< 시편 59 >
1 (다윗의 믹담 시. 영장으로 알다스헷에 맞춘 노래. 사울이 사람을 보내어 다윗을 죽이려고 그 집을 지킨 때에) 나의 하나님이여, 내 원수에게서 나를 건지시고 일어나 치려는 자에게서 나를 높이 드소서
Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Mma Ɛnsɛe No” sankuo nne so. Dawid “miktam” dwom. Ɔtoo no ɛberɛ a Saulo soma kɔwɛn Dawid fie sɛ wɔbɛkum no. Ao Onyankopɔn, gye me firi mʼatamfoɔ nsam; bɔ me ho ban firi wɔn a wɔtaa me so no ho.
2 사악을 행하는 자에게서 나를 건지시고 피흘리기를 즐기는 자에게서 나를 구원하소서
Gye me firi amumuyɛfoɔ nsam. Gye me nkwa firi mogyapɛfoɔ nsam.
3 저희가 나의 생명을 해하려고 엎드려 기다리고 강한 자가 모여 나를 치려 하오니 여호와여 이는 나의 범과를 인함이 아니요 나의 죄를 인함도 아니로소이다
Hwɛ sɛdeɛ wɔatɛ repɛ me akum me akokobirefoɔ bɔ pɔ bɔne tia me a ɛnyɛ mfomsoɔ anaa bɔne bi a mayɛ enti, Ao Awurade.
4 내가 허물이 없으나 저희가 달려와서 스스로 준비하오니 주여, 나를 도우시기 위하여 깨사 감찰하소서
Menyɛɛ mfomsoɔ bi, nanso wɔayɛ krado sɛ wɔbɛto ahyɛ me so. Sɔre bɛgye me; hwɛ mʼamanehunu!
5 만군의 하나님 여호와 이스라엘의 하나님이여, 일어나 열방을 벌하소서 무릇 간사한 악인을 긍휼히 여기지 마소서 (셀라)
Ao Asafo Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn, ma wo ho so na twe amanaman no nyinaa aso; nhunu amumuyɛfoɔ nkontompofoɔ no mmɔbɔ.
6 저희가 저물게 돌아와서 개처럼 울며 성으로 두루 다니고
Wɔsane ba anwummerɛ, wɔpɔ so sɛ nkraman, na wɔkyinkyin kuropɔn no mu.
7 그 입으로 악을 토하며 그 입술에는 칼이 있어 이르기를 누가 들으리요 하나이다
Hwɛ deɛ wɔfe firi wɔn anomu, wɔfe akofena firi wɔn anomu na wɔka sɛ: “Hwan na ɔteɛ”?
8 여호와여, 주께서 저희를 웃으시리니 모든 열방을 비웃으시리이다
Nanso, wo Awurade, wosere wɔn; wodi saa aman no nyinaa ho fɛw.
9 하나님은 나의 산성이시니 저의 힘을 인하여 내가 주를 바라리이다
Ao mʼAhoɔden, mehwɛ wo; wo, Ao Onyankopɔn ne mʼabankɛseɛ,
10 나의 하나님이 그 인자하심으로 나를 영접하시며 내 원수의 보응받는 것을 나로 목도케 하시리이다
me Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ. Onyankopɔn bɛdi mʼanim na ɔbɛma mahwɛ wɔn a wɔbɔ me ahohora no haa.
11 저희를 죽이지 마옵소서 나의 백성이 잊을까 하나이다 우리 방패되신 주여, 주의 능력으로 저희를 흩으시고 낮추소서
Nanso nkum wɔn, Ao Awurade yɛn akokyɛm, na me nkurɔfoɔ werɛ amfiri wɔn. Wo tumi mu no ma wɔnnantenante, na brɛ wɔn ase.
12 저희 입술의 말은 곧 그 입의 죄라 저희의 저주와 거짓말을 인하여 저희로 그 교만한 중에서 사로잡히게 하소서
Bɔne a ɛfiri wɔn anomu, ne wɔn ano nsɛm enti ma wɔn ahomasoɔ nkyekyere wɔn. Abususɛm a wɔka ne atorɔ a wɔtwa enti,
13 진노하심으로 소멸하시되 없기까지 소멸하사 하나님이 야곱 중에 다스리심을 땅 끝까지 알게 하소서 (셀라)
sɛe wɔn wɔ abufuhyeɛ mu, kɔsi sɛ wɔn ase bɛtɔre. Afei ɛbɛma asase so afanan nyinaa ahunu sɛ Onyankopɔn di Yakob so.
14 저희로 저물게 돌아와서 개처럼 울며 성으로 두루 다니게 하소서
Wɔsane ba anwummerɛ, wɔpɔ so sɛ nkraman na wɔkyinkyin kuropɔn no mu.
15 저희는 식물을 위하여 유리하다가 배부름을 얻지 못하면 밤을 새우려니와
Wɔkyinkyini pɛ aduane na sɛ wɔammee a, wɔsu bobom.
16 나는 주의 힘을 노래하며 아침에 주의 인자하심을 높이 부르오리니 주는 나의 산성이시며 나의 환난 날에 피난처심이니이다
Nanso mɛto wʼahoɔden ho dwom, mɛto wʼadɔeɛ ho dwom anɔpa; ɛfiri sɛ woyɛ mʼabankɛseɛ, mʼahintaeɛ wɔ ahohia mmerɛ mu.
17 나의 힘이시여, 내가 주께 찬송하오리니 하나님은 나의 산성이시며 나를 긍휼히 여기시는 하나님이심이니이다
Ao mʼAhoɔden, mɛto ayɛyi dwom ama wo; wo, Ao Onyankopɔn, ne mʼabankɛseɛ, me Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Susan Edut.”