< 시편 22 >

1 (다윗의 시. 영장으로 아앨렛샤할에 맞춘 노래) 내 하나님이여, 내 하나님이여, 어찌 나를 버리셨나이까? 어찌 나를 멀리하여 돕지 아니하옵시며 내 신음하는 소리를 듣지 아니하시나이까?
Wɔde ma dwonkyerɛfo. Wɔto no sɛnea wɔto “Adekyee forote” dwom. Dawid dwom. Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woagyaw me? Adɛn nti na me nkwagye ne wo ntam aware, adɛn na mʼapinisi nsɛm ne wo ntam aware?
2 내 하나님이여, 내가 낮에도 부르짖고 밤에도 잠잠치 아니하오나 응답지 아니하시나이다
Me Nyankopɔn, misu frɛ wo awia, nanso wunnye me so, mefrɛ wo anadwo, nanso minnya ɔhome.
3 이스라엘의 찬송 중에 거하시는 주여, 주는 거룩하시니이다
Nanso wɔasi wo hene sɛ Ɔkronkronni; wo na Israel kamfo wo.
4 우리 열조가 주께 의뢰하였고 의뢰하였으므로 저희를 건지셨나이다
Wo mu na yɛn agyanom de wɔn werɛ hyɛe; wogyee wo dii, na wugyee wɔn.
5 저희가 주께 부르짖어 구원을 얻고 주께 의뢰하여 수치를 당치 아니하였나이다
Wosu frɛɛ wo na wugyee wɔn, wɔde wɔn ho too wo so na woanni wɔn nhuammɔ.
6 나는 벌레요 사람이 아니라 사람의 훼방거리요 백성의 조롱거리니이다
Nanso meyɛ osunson, na menyɛ onipa nnipa bɔ me ahohora na wobu me animtiaa.
7 나를 보는 자는 다 비웃으며 입술을 비쭉이고 머리를 흔들며 말하되
Obiara a ohu me di me ho fɛw; wotwa me adapaa, wosow wɔn ti ka se:
8 저가 여호와께 의탁하니 구원하실걸, 저를 기뻐하시니 건지실걸 하나이다
“Ɔde ne ho to Awurade so; ma Awurade mmegye no. Ma ɔmmɛboa no, efisɛ ɔwɔ no mu anigye.”
9 오직 주께서 나를 모태에서 나오게 하시고 내 모친의 젖을 먹을때에 의지하게 하셨나이다
Wo na wuyii me fii awotwaa mu bae na womaa me de me ho too wo so bere a mitua me na nufu ano mpo.
10 내가 날 때부터 주께 맡긴바 되었고 모태에서 나올 때부터 주는 내 하나님이 되셨사오니
Efi mʼawo mu na wɔde me too wo so; efi me na yafunu mu, woayɛ me Nyankopɔn.
11 나를 멀리하지 마옵소서 환난이 가깝고 도울 자 없나이다
Ntwe wo ho mfi me ho! Efisɛ amane abɛn na ɔboafo nni baabi.
12 많은 황소가 나를 에워싸며 바산의 힘센 소들이 나를 둘렀으며
Anantwinini bebree atwa me ho ahyia; Basan anantwinini a wɔn ho yɛ den atwa me ho ahyia.
13 내게 그 입을 벌림이 찢고 부르짖는 사자 같으니이다
Gyata a wɔbobɔ mu na wɔtetew wɔn hanam mu abuebue wɔn anom tɛtrɛɛ de kyerɛ me.
14 나는 물같이 쏟아졌으며 내 모든 뼈는 어그러졌으며 내 마음은 촛밀 같아서 내 속에서 녹았으며
Wɔahwie me agu sɛ nsu, na me nnompe nyinaa ahodwow. Me koma adan amane; anan wɔ me mu.
15 내 힘이 말라 질그릇 조각 같고 내 혀가 잇틀에 붙었나이다 주께서 또 나를 사망의 진토에 두셨나이다
Mʼanom ayow te sɛ kyɛmfɛre mu. Na me tɛkrɛma atare mʼanom. Wode me to owu mfutuma mu.
16 개들이 나를 에워쌌으며 악한 무리가 나를 둘러 내 수족을 찔렀나이다
Akraman atwa me ho ahyia, nnebɔneyɛfo kuw atwa me ahyia, wɔahwirew me nsa ne mʼanan mu.
17 내가 내 모든 뼈를 셀 수 있나이다 저희가 나를 주목하여 보고
Me nnompe nyinaa gu petee mu; Mʼatamfo hwɛ me haa na wɔserew me.
18 내 겉옷을 나누며 속옷을 제비뽑나이다
Wɔkyɛ me atade mu fa, na wɔbɔ me ntama so ntonto.
19 여호와여, 멀리하지 마옵소서 나의 힘이시여, 속히 나를 도우소서
Na wo, Awurade, ntwe wo ho; wone mʼahoɔden, bra ntɛm bɛboa me.
20 내 영혼을 칼에서 건지시며 내 유일한 것을 개의 세력에서 구하소서
Gye me kra fi afoa ano; gye me nkwa a ɛsom bo no fi akraman tumi ase.
21 나를 사자 입에서 구하소서 주께서 내게 응락하시고 들소 뿔에서 구원하셨나이다
Gye me nkwa fi gyata anom; gye me fi ɛko mmɛn so.
22 내가 주의 이름을 형제에게 선포하고 회중에서 주를 찬송하리이다
Mɛbɔ wo din akyerɛ me nuanom; mɛkamfo wo wɔ wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa anim.
23 여호와를 두려워하는 너희여, 그를 찬송할지어다 야곱의 모든 자손이여, 그에게 영광을 돌릴지어다 너희 이스라엘 모든 자손이여, 그를 경외할지어다
Monkamfo Awurade, mo a musuro no no! Mo a moyɛ Yakob asefo, monhyɛ no anuonyam! Mo Israel asefo nyinaa, munni no ni!
24 그는 곤고한 자의 곤고를 멸시하거나 싫어하지 아니하시며 그 얼굴을 저에게서 숨기지 아니하시고 부르짖을 때에 들으셨도다
Ommuu nʼani nguu ɔmanehunufo ateetee so ɛ, ɔmfaa nʼanim nhintaw no; na mmom watie ne sufrɛ a ɔde rehwehwɛ mmoa no.
25 대회 중에 나의 찬송은 주께로서 온 것이니 주를 경외하는 자 앞에서 나의 서원을 갚으리이다
Me botae a mede yi wo ayɛ wɔ bagua mu no fi wo; medi me bɔhyɛ so wɔ wɔn a wosuro wo no anim.
26 겸손한 자는 먹고 배부를 것이며 여호와를 찾는 자는 그를 찬송할 것이라 너희 마음은 영원히 살지어다
Ahiafo bedidi na wɔamee; wɔn a wɔhwehwɛ Awurade beyi no ayɛ, mo koma nnya nkwa daa.
27 땅의 모든 끝이 여호와를 기억하고 돌아오며 열방의 모든 족속이 주의 앞에 경배하리니
Asase ano nyinaa bɛkae akɔ Awurade nkyɛn, na amanaman no mmusua nyinaa bɛkotow nʼanim,
28 나라는 여호와의 것이요 여호와는 열방의 주재심이로다
efisɛ tumi wɔ Awurade na odi amanaman so hene.
29 세상의 모든 풍비한 자가 먹고 경배할 것이요 진토에 내려가는 자 곧 자기 영혼을 살리지 못할 자도 다 그 앞에 절하리로다
Asase so adefo nyinaa bedidi na wɔasɔre no; wɔn a wɔkɔ dɔte mu nyinaa bebu nkotodwe nʼanim, wɔn a wɔrentumi mma nkwa mu.
30 후손이 그를 봉사할 것이요 대대에 주를 전할 것이며
Nkyirimma nyinaa bɛsom no; wɔbɛka Awurade ho asɛm akyerɛ awo ntoatoaso a edidi so.
31 와서 그 공의를 장차 날 백성에게 전함이여 주께서 이를 행하셨다 할 것이로다
Wɔbɛka ne trenee akyerɛ nnipa a wonnya nwoo wɔn efisɛ ɔno na wayɛ.

< 시편 22 >