< 잠언 4 >

1 아들들아 아비의 훈계를 들으며 명철을 얻기에 주의하라
Me mma, muntie me, muntie agya nkyerɛkyerɛ; monyɛ aso na moanya ntease.
2 내가 선한 도리를 너희에게 전하노니 내 법을 떠나지 말라
Mema mo adesua a ɛkɔ anim, enti munnnyaa me nkyerɛkyerɛ mu.
3 나도 내 아버지에게 아들이었었으며 내 어머니 보기에 유약한 외아들이었었노라
Efisɛ na me nso, meyɛ mʼagya babarima, meda so yɛ akokoaa no, na me na ani gye me ho.
4 아버지가 내게 가르쳐 이르기를 내 말을 네 마음에 두라 내 명령을 지키라 그리하면 살리라
Na ɔkyerɛkyerɛɛ me se, “Ma me nsɛm nni wo koma mu dɛm, di me nkyerɛkyerɛ so na wubenya nkwa.
5 지혜를 얻으며 명철을 얻으라 내 입의 말을 잊지 말며 어기지 말라
Nya nyansa, nya ntease; mma wo werɛ mfi me nsɛm anaa ntwe wo ho mfi ho.
6 지혜를 버리지 말라 그가 너를 보호하리라 그를 사랑하라 그가 너를 지키리라
Nnyaw nyansa hɔ, na ɛbɛbɔ wo ho ban; dɔ no, na ɛbɛhwɛ wo so.
7 지혜가 제일이니 지혜를 얻으라! 무릇 너의 얻은 것을 가져 명철을 얻을지니라
Nyansa boro biribiara so; enti hwehwɛ nyansa. Ɛwɔ mu sɛ ne bo te sɛ wʼahode nyinaa de, nanso nya ntease.
8 그를 높이라 그리하면 그가 너를 높이 들리라 만일 그를 품으면 그가 너를 영화롭게 하리라
Di no ni na ɛbɛma wo so; yɛ no atuu, na ɛbɛhyɛ wo anuonyam.
9 그가 아름다운 관을 네 머리에 두겠고 영화로운 면류관을 네게 주리라 하였느니라
Ɔde nkonimdi nhwiren hankare begu wo ti so na wama wo ahenkyɛw a ɛyɛ fɛ.”
10 내 아들아 들으라 내 말을 받으라! 그리하면 네 생명의 해가 길리라
Me ba, tie na fa nea meka no, na wo nkwanna bɛyɛ bebree.
11 내가 지혜로운 길로 네게 가르쳤으며 정직한 첩경으로 너를 인도하였은즉
Mɛkyerɛ wo nyansa kwan so na mede wo afa akwan a ɛteɛ so.
12 다닐 때에 네 걸음이 곤란하지 아니하겠고 달려갈 때에 실족하지 아니하리라
Sɛ wonantew a, wʼanammɔntu bɛkɔ waa na sɛ wutu mmirika a, worenhintiw.
13 훈계를 굳게 잡아 놓치지 말고 지키라 이것이 네 생명이니라
Di nkyerɛkyerɛ so; na nnyaa mu, bɔ ho ban yiye, efisɛ ɛyɛ wo nkwa.
14 사특한 자의 첩경에 들어가지 말며 악인의 길로 다니지 말지어다
Ntu wo nan nsi amumɔyɛfo kwan so na nnantew abɔnefo kwan so.
15 그 길을 피하고 지나가지 말며 돌이켜 떠나갈지어다
Kwati no, ntu kwan mfa so; dan fi so na kɔ wo kwan.
16 그들은 악을 행하지 못하면 자지 못하며 사람을 넘어뜨리지 못하면 잠이 오지 아니하며
Efisɛ wɔnyɛɛ bɔne a wontumi nna; na wɔn nna tew yera kosi sɛ wɔbɛma obi ahwe ase.
17 불의의 떡을 먹으며 강포의 술을 마심이니라
Wodi amumɔyɛsɛm brodo, na wɔnom kitikitiyɛ nsa.
18 의인의 길은 돋는 햇볕 같아서 점점 빛나서 원만한 광명에 이르거니와
Atreneefo kwan te sɛ adekyee hann a edi kan, ɛkɔ so hyerɛn yiye kodu awia ketee.
19 악인의 길은 어둠 같아서 그가 거쳐 넘어져도 그것이 무엇인지 깨닫지 못하느니라
Nanso amumɔyɛfo kwan te sɛ sum kabii; wonnim nea ɛma wohintiw.
20 내 아들아 내 말에 주의하며 나의 이르는 것에 네 귀를 기울이라
Me ba, yɛ aso ma nea meka; tie me nsɛm no yiye.
21 그것을 네 눈에서 떠나게 말며 네 마음 속에 지키라
Mma emfi wʼani so, fa sie wo koma mu;
22 그것은 얻는 자에게 생명이 되며 그 온 육체의 건강이 됨이니라
efisɛ, ɛyɛ nkwa ma wɔn a wohu ne akwahosan ma nipadua no nyinaa.
23 무릇 지킬만한 것보다 더욱 네 마음을 지키라 생명의 근원이 이에서 남이니라
Ne nyinaa akyi, bɔ wo koma ho ban, efisɛ, ɛno ne wo nkwa asuti.
24 궤휼을 네 입에서 버리며 사곡을 네 입술에서 멀리하라
Mma oburu kasa mfi wʼano; mma nkontomposɛm mmɛn wʼano koraa.
25 네 눈은 바로 보며 네 눈꺼풀은 네 앞을 곧게 살펴
Hwɛ wʼanim tee, na ma wʼani nkɔ nea ɛwɔ wʼanim no so.
26 네 발의 행할 첩경을 평탄케 하며 네 모든 길을 든든히 하라
Bɔ ɔkwan tamaa ma wʼanan na fa akwan a atim so.
27 우편으로나 좌편으로나 치우치지 말고 네 발을 악에서 떠나게 하라
Mman mfa nifa anaa benkum; twe wo nan fi bɔne ho.

< 잠언 4 >