< 레위기 13 >

1 여호와께서 모세와 아론에게 일러 가라사대
Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se,
2 사람의 피부에 무엇이 돋거나 딱지가 앉거나 색점이 생겨서 그 피부에 문둥병같이 되거든 곧 제사장 아론에게나 그 자손중 한 제사장에게로 데리고 갈 것이요
“Sɛ obi hu sɛ biribi ahon ne honam ani, anaa pɔmpɔ anaa atape asi no na adidi akɔ ne honam mu a, onhu sɛ ɛyɛ kwata. Ɛsɛ sɛ wɔde saa onipa no kɔma ɔsɔfo Aaron anaa ne mmabarima no mu baako
3 제사장은 그 피부의 병을 진찰할지니 환처의 털이 희어졌고 환처가 피부보다 우묵하여졌으면 이는 문둥병의 환처라 제사장이 진단하여 그를 부정하다 할 것이요
na ɔhwɛ kuru no. Sɛ nwi a esi kuru no hɔ dan yɛ fitaa na kuru no atu atɔ ɔhonam no mu a, na ɛyɛ kwata a ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no da no adi sɛ ɔyarefo no yɛ ɔkwatani.
4 피부에 색점이 희나 우묵하지 아니하고 그 털이 희지 아니하면 제사장은 그 환자를 칠일동안 금고할 것이며
Na sɛ kuru no ntɔɔ ɔhonam no mu na sɛ kuru no hɔ nwi no nso nyɛɛ fitaa a, ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no yi ɔyarefo no fi nnipa mu nnanson.
5 칠일만에 제사장이 그를 진찰할지니 그의 보기에 그 환처가 변하지 아니하고 병색이 피부에 퍼지지 아니하였으면 제사장이 그를 또 칠일 동안을 금고할 것이며
Nnanson no du a, ɔsɔfo no bɛhwɛ no bio na sɛ kuru no nsakrae na ɛntrɛwee wɔ ɔhonam no ani a, ɔsɔfo no bɛsan atwa no asu nnanson bio.
6 칠일만에 제사장이 또 진찰할지니 그 환처가 엷어졌고 병색이 피부에 퍼지지 아니하였으면 피부병이라 제사장이 그를 정하다 할 것이요 그는 옷을 빨 것이라 그리하면 정하리라
Afei ne nnanson so no, ɔsɔfo no bɛhwɛ ne honam ani bio, na sɛ ohu sɛ ɔyare no ano abrɛ ase a ɛntrɛwee a, ɔsɔfo no bɛka ato gua sɛ, ɔyarefo no ho atɔ no; ɔbɛkyerɛ mu sɛ ɛyɛ ntwom bi na eguu no bere tiaa bi mu. Enti sɛ ɔyarefo no horo ne ntama a, wɔbɛfa no sɛ wanya ayaresa awie.
7 그러나 정결한 여부를 위하여 제사장에게 보인 후에 병이 피부에 퍼지면 제사장에게 다시 보일 것이요
Na sɛ nso ɔyarefo no ba ɔsɔfo no nkyɛn ma ɔhwɛ no na ɔyare no atrɛtrɛw a, ɛsɛ sɛ ɔsan ba ɔsɔfo no nkyɛn bio
8 제사장은 진찰할지니 그 병이 피부에 퍼졌으면 그를 부정하다 진단할 것이라 이는 문둥병임이니라
na ɔhwɛ no na sɛ ɔyare no atrɛtrɛw wɔ ɔhonam no ani a, afei, ɔbɛpae mu aka sɛ amanne kwan so no, ne ho ntew na ɛyɛ ɔhonam ani nsanyare.
9 사람에게 문둥병이 들었거든 그를 제사장에게로 데려갈 것이요
“Sɛ obi nya ɔhonam ani nsanyare a, ɛsɛ sɛ wɔde no kɔkyerɛ ɔsɔfo na ɔhwɛ no.
10 제사장은 진찰할지니 피부에 흰 점이 돋고 털이 희어지고 거기 난육이 생겼으면
Sɛ ɔsɔfo no hu sɛ nwi no bi ayɛ fitaa na kuru atɔ saa beae hɔ a,
11 이는 그의 피부의 오랜 문둥병이라 제사장이 부정하다 진단할 것이요 그가 이미 부정하였은즉 금고하지는 않을 것이며
na ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ ɔhonam ani nsanyare, na ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no de to gua sɛ amanne kwan so no, onipa no ho ntew. Ɛba saa a, wɔnhwehwɛ ɔyare no mu bio, efisɛ ɛda adi pefee sɛ ɔhonam no ayɛ kwata.
12 제사장의 보기에 문둥병이 그 피부에 크게 발하였으되 그 환자의 머리부터 발까지 퍼졌거든
“Nanso sɛ ɔsɔfo no hu sɛ kwata no adidi ne honam nyinaa fi ne ti so kosi ne nan ase nyinaa a,
13 그가 진찰할 것이요 문둥병이 과연 그 전신에 퍼졌으면 그 환자를 정하다 할지니 다 희어진 자인즉 정하거니와
ɔsɔfo no bɛpae mu aka se ne ho tew, efisɛ ne honam nyinaa adan ayɛ fitaa.
14 아무 때든지 그에게 난육이 발생하면 그는 부정한즉
Na sɛ akuru no bi pue ne honam no baabi foforo a, wɔbɛpae mu aka sɛ onipa no yɛ ɔkwatani.
15 제사장이 난육을 보고 그를 부정하다 진단할지니 그 난육은 부정한 것인즉 이는 문둥병이며
Ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no pae mu ka ntɛm ara a ohu kuru wɔ honam no fa baabi, efisɛ akuru no kyerɛ sɛ kwata wɔ ɔhonam no mu.
16 그 난육이 변하여 다시 희어지면 제사장에게로 갈 것이요
Na sɛ akuru no wu na ɛdan yɛ fitaa sɛ ɔhonam a aka no a, ɔkwatani no bɛkɔ ɔsɔfo no hɔ bio.
17 제사장은 그를 진찰하여서 그 환처가 희어졌으면 환자를 정하다 할지니 그는 정하니라
Ɔsɔfo no bɛhwɛ no na sɛ ɔhonam no fa hɔ ayɛ fitaa de a, ɔsɔfo no bɛpae mu aka sɛ ne ho atɔ no.
18 피부에 종기가 생겼다가 나았고
“Sɛ pɔmpɔ si obi na agyae
19 그 종처에 흰 점이 돋거나 희고 불그스름한 색점이 생겼으면 제사장에게 보일 것이요
na sɛ baabi a pɔmpɔ no sii no biribi hyerɛnn bi, anaa nea ɛbere kakra hon wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ ɔde ne ho kɔkyerɛ ɔsɔfo.
20 그는 진찰하여 피부보다 얕고 그 털이 희면 그를 부정하다 진단할지니 이는 종기로 된 문둥병의 환처임이니라
Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ na ɔyare no adidi kɔ ne honam mu na nwi a ɛwɔ ɔhonam no hɔ no ayɛ fitaa a, ɔsɔfo no bɛpae mu aka se ɔyarefo no ho ntew, efisɛ kwata apue afi pɔmpɔ no mu.
21 그러나 제사장의 보기에 거기 흰 털이 없고 피부보다 얕지 아니하고 빛이 엷으면 제사장은 그를 칠일 동안 금고할 것이며
Nanso sɛ ɔsɔfo no hwɛ na ohu sɛ nwi fitaa biara nni baabi a ɔyare no wɔ hɔ no, na ɔyare no nnidi nkɔɔ honam no mu, na ahosu no yɛ nsonso a ɔsɔfo no beyi no afi nnipa mu nnanson.
22 그 병이 크게 피부에 퍼졌으면 제사장은 그를 부정하다 진단할지니 이는 그 환처임이니라
Saa bere no mu sɛ beae hɔ no trɛtrɛw a, ɔsɔfo no bɛpae mu aka se, onipa no yare kwata.
23 그러나 그 색점이 여전하고 퍼지지 아니하였으면 이는 종기 흔적이니 제사장은 그를 정하다 진단할지니라
Na sɛ beae a ɛhɔ ayɛ hyerɛnn no anhon bio na antrɛtrɛw a, na ɛyɛ pɔmpɔ no twa kɛkɛ enti ɔsɔfo no bɛpae mu aka se ne ho tew.
24 피부를 불에 데었는데 그 덴 곳에 불그스름하고 희거나 순전히 흰 색점이 생기면
“Sɛ obi hyehyew na sɛ ɔhyehyew no mu yɛ kɔkɔɔ ne fitaa anaa fitaa a,
25 제사장은 진찰할지니 그 색점의 털이 희고 그 자리가 피부보다 우묵하면 이는 화상에서 발한 문둥병인즉 제사장은 그를 부정하다 할 것은 문둥병의 환처가 됨이니라
ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no hwɛ faako a ɔhyehyew no wɔ. Sɛ nwi a ɛwɔ beae a ɛhɔ nnii dɛm biara no dan yɛ fitaa na sɛ ɛyɛ ade a adidi kɔ ɔhonam no mu a, na ɛyɛ kwata na apue afi ɔhyehyew no mu, enti ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no pae mu ka sɛ onipa no yɛ ɔkwatani.
26 그러나 제사장의 보기에 그 색점에 흰 털이 없으며 그 자리가 피부보다 얕지 아니하고 빛이 엷으면 그는 그를 칠일동안 금고할 것이며
Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ hu sɛ nwi fitaa nni beae a ɛhɔ yɛ hyerɛnn no, na sɛ hyerɛnn no nnidi nkɔɔ ɔhonam no mu, na ɔyare no regyae a, ɔsɔfo no beyi no afi nnipa mu nnanson
27 칠일만에 제사장이 그를 진찰할지니 만일 병이 크게 피부에 퍼졌으면 그는 그를 부정하다 진단할 것은 문둥병의 환처임이니라
na wahwɛ no ne nnanson so bio. Sɛ ɔyare no trɛw fa ɔhonam no ani a, ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no pae mu ka se kwata ayɛ onipa no.
28 만일 색점이 여전하여 피부에 퍼지지 아니하고 빛이 엷으면 화상으로 부은 것이니 제사장은 그를 정하다 할 것은 이는 화상의 흔적임이니라
Nanso sɛ ɔhonam no fa hɔ a ayɛ hyerɛnn no antrɛtrɛw ɔhonam no ani, na sɛ ɛyɛ sɛ nea ɛhɔ retwintwam no a, wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ ɔhyehyew twa bi, enti ɔsɔfo no bɛda no adi sɛ ɔnyare kwata.
29 남자나 여자의 머리에나 수염에 환처가 있으면
“Sɛ kuru da ɔbarima anaa ɔbea bi tirim anaa nʼafono ho a,
30 제사장은 진찰할지니 환처가 피부보다 우묵하고 그 자리에 누르고 가는 털이 있으면 그는 그를 부정하다 할 것은 이는 옴이라 머리에나 수염에 발한 문둥병임이니라
ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no hwɛ; sɛ ɔhwɛ na ohu sɛ ɔyare no adidi kɔ ɔhonam no mu na ɔsan hu nwi a ɛte sɛ akokɔsrade wɔ kuru no mu a, ɛsɛ sɛ ɔpae mu ka se onipa no yare kwata.
31 만일 제사장의 보기에 그 옴의 환처가 피부보다 우묵하지 아니하고 그 자리에 검은 털이 없으면 제사장은 그 옴 환자를 칠일 동안 금고할 것이며
Na sɛ ɔsɔfo no hwɛ na ohu sɛ ɔyare no nnidi nkɔɔ ɔhonam no mu, na mmom, ɛwɔ ɔhonam no ani a nwi tuntum wɔ mu a, ɛsɛ sɛ woyi onipa no fi nnipa mu nnanson,
32 칠일만에 제사장은 그 환처를 진찰할지니 그 옴이 퍼지지 아니하고 그 자리에 누른 털이 없고 피부보다 우묵하지 아니하거든
na ne nnanson so no, wɔsan hwɛ no bio. Sɛ ɔyare no ntrɛtrɛwee, na nwi a ɛte sɛ akokɔsrade nnaa ne ho adi wɔ mu na ennidi nkɔɔ ɔhonam no mu a,
33 그는 모발을 밀되 환처는 밀지 말 것이요 제사장은 옴 환자를 또 칠일 동안 금고할 것이며
ɔbɛtwerɛw nwi a atwa kuru no ho ahyia nyinaa (na mmom ɛnyɛ kuru no mu ankasa) na ɔsɔfo no ayi no afi nnipa mu nnanson bio.
34 칠일만에 제사장은 그 옴을 또 진찰할지니 그 옴이 피부에 퍼지지 아니하고 피부보다 우묵하지 아니하면 그는 그를 정하다 진단할 것이요 그는 그 옷을 빨지니 정하려니와
Ne nnanson so no, ɔbɛsan ahwɛ no, na sɛ ɔyare no ntrɛtrɛw nnidi nkɔɔ ɔhonam no mu a, ɔsɔfo no bɛpae mu aka se onipa no ho atew na sɛ ɔhoro ne ntama wie a, na afei wadi mu.
35 깨끗한 후에라도 옴이 크게 피부에 퍼지면
Na sɛ akyiri no saa ɔyare no trɛtrɛw a,
36 제사장은 그를 진찰할지니 과연 옴이 피부에 퍼졌으면 누른 털을 찾을 것 없이 그는 부정하니라
ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no hwɛ no bio a ɔhwɛ sɛ nwi a ɛte sɛ akokɔsrade fra ɔyare no mu na ɔpae mu ka se, onipa no yare kwata.
37 그러나 제사장의 보기에 옴이 여전하고 그 자리에 검은 털이 났으면 그 옴은 나았고 그 사람은 정하니 제사장은 그를 정하다 진단할지니라
Na sɛ ɔyare no trɛw a ɛtrɛtrɛw no gyae na sɛ nwi tuntum fuw wɔ beae hɔ a, na ɛkyerɛ sɛ, ne ho atɔ no a kwata biara nni ne ho enti ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no pae mu ka se ne ho atew.
38 남자나 여자의 피부에 색점 곧 흰 색점이 있으면
“Sɛ ɔbarima anaa ɔbea bi honam ani yɛ fitaa hanahana,
39 제사장은 진찰할지니 그 피부의 색점이 부유스름하면 이는 피부에 발한 어루러기라 그는 정하니라
na akyiri no ɔhonam no ani dum ara na ɛredum a, na ɛnkyerɛ sɛ kwata ayɛ onipa no, na mmom, ɛyɛ ɔyare foforo bi.
40 누구든지 그 머리털이 빠지면 그는 대머리니 정하고
“Sɛ obi ti so pa a, ɛwɔ mu sɛ ne ti so apa de, nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɔyɛ ɔkwatani!
41 앞머리가 빠져도 그는 이마 대머리니 정하니라
Sɛ obi ti so pa fi ne moma so a, na ne moma so ara na apa, na ɛnkyerɛ sɛ ɛyɛ kwata.
42 그러나 대머리나 이마 대머리에 희고 불그스름한 색점이 있으면 이는 문둥병이 대머리에나 이마 대머리에 발함이라
Na mmom, sɛ nsisii akɔkɔɔ a fitaa frafra mu wɔ tipae no so a, na ɛkyerɛ sɛ ebia kwata pɛ sɛ ɛyɛ saa onipa no.
43 제사장은 그를 진찰할지니 그 대머리에나 이마 대머리에 돋은 색점이 희고 불그스름하여 피부에 발한 문둥병과 같으면
Sɛ ɛba saa a, ɔsɔfo no bɛhwɛ no na sɛ biribi kɔkɔɔ aboa ne ho baabi te sɛ kwata a,
44 이는 문둥 환자라 부정하니 제사장은 그를 부정하다 확실히 진단할 것은 그 환처가 그 머리에 있음이니라
na ɛkyerɛ sɛ, kwata ayɛ no, enti ɛsɛ sɛ ɔsɔfo no pae mu ka se, onipa no yare kwata.
45 문둥 환자는 옷을 찢고 머리를 풀며 윗 입술을 가리우고 외치기를 부정하다 부정하다 할 것이요
“Onipa biara a wobehu sɛ ɔyare kwata no, ɛsɛ sɛ ofura ntama a atetew na ɔma ne tinwi fuw, twa mpɛsɛmpɛsɛ na ɔkata nʼanim fa na ɔnam a ɔteɛteɛ mu se, ‘Me ho ntew! Me ho ntew!’
46 병 있는 날 동안은 늘 부정할 것이라 그가 부정한즉 혼자 살되 진 밖에 살지니라!
Na nna dodow a ɔyare no nkɔe no de, wɔbɛfa ɔyarefo no sɛ ne ho ntew enti ɛsɛ sɛ ɔtena kurow no akyi baabi.
47 만일 의복에 문둥병 색점이 발하여 털옷에나, 베옷에나
“Sɛ kwata ho nsɛnkyerɛnne bi ka atade,
48 베나, 털의 날에나, 씨에나, 혹 가죽에나, 무릇 가죽으로 만든 것에 있되
kuntutam anaa nweratam, aboa nhoma anaa biribiara a wɔde aboa nwoma ayɛ mu,
49 그 의복에나, 가죽에나, 그 날에나, 씨에나, 무릇 가죽으로 만든 것에 병색이 푸르거나 붉으면 이는 문둥병의 색점이라 제사장에게 보일 것이요
na sɛ nsisii ahabammono anaa kɔkɔɔ wɔ mu a, ebia na ɛyɛ kwata, enti ɛsɛ sɛ wɔde kɔma ɔsɔfo na ɔhwɛ.
50 제사장은 그 색점을 살피고 그것을 칠일 동안 간직하였다가
Ɔsɔfo no de bɛkɔ akosie nnanson.
51 칠일만에 그 색점을 살필지니 그 색점이 그 의복의 날에나, 씨에나, 가죽에나, 가죽으로 만든 것에 퍼졌으면 이는 악성 문둥병이라 그것이 부정하니
Nnanson so no, wasan ahwɛ bio. Na sɛ ohu sɛ nsisii no atrɛtrɛw a, na ɛkyerɛ sɛ, ɛyɛ kwata a etumi san nnipa.
52 그는 그 색점 있는 의복이나, 털이나, 베의 날이나, 씨나, 무릇 가죽으로 만든 것을 불사를지니 이는 악성 문둥병인즉 그것을 불사를지니라!
Ɛsɛ sɛ ɔde ogya hyew ntama, kuntu ne ntadetam ne aboa nwoma no nyinaa, efisɛ, ɛnam eyinom so betumi ama ɔyare no asan nnipa.
53 그러나 제사장의 보기에 그 색점이 그 의복의 날에나, 씨에나, 무릇 가죽으로 만든 것에 퍼지지 아니하였으면
“Na sɛ ne nnanson so no ɔhwɛ na sɛ nsisii no ntrɛtrɛwee a,
54 제사장은 명하여 그 색점 있는 것을 빨게하고 또 칠일 동안 간직하였다가
ɔsɔfo no bɛhyɛ ama wɔahoro nneɛma a wodwen sɛ ɔyare no bi wɔ mu no no nyinaa na wɔakora no baabi bio nnanson.
55 그 빤 곳을 볼지니 그 색점의 빛이 변치 아니하고 그 색점이 퍼지지 아니하였으면 부정하니 너는 그것을 불사르라 이는 거죽에 있든지, 속에 있든지, 악성 문둥병이니라
Sɛ nnanson bio akyi faako a ɔyare no wɔ hɔ no nsesaa nʼahosu na ɛntrɛwee a, wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ kwata nti ɛsɛ sɛ wɔhyew ade no, efisɛ ɔyare no adidi kɔ mu ara yiye.
56 빤 후에 제사장의 보기에 그 색점이 엷으면 그 의복에서나, 가죽에서나, 그 날에서나, 씨에서나, 그 색점을 찢어 버릴 것이요
Na sɛ ɔsɔfo no hu sɛ nneɛmahoro no akyi, nsisii no ano abrɛ ase a, obetwa hɔ afi ntama anaa aboa nwoma a wɔde adi dwuma bi no mu.
57 그 의복의 날에나 씨에나 무릇 가죽으로 만든 것에 색점이 여전히 보이면 복발하는 것이니 너는 그 색점있는 것을 불사를지니라
Na sɛ ɛsan ba bio de a, na ɛyɛ kwata enti ɛsɛ sɛ wɔhyew no.
58 네가 빤 의복의 날에나, 씨에나, 무릇 가죽으로 만든 것에 그 색점이 벗어졌으면 그것을 다시 빨아야 정하리라
Sɛ wɔhoro na asɛm biara amma ho a, wotumi de di dwuma biara bere a wɔasan ahoro no.”
59 이는 털옷에나, 베옷에나, 그 날에나, 씨에나, 무릇 가죽으로 만든 것에 발한 문둥병 색점의 정하고 부정한 것을 단정하는 규례니라
Eyinom ne mmara a ɛfa kwata a ɛwɔ ntama anaa biribiara a wɔde aboa nhoma ayɛ a wɔnam so da no adi sɛ kwata wɔ dekode no mu anaa bi nni mu no ho.

< 레위기 13 >