< 욥기 18 >

1 수아 사람 빌닷이 대답하여 가로되
Na Suhini Bildad buae se,
2 너희가 어느 때까지 말을 찾겠느냐 깨달으라 그 후에야 우리가 말하리라
“Bere bɛn na wubegyae kasa tenten yi? Dwene ho yiye, na afei yebetumi akasa.
3 어찌하여 우리를 짐승으로 여기며 부정하게 보느냐
Adɛn nti na wofa yɛn sɛ anantwi na wususuw sɛ yennim nyansa yi?
4 너 분하여 스스로 찢는 자야 너를 위하여 땅이 버림을 당하겠느냐 바위가 그 자리에서 옮기겠느냐
Wo a wode abufuw tetew wo mu nketenkete, wo nti na yemfi asase so anaasɛ wonnwiriw abotan mfi wɔn sibea ana?
5 악인의 빛은 꺼지고 그 불꽃은 빛나지 않을 것이요
“Omumɔyɛfo kanea adum; na ne gya nnɛw bio.
6 그 장막 안의 빛은 어두워지고 그 위의 등불은 꺼질 것이요
Hann a ɛwɔ ne ntamadan mu duru sum; kanea a esi ne ho no dum.
7 그 강한 걸음이 곤하여지고 그 베푼 꾀에 스스로 빠질 것이니
Nʼanammɔntu mu ahoɔden ano bɛbrɛ ase; nʼankasa nhyehyɛe hwe no ase.
8 이는 그 발이 스스로 그물에 들어가고 얽는 줄을 밟음이며
Nʼanammɔn de no kɔ afiri mu, na okyinkyin kɔtɔ ne tan mu.
9 그 발뒤꿈치는 창애에 치이고 그 몸은 올무에 얽힐 것이며
Afiri so ne nantin na eso ne mu dennen.
10 그를 동일 줄이 땅에 숨겼고 그를 빠뜨릴 함정이 길에 베풀렸으며
Wɔasum no afiri ahintaw wɔ fam; afiri wɔ ne kwan mu.
11 무서운 것이 사방에서 그를 놀래고 그 뒤를 쫓아올 것이며
Ahunahuna ma ɔbɔ huboa wɔ ne ho nyinaa na ɛhaw no wɔ nʼanammɔntu biara mu.
12 그 힘은 기근을 인하여 쇠하고 그 곁에는 재앙이 기다릴 것이며
Atoyerɛnkyɛm kɔn dɔ no; na sɛ ɔhwe ase a, amanehunu retwɛn no.
13 그의 백체가 먹히리니 곧 사망의 장자가 그 지체를 먹을 것이며
Ɛwewe ne honam ani baabi; na owu di kan sɛe nʼakwaa.
14 그가 그 의뢰하던 장막에서 뽑혀서 무서움의 왕에게로 잡혀가고
Wɔtwe no fi ne ntamadan bammɔ mu na wɔde no brɛ ahunahunahene.
15 그에게 속하지 않은 자가 그 장막에 거하리니 유황이 그 처소에 뿌려질 것이며
Ogya te ne ntamadan mu; na wɔabɔ sufre a ɛredɛw apete nʼatenae.
16 아래서는 그 뿌리가 마르고 위에서는 그 가지가 찍힐 것이며
Ne ntin wuwu wɔ ase na ne mman nso wu wɔ soro.
17 그의 기념이 땅에서 없어지고 그의 이름이 거리에서 전함이 없을것이며
Wɔnnkae no asase so bio; na onni din wɔ asase so.
18 그는 광명 중에서 흑암으로 몰려 들어가며 세상에서 쫓겨날 것이며
Wɔka no fi hann mu kɔ sum mu na wɔpam no fi wiase.
19 그는 그 백성 가운데서 아들도 없고 손자도 없을 것이며 그의 거하던 곳에는 한 사람도 남은 자가 없을 것이라
Onni mma anaa nananom wɔ ne nkurɔfo mu, na nʼaseni biara renka wɔ baabi a ɔtenae.
20 그의 날을 인하여 뒤에 오는 자가 앞선 자의 두려워 하던 것 같이 놀라리라
Nnipa a wofi atɔe fam ho adwiriw wɔn wɔ nea ato no no ho; na aninyanne bunkam wɔn a wɔwɔ apuei fam no so.
21 불의한 자의 집이 이러하고 하나님을 알지 못하는 자의 처소도 그러하니라
Ampa ara, sɛɛ na omumɔyɛfo atenae te; sɛɛ ne beae a nea onnim Onyankopɔn no te.”

< 욥기 18 >