 문이 있는데 문에 열 두 천사가 있고 그 문들 위에 이름을 썼으니 이스라엘 자손 열 두 지파의 이름들이라
Na ne fasu no wɔ ahoɔden na ɛware yiye nso. Apon dumien gu ano a, abɔfo dumien na wɔhwɛ so. Na ɔpon biara so no wɔakyerɛw Israel mmusuakuw dumien no mu baako din.
13 동편에 세 문, 북편에 세 문, 남편에 세 문, 서편에 세 문이니
Apon abiɛsa wɔ apuei; abiɛsa wɔ anafo; abiɛsa wɔ atifi na abiɛsa wɔ atɔe.
14 그 성에 성곽은 열 두 기초석이 있고 그 위에 어린 양의 십 이 사도의 열 두 이름이 있더라
Wosii kurow no afasu sii abo dumien a wɔakyerɛw Oguamma no asomafo dumien no din wɔ so no so.
15 내게 말하는 자가 그 성과 그 문들과 성곽을 척량하려고 금 갈대를 가졌더라
Ɔbɔfo a ɔkasa kyerɛɛ me no kura sikakɔkɔɔ pema susudua a wɔde besusuw kurow no, nʼapon ne nʼafasu.
16 그 성은 네모가 반듯하여 장광이 같은지라 그 갈대로 그 성을 척량하니 일만 이천 스다디온이요 장과 광과 고가 같더라
Na kurow no yɛ ahinanan a ne tenten ne ne trɛw yɛ pɛ. Ɔbɔfo no de ne susudua no susuw kurow no. Na ne tenten yɛ kilomita mpem abien ne ahannan, na ne trɛw, ne sorokɔ ne ne tenten nyinaa yɛ pɛ.
17 그 성곽을 척량하매 일백 사십 사 규빗이니 사람의 척량 곧 천사의 척량이라
Ɔbɔfo no susuw ɔfasu no nso a na ne sorokɔ nso bɛyɛ sɛ mita aduosia.
18 그 성곽은 벽옥으로 쌓였고 그 성은 정금인데 맑은 유리 같더라
Ahwehwɛbo na ɔde too afasu no. Na kurow no de, sikakɔkɔɔ ankasa a ɛhyerɛn te sɛ ahwehwɛ na wɔde toe.
19 그 성의 성곽의 기초석은 각색 보석으로 꾸몄는데 첫째 기초석은 벽옥이요, 둘째는 남보석이요, 세째는 옥수요, 네째는 녹보석이요,
Wɔde aboɔdemmo ahorow a ɛyɛ fɛ na ɛhyehyɛɛ kurow no fapem. Fapem a edi kan yɛ ahwehwɛbo. Fapem a ɛto so abien yɛ hoabo. Fapem a ɛto so abiɛsa yɛ omununkumbo. Fapem a ɛto so anan yɛ ahabammono bo.
20 다섯째는 홍마노요, 여섯째는 홍보석이요, 일곱째는 황옥이요, 여덟째는 녹옥이요, 아홉째는 담황옥이요, 열째는 비취옥이요, 열 한째는 청옥이요, 열 두째는 자정이라
Fapem a ɛto so anum yɛ ɛtɔnbo. Fapem a ɛto so asia yɛ bogyanambo. Fapem a ɛto so ason yɛ sikabereɛbo. Fapem a ɛto so awotwe yɛ apopobibiribo. Fapem a ɛto so akron yɛ akraatebo. Fapem a ɛto so du yɛ dɛnkyɛmmo. Fapem a ɛto so dubaako yɛ wusiwbo. Fapem a ɛto so dumien yɛ beredumbo.
21 그 열 두 문은 열 두 진주니 문마다 한 진주요 성의 길은 맑은 유리같은 정금이더라
Na wɔde nhene pa dumien na ɛyɛɛ apon dumien no. Wɔde ahene pa baako na ɛyɛɛ apon no mu biara. Na kurow no abɔntenkɛse no yɛ sika ankasa, kurunnyenn sɛ ahwehwɛ.
22 성 안에 성전을 내가 보지 못하였으니 이는 주 하나님 곧 전능하신 이와 및 어린 양이 그 성전이심이라
Na manhu asɔredan wɔ kurow no baabiara mu, efisɛ Awurade Nyankopɔn Tumfo ne Oguamma no ne asɔredan.
23 그 성은 해나 달의 비췸이 쓸데 없으니 이는 하나님의 영광이 비취고 어린 양이 그 등이 되심이라
Na owia anaa ɔsram hann nhia kurow no, efisɛ na Onyankopɔn ne Oguamma no anuonyam hyerɛn wɔ hɔ.
24 만국이 그 빛 가운데로 다니고 땅의 왕들이 자기 영광을 가지고 그리로 들어오리라
Ne hann no bɛhyerɛn asase so aman nyinaa so, na asase so aman so ahene de wɔn ahode bɛba hɔ.
25 성문들을 낮에 도무지 닫지 아니하리니 거기는 밤이 없음이라
Wɔntoto kurow no apon mu. Da biara ano da hɔ. Efisɛ sum nnuru wɔ hɔ.
26 사람들이 만국의 영광과 존귀를 가지고 그리로 들어오겠고
Wɔde aman no kɛseyɛ ne wɔn ahonya bɛba kurow no mu.
27 무엇이든지 속된 것이나 가증한 일 또는 거짓말하는 자는 결코 그리로 들어오지 못하되 오직 어린 양의 생명책에 기록된 자들 뿐이라
Nanso biribiara a ɛho ntew nkɔ kurow no mu. Saa ara na obi a ɔyɛ aniwude anaa otwa atoro nkɔ mu. Wɔn a wɔakyerɛw wɔn din ahyɛ Oguamma no nkwa nhoma no mu no nko ara na wɔbɛkɔ kurow no mu.

< 요한계시록 21 >