< 시편 79 >
1 (아삽의 시) 하나님이여, 열방이 주의 기업에 들어와서 주의 성전을 더럽히고 예루살렘으로 돌 무더기가 되게 하였나이다
Asaf dwom. Ao Onyankopɔn, amanaman no atow ahyɛ wʼagyapade so; wɔagu wʼasɔredan kronkron no ho fi, wɔama Yerusalem adan nnwiriwii.
2 저희가 주의 종들의 시체를 공중의 새에게 밥으로 주며 주의 성도들의 육체를 땅 짐승에게 주며
Wɔde wʼasomfo afunu ayɛ aduan ama wim nnomaa, na wɔde wʼahotefo nam ama asase so mmoa.
3 그들의 피를 예루살렘 사면에 물 같이 흘렸으며 그들을 매장하는 자가 없었나이다
Wɔahwie mogya agu te sɛ nsu wɔ Yerusalem ho nyinaa, na obiara nni hɔ a obesie awufo no.
4 우리는 우리 이웃에게 비방거리가 되며 우리를 에운 자에게 조소와 조롱거리가 되었나이다
Yɛayɛ animtiaabude ama yɛn mfɛfo, fɛwdi ne nsopa ama wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia.
5 여호와여, 어느 때까지니이까? 영원히 노하시리이까? 주의 진노가 불붙듯 하시리이까?
Awurade, enkosi da bɛn? Wo bo befuw afebɔɔ ana? Wo ninkunu bɛdɛw sɛ ogya akosi da bɛn?
6 주를 알지 아니하는 열방과 주의 이름을 부르지 아니하는 열국에 주의 노를 쏟으소서
Hwie wʼabufuw gu amanaman a wonnye wo nto mu no so, ahenni a wɔmmɔ wo din no;
7 저희가 야곱을 삼키고 그 거처를 황폐케 함이니이다
efisɛ wɔakum Yakob na wɔasɛe nʼatenae.
8 우리 열조의 죄악을 기억하여 우리에게 돌리지 마옵소서 우리가 심히 천하게 되었사오니 주의 긍휼하심으로 속히 우리를 영접하소서
Mfa yɛn agyanom bɔne so asotwe mma yɛn; ma wo mmɔborɔhunu mmra yɛn so ntɛm, na yɛwɔ ahohiahia mu.
9 우리 구원의 하나님이여, 주의 이름의 영광을 위하여 우리를 도우시며 주의 이름을 위하여 우리를 건지시며 우리 죄를 사하소서
Onyankopɔn yɛn Agyenkwa, boa yɛn, wo din no anuonyam nti; gye yɛn na fa yɛn bɔne kyɛ yɛn wo din nti.
10 어찌하여 열방으로 저희 하나님이 어디 있느냐? 말하게 하리이까 주의 종들의 피 흘림 당한 보수를 우리 목전에 열방 중에 알리소서
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ amanaman ka se, “Wɔn Nyankopɔn wɔ he?” Yɛn anim ha ara, ma wonhu wɔ amanaman mu sɛ wotɔ wʼasomfo mogya a wɔahwie agu no so werɛ.
11 갇힌 자의 탄식으로 주의 앞에 이르게 하시며 죽이기로 정한 자를 주의 크신 능력을 따라 보존하소서
Ma nneduafo no apinisi nnu wʼanim; fa wo basa ahoɔden no kora wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no.
12 주여 우리 이웃이 주를 훼방한 그 훼방을 저희 품에 칠배나 갚으소서
Awurade, ahohora a yɛn mfɛfo asum agu wo so no, tua wɔn so ka mpɛn ason.
13 그러하면 주의 백성 곧 주의 기르시는 양 된 우리는 영원히 주께 감사하며 주의 영예를 대대로 전하리이다
Na yɛn a yɛyɛ wo nkurɔfo, wʼadidibea nguan no, beyi wo ayɛ daa nyinaa; efi awo ntoatoaso kosi awo ntoatoaso, yɛbɛkɔ so aka wʼayeyi akyerɛ. Wɔde ma dwonkyerɛfo sɛ wɔnto no “Sonannim Edut” sanku nne so.