< 예레미야 35 >

1 유다 왕 요시야의 아들 여호야김 때에 여호와께로서 말씀이 예레미야에게 임하니라 가라사대
Eyi ne asɛm a efi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ wɔ bere a na Yudahene Yosia babarima Yehoiakim di ade no:
2 너는 레갑 족속에게 가서 그들에게 말하고 그들을 여호와의 집 한 방으로 데려다가 포도주를 마시우라
“Kɔ Rekabfo abusua no nkyɛn, na to nsa frɛ wɔn na wɔmmra Awurade fi no pia baako mu, na ma wɔn nsa nnom.”
3 이에 내가 하바시냐의 손자요 예레미야의 아들인 야아사냐와 그 형제와 그 모든 아들과 레갑 온 족속을 데리고
Enti mekɔpɛɛ Habasinia babarima Yeremia babarima Yaasania ne ne nuabarimanom ne ne mmabarima nyinaa, Rekabfo abusuadɔm no.
4 여호와의 집에 이르러 익다랴의 아들 하나님의 사람 하난의 아들들의 방에 들였는데 그 방은 방백들의 방 곁이요 문을 지키는 살룸의 아들 마아세야의 방 위더라
Mede wɔn baa Awurade fi, na mede wɔn kɔɔ Onyame nipa Yigdalia babarima Hanan mmabarima dan mu. Ɛno na edi adwumayɛfo dan a esi ɔpon ano hwɛfo Salum babarima Maaseia dan atifi no so.
5 내가 레갑 족속 사람들 앞에 포도주가 가득한 사발과 잔을 놓고 마시라 권하매
Afei mede nkuruwa ne nkora a nsa wɔ mu besisii Rekabfo abusuamma no anim na meka kyerɛɛ wɔn se, “Monnom nsa kakra.”
6 그들이 가로되 우리는 포도주를 마시지 아니하겠노라 레갑의 아들 우리 선조 요나답이 우리에게 명하여 이르기를 너희와 너희 자손은 영영히 포도주를 마시지 말며
Nanso wobuae se, “Yɛnnnom nsa, efisɛ yɛn nena Rekab babarima Yehonadab maa yɛn ɔhyɛ nsɛm yi se, ‘Ɛnsɛ sɛ mo anaa mo asefo nom nsa.
7 집도 짓지 말며 파종도 하지 말며 포도원도 재배치 말며 두지도 말고 너희 평생에 장막에 거처하라 그리하면 너희의 우거하는 땅에서 너희 생명이 길리라 하였으므로
Na afei ɛnsɛ sɛ musisi afi, mudua anaa moyɛ bobe nturo, ɛnsɛ sɛ moyɛ eyinom mu biara, na mmom montena ntamadan mu bere biara. Ɛno na mo nkwanna bɛware, wɔ asase a moyɛ atutenafo wɔ so no so.’
8 우리가 레갑의 아들 우리 선조 요나답의 우리에게 명한 모든 말을 순종하여 우리와 우리 아내와 자녀가 평생에 포도주를 마시지 아니하며
Yɛatie biribiara a yɛn nena Rekab babarima Yonadad hyɛɛ yɛn no. Na yɛn, yɛn yerenom, mmabarima ne mmabea nnom nsa da
9 거처할 집도 짓지 아니하며 포도원이나 밭이나 종자도 두지 아니하고
na yensisii afi ntenaa mu anaa yennyaa bobe nturo anaa mfuw anaa nnɔbae.
10 장막에 거처하여 우리 선조 요나답의 우리에게 명한대로 다 준행하였노라
Yɛatenatena ntamadan mu, na yɛadi biribiara a yɛn nena Yehonadab hyɛɛ yɛn no so pɛpɛɛpɛ.
11 그러나 바벨론 왕 느부갓네살이 이 땅에 올라왔을 때에 우리가 말하기를 갈대아인의 군대와 수리아인의 군대가 두려운즉 예루살렘으로 가자 하고 우리가 예루살렘에 거하였노라
Nanso bere a Babiloniahene Nebukadnessar tuu asase yi so sa no, yɛkae se, ‘Mommra, ɛsɛ sɛ yɛkɔ Yerusalem na yeguan fi Babiloniafo ne Aramfo asraafo anim.’ Ɛno nti yɛaka Yerusalem.”
12 때에 여호와의 말씀이 예레미야에게 임하여 가라사대
Afei Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se,
13 만군의 여호와 이스라엘의 하나님이 이같이 말하노라 너는 가서 유다 사람들과 예루살렘 거민에게 이르기를 여호와의 말씀에 너희가 내 말을 들으며 교훈을 받지 아니하겠느냐
“Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn, se: Kɔ na kɔka kyerɛ mmarima a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem se, ‘Morensua biribi na morentie mʼasɛm ana?’ Awurade na ose.
14 레갑의 아들 요나답이 그 자손에게 포도주를 마시지 말라 한 그 명령은 실행되도다 그들은 그 선조의 명령을 순종하여 오늘까지 마시지 아니하거늘 내가 너희에게 말하고 부지런히 말하여도 너희는 나를 듣지 아니하도다
‘Rekab ba Yehonadab hyɛɛ ne mmabarima sɛ wɔnnom nsa, na wɔadi saa ɔhyɛ yi so. De besi nnɛ wɔnnom nsa, efisɛ wodi wɔn agyanom ahyɛde so. Na makasa akyerɛ mo mpɛn bebree, nanso muntiee me.
15 나도 내 종 모든 선지자를 너희에게 보내고 부지런히 보내며 이르기를 너희는 이제 각기 악한 길에서 돌이켜 행위를 고치고 다른 신을 좇아 그를 섬기지 말라 그리하면 너희가 나의 너희와 너희 선조에게 준 이 땅에 거하리라 하여도 너희가 귀를 기울이지 아니하며 나를 듣지 아니하였느니라
Mesomaa mʼasomfo adiyifo nyinaa baa mo nkyɛn mpɛn bebree. Wɔkae se, “Ɛsɛ sɛ mo mu biara sakra fi nʼamumɔyɛ akwan so, na moma mo akwan teɛ; munnni anyame foforo akyi na monnsom wɔn. Ɛno na mobɛtena asase a mede ama mo ne mo agyanom yi so.” Nanso mummmuaa me na munntiee me ɛ.
16 레갑의 아들 요나답의 자손은 그 선조가 그들에게 명한 그 명령을 준행하나 이 백성은 나를 듣지 아니하도다
Rekab babarima Yehonadab asefo adi ahyɛde a wɔn agyanom de maa wɔn no so, nanso saa nnipa yi ntie mʼasɛm.’
17 그러므로 나 만군의 여호와 이스라엘의 하나님이 이같이 말하노라 보라 내가 유다와 예루살렘 모든 거민에게 나의 그들에게 대하여 선포한 모든 재앙을 내리리니 이는 내가 그들에게 말하여도 듣지 아니하며 불러도 대답지 아니함이니라 하셨다 하라
“Ɛno nti, sɛɛ na Asafo Awurade Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn no se: ‘Muntie! Mede amanehunu biara a mahyɛ ama Yuda ne obiara a ɔte Yerusalem no bɛba wɔn so. Mekasa kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantie, mefrɛɛ wɔn nanso wɔannye so.’”
18 예레미야가 레갑 족속에게 이르되 만군의 여호와 이스라엘의 하나님이 이같이 말씀하시기를 너희가 너희 선조 요나답의 명령을 준종하여 그 모든 훈계를 지키며 그가 너희에게 명한 것을 행하였도다
Afei Yeremia ka kyerɛɛ Rekab abusua no se, “Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se: ‘Moayɛ osetie ama mo nena Yehonadab ahyɛde no, na moadi ne nkyerɛkyerɛ so, na moayɛ biribiara a ɔhyɛɛ mo no.’
19 그러므로 나 만군의 여호와 이스라엘의 하나님이 이같이 말하노라 레갑의 아들 요나답에게서 내 앞에 설 사람이 영영히 끊어지지 아니하리라
Ɛno nti, nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se ni: ‘Rekab babarima Yehonadab benya ɔbarima a ɔbɛsom me bere biara.’”

< 예레미야 35 >