< 마태복음 14 >

1 그 때에 분봉왕 헤롯이 예수의 소문을 듣고
Bere no mu ara na Herode a na odi hene wɔ Galilea no tee Yesu nka,
2 그 신하들에게 이르되 `이는 세례 요한이라 저가 죽은 자 가운데서 살아 났으니 그러므로 이런 권능이 그 속에서 운동하는도다' 하더라
na ɔka kyerɛɛ nʼasomfo ne se, “Oyi yɛ Osuboni Yohane na wasɔre afi awufo mu. Eyi nti na wanya tumi foforo de reyɛ anwonwade ahorow yi.”
3 전에 헤롯이 그 동생 빌립의 아내 헤로디아의 일로 요한을 잡아 결박하여 옥에 가두었으니
Saa bere no na Herode ama wɔakyere Osuboni Yohane ato afiase, efisɛ na wakasa atia Herodia ne Herode aware no
4 이는 요한이 헤롯에게 말하되 `당신이 그 여자를 취한 것이 옳지 않다' 하였음이라
sɛ, Herode aware ne nua Filipo yere.
5 헤롯이 요한을 죽이려 하되 민중이 저를 선지자로 여기므로 민중을 두려워하더니
Herode pɛɛ sɛ okum Yohane. Nanso na osuro sɛ, sɛ okum no a basabasayɛ bɛba ɔman no mu. Efisɛ na nnipa no nyinaa bu Yohane sɛ odiyifo.
6 마침 헤롯의 생일을 당하여 헤로디아의 딸이 연석 가운데서 춤을 추어 헤롯을 기쁘게 하니
Ɛbaa sɛ na Herode redi nʼawoda. Awoda no ase na Herodia babea bɛsaw ma a ɛyɛɛ Herode fɛ.
7 헤롯이 맹세로 `그에게 무엇이든지 달라는대로 주겠다' 허락하거늘
Eyi maa Herode kaa ntam, hyɛɛ no bɔ se ommisa nea ɔpɛ biara na ɔde bɛma no.
8 그가 제 어미의 시킴을 듣고 가로되 `세례 요한의 머리를 소반에 담아 여기서 내게 주소서' 하니
Ne na maa no kae se, “Fa Osuboni Yohane ti a wɔatwa to prɛte mu ma me wɔ ha.”
9 왕이 근심하나 자기의 맹세한 것과 그 함께 앉은 사람들을 인하여 주라 명하고
Herode tee asɛm no, ɛyɛɛ no yaw ma ɛhaw no. Nanso esiane ntam a waka wɔ nnipa a wɔahyia hɔ no anim no nti, ɔhyɛ ma wɔyɛɛ nea ababaa no hwehwɛ no maa no.
10 사람을 보내어 요한을 옥에서 목 베어
Herode soma ma wokotwaa Yohane ti wɔ afiase hɔ.
11 그 머리를 소반에 담아다가 그 여아에게 주니 그가 제 어미에게 가져 가니라
Wɔde ti a wɔatwa no too prɛte mu de brɛɛ ababaa no ma ɔde kɔmaa ne na.
12 요한의 제자들이 와서 시체를 가져다가 장사하고 가서 예수께 고하니라
Yohane asuafo no bɛfaa nʼamu no kosiee no. Eyi akyi no wɔkɔbɔɔ Yohane wu no ho amanneɛ kyerɛɛ Yesu.
13 예수께서 들으시고 배를 타고 떠나사 따로 빈 들에 가시니 무리가 듣고 여러 고을로부터 걸어서 좇아간지라
Yesu tee Osuboni Yohane wu no, ɔtew ne ho kɔtenaa baabi. Nnipa tee ne nka ma wɔnam fam fi wɔn nkurow ne wɔn nkuraa tiw no kɔɔ nea ɔwɔ hɔ.
14 예수께서 나오사 큰 무리를 보시고 불쌍히 여기사 그 중에 있는 병인을 고쳐 주시니라
Yesu fii ɔkorow no mu baa nea nnipa no wɔ hɔ no. Ohuu nnipadɔm no, ne yam hyehyee no maa wɔn. Eyi ma ɔsaa ayarefo a wɔwɔ wɔn mu no yare.
15 저녁이 되매 제자들이 나아와 가로되 `이곳은 빈 들이요 때도 이미 저물었으니 무리를 보내어 마을에 들어가 먹을 것을 사먹게 하소서'
Anim rebiribiri no, Yesu asuafo no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Ade asa awie. Aduan biara nso nni ha. Ɛha nso mmɛn kurow biara. Enti gya nnipa no kwan, na wɔnkɔhwehwɛ aduan ntɔ nni wɔ nkurow no bi so.”
16 예수께서 가라사대 갈 것 없다 너희가 먹을 것을 주라
Yesu buaa wɔn se, “Ɛho nhia sɛ wɔkɔ; momma wɔn aduan nni!”
17 제자들이 가로되 `여기 우리에게 있는 것은 떡 다섯 개와 물고기 두 마리 뿐이니이다'
Asuafo no ka kyerɛɛ no se, “Nea yɛwɔ nyinaa yɛ brodo anum ne mpataa abien pɛ.”
18 가라사대 그것을 내게 가져오라 하시고
Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa mmrɛ me.”
19 무리를 명하여 잔디 위에 앉히시고 떡 다섯개와 물고기 두 마리를 가지사 하늘을 우러러 축사하시고 떡을 떼어 제자들에게 주시매 제자들이 무리에게 주니
Afei ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no ma wɔtenatenaa ase wɔ sare no so. Ɔhwɛɛ soro bɔɔ mpae, hyiraa aduan no so. Afei obubuu mu de maa nʼasuafo no ma wɔkyekyɛ maa nnipadɔm no.
20 다 배불리 먹고 남은 조각을 열 두 바구니에 차게 거두었으며
Obiara dii nea wɔde maa no no mee pintinn. Afei asuafo no boaboaa nea wodi ma ɛkae no ano no, ɛyɛɛ nkɛntɛn dumien.
21 먹은 사람은 여자와 아이 외에 오천 명이나 되었더라
Mmarima a wodii aduan no dodow bɛyɛ mpem anum a mmea ne mmofra no dodow nka ho.
22 예수께서 즉시 제자들을 재촉하사 자기가 무리를 보내는 동안에 배를 타고 앞서 건너편으로 가게 하시고
Nnipadɔm no didi wiee pɛ na Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafo no se, wɔntena ɔkorow no mu nni kan ntwa nkɔ asuogya nohɔ na ɔno de, ɔretena hɔ agya nnipa no kwan.
23 무리를 보내신 후에 기도하러 따로 산에 올라가시다 저물매 거기 혼자 계시더니
Ogyaa wɔn kwan wiee no, ɔkɔɔ bepɔw bi so kɔbɔɔ mpae. Onwini dwoe no, na aka Yesu nko ara wɔ nea ɔwɔ hɔ.
24 배가 이미 육지에서 수 리나 떠나서 바람이 거슬리므로 물결을 인하여 고난을 당하더라
Saa bere no na ɔkorow a asuafo no te mu no adu akyiri. Mframa fii ase bɔɔ dennen maa po no bɔɔ asorɔkye dwiradwiraa ɔkorow no a asuafo no te mu no.
25 밤 사경에 예수께서 바다 위로 걸어서 제자들에게 오시니
Anɔpahema bɛyɛ nnɔnnan bere mu no, Yesu nantew po no ani baa asuafo no nkyɛn.
26 제자들이 그 바다 위로 걸어 오심을 보고 놀라 유령이라 하며 무서워하여 소리지르거늘
Bere a asuafo no huu obi sɛ ɔnam asu no ani reba wɔn nkyɛn no wosuroe, efisɛ na wosusuw sɛ wɔahu ɔsaman. Ɛmaa wɔde hu teɛteɛɛ mu.
27 예수께서 즉시 일러 가라사대 안심하라 내니 두려워 말라!
Ntɛm ara na Yesu ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛyɛ me. Munnsuro. Momma mo bo ntɔ mo yam!”
28 베드로가 대답하여 가로되 `주여 만일 주시어든 나를 명하사 물 위로 오라 하소서' 한대
Petro ka kyerɛɛ no se, “Awurade, sɛ ɛyɛ wo de a, ka kyerɛ me na me nso memfa asu no ani mmra wo nkyɛn.”
29 오라! 하시니 베드로가 배에서 내려 물 위로 걸어서 예수께로 가되
Yesu ka kyerɛɛ Petro se, “Bra!” Petro fii ɔkorow no mu sii asu no ani, nantew sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn.
30 바람을 보고 무서워 빠져 가는지라 소리질러 가로되 `주여 나를 구원하소서' 하니
Nanso ohuu mframa a ɛrebɔ no ne ho popoe. Ofii ase sɛ ɔremem. Ɔteɛteɛɛ mu, frɛɛ Yesu se, “Awurade, gye me na meremem!”
31 예수께서 즉시 손을 내밀어 저를 붙잡으시며 가라사대 믿음이 적은 자여! 왜 의심하였느냐? 하시고
Ɛhɔ ara, Yesu teɛɛ ne nsa twee no. Afei ɔka kyerɛɛ Petro se, “Wo a wo gyidi sua, adɛn na wunnye me nni?”
32 배에 함께 오르매 바람이 그치는지라
Yesu ne Petro kɔtenaa ɔkorow no mu no, mframa no gyaee bɔ.
33 배에 있는 사람들이 예수께 절하며 가로되 `진실로 하나님의 아들이로소이다' 하더라
Asuafo a wɔwɔ ɔkorow no mu no de ahodwiriw bɛkotow Yesu kae se, “Onyankopɔn Ba ne wo ampa!”
34 저희가 건너가 게네사렛 땅에 이르니
Wotwaa asu no baa Genesaret.
35 그 곳 사람들이 예수신 줄을 알고 그 근방에 두루 통지하여 모든 병든 자를 예수께 데리고 와서
Yesu duu hɔ no, ankyɛ na nkurow a atwa Genesaret ho ahyia no nyinaa tee ne nka. Wɔde wɔn ayarefo nyinaa brɛɛ no.
36 다만 예수의 옷가에라도 손을 대게 하시기를 간구하니 손을 대는 자는 다 나음을 얻으니라
Ayarefo no srɛɛ Yesu se ɔmma wɔmfa wɔn nsa nka nʼatade ano kɛkɛ. Ayarefo dodow a wotumi de wɔn nsa kaa nʼatade ano no ho yɛɛ wɔn den.

< 마태복음 14 >