< 마가복음 16 >
1 안식일이 지나매 막달라 마리아와 야고보의 어머니 마리아와 또 살로메가 가서 예수께 바르기 위하여 향품을 사다 두었다가
Adeɛ kyeeɛ a Homeda no twaam no, Maria Magdalene ne Salome ne Yakobo maame Maria kɔtɔɔ nnuhwam sɛ wɔde rekɔ akɔsra Yesu amu no.
2 안식 후 첫날 매우 일찌기 해 돋은 때에 그 무덤으로 가며
Ɛda a ɛdi nnawɔtwe no ɛkan anɔpahema no, ansa na owia bɛpue no, wɔde nnuhwam no baa ɛda no so.
3 서로 말하되 `누가 우리를 위하여 무덤 문에서 돌을 굴려 주리요' 하더니
Wɔnam ɛkwan so rekɔ no, na wɔredwene deɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛpire ɛboɔ no afiri ɛda no ano no ho.
4 눈을 들어 본즉 돌이 벌써 굴려졌으니 그 돌이 심히 크더라
Nanso, wɔreyɛ aduru hɔ no, wɔmaa wɔn ani so hunuu sɛ, obi apire ɛboɔ kokuroko no afiri ɛda no ano.
5 무덤에 들어가서 흰 옷을 입은 한 청년이 우편에 앉은 것을 보고 놀라매
Wɔkɔɔ ɛda no mu kɔhunuu aberanteɛ bi sɛ ɔhyɛ atadeɛ fitaa te nifa so hɔ. Wɔhunuu no no, wɔbɔɔ birim.
6 청년이 이르되 `놀라지 말라 너희가 십자가에 못 박히신 나사렛 예수를 찾는구나 그가 살아나셨고 여기 계시지 아니하니라 보라 그를 두었던 곳이니라
Nanso, aberanteɛ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro. Ɛnyɛ Nasareni Yesu a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no na morehwehwɛ no no? Ɔnni ha! Wasɔre! Monhwɛ faako a wɔde no toeɛ hɔ!
7 가서 그의 제자들과 베드로에게 이르기를 예수께서 너희보다 먼저 갈릴리로 가시나니 전에 너희에게 말씀하신 대로 너희가 거기서 뵈오리라 하라' 하는지라
Afei, monkɔ na monkɔka yei nkyerɛ nʼasuafoɔ no ne Petro sɛ, ‘Yesu redi mo anim akɔ Galilea. Ɛhɔ na mobɛhunu no, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ mo ansa na ɔrewu no!’”
8 여자들이 심히 놀라 떨며 나와 무덤에서 도망하고 무서워하여 아무에게 아무 말도 하지 못하더라
Mmaa no de ehu ne ahopopoɔ dwane firii hɔ a, na obiara ntumi ne ne yɔnko nkasa.
9 (note: The most reliable and earliest manuscripts do not include Mark 16:9-20.) (예수께서 안식 후 첫날 이른 아침에 살아나신 후 전에 일곱 귀신을 쫓아 내어 주신 막달라 마리아에게 먼저 보이시니
(note: The most reliable and earliest manuscripts do not include Mark 16:9-20.) Kwasiada anɔpa na Yesu sɔre firii awufoɔ mu. Onipa a ɔyii ne ho adi kyerɛɛ no kane ne Maria Magdalene, ɔbaa a ɔtuu ahonhommɔne nson firii ne mu no.
10 마리아가 가서 예수와 함께 하던 사람들의 슬퍼하며 울고 있는 중에 이 일을 고하매
Maria Magdalene kɔɔ asuafoɔ no nkyɛn kɔhunuu wɔn sɛ wɔn werɛ ahoɔ, na wɔresu.
11 그들은 예수의 살으셨다는 것과 마리아에게 보이셨다는 것을 듣고도 믿지 아니하니라
Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, wahunu Yesu na ɔte ase. Nanso, wɔannye no anni.
12 그 후에 저희 중 두사람이 걸어서 시골로 갈 때에 예수께서 다른 모양으로 저희에게 나타나시니
Akyire yi, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn mu baanu a wɔnam firi Yerusalem rekɔ akuraa, nanso wɔhunuu no no, ahyɛaseɛ no, wɔantumi anhunu sɛ ɛyɛ ɔno, ɛfiri sɛ, na wasesa.
13 두사람이 가서 남은 제자들에게 고하였으되 역시 믿지 아니하니라
Akyire no a wɔhunuu onipa ko a ɔyɛ no, wɔtuu mmirika sane baa Yerusalem, bɛka kyerɛɛ nkaeɛ no, nanso obiara annye wɔn anni.
14 그 후에 열 한 제자가 음식 먹을 때에 예수께서 저희에게 나타나사 저희의 믿음 없는 것과 마음이 완악한 것을 꾸짖으시니 이는 자기의 살아난 것을 본 자들의 말을 믿지 아니함일러라
Akyire no a asuafoɔ dubaako no te adidiiɛ no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ wɔn. Ɔkaa wɔn anim wɔ gyidie a wɔnni ne gye a wɔannye wɔn a wɔbɛkaa sɛ wasɔre no anni no ho.
15 또 가라사대 `너희는 온 천하에 다니며 만민에게 복음을 전파하라
Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔ ewiase nyinaa nkɔka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa.
16 믿고 세례를 받는 사람은 구원을 얻을 것이요 믿지 않는 사람은 정죄를 받으리라
Na obiara a ɔgye di na wɔbɔ no asu no, wɔbɛgye no nkwa. Na obiara a ɔnnye nni no, wɔbɛbu no fɔ.
17 믿는 자들에게는 이런 표적이 따르리니 곧 저희가 내 이름으로 귀신을 쫓아 내며 새 방언을 말하며
Saa nsɛnkyerɛnneɛ yi bɛdi wɔn a wɔgye me di no akyi. Wɔde me din bɛtu ahonhommɔne, na wɔaka kasa foforɔ.
18 뱀을 집으며 무슨 독을 마실지라도 해를 받지 아니하며 병든 사람에게 손을 얹은즉 나으리라' 하시더라
Wɔbɛsɔ awɔ mu, na sɛ wɔnom awuduro bi mpo a, ɛrenyɛ wɔn hwee; wɔde wɔn nsa bɛgu ayarefoɔ so, ama wɔn ho ayɛ wɔn den.”
19 주 예수께서 말씀을 마치신 후에 하늘로 올리우사 하나님 우편에 앉으시니라
Awurade Yesu ne wɔn kasa wieeɛ akyi no, wɔfaa no kɔɔ ɔsoro na ɔkɔtenaa Onyankopɔn nsa nifa so.
20 제자들이 나가 두루 전파할새 주께서 함께 역사하사 그 따르는 표적으로 말씀을 확실히 증거하시니라)
Yei akyi no, asuafoɔ no kɔkaa asɛm no wɔ baabiara, na Awurade kaa wɔn ho ma wɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ ahodoɔ nso, de hyɛɛ wɔn nsɛm a wɔkaeɛ no mu den.