< 예레미야 22 >

1 여호와께서 이같이 말씀하시되 너는 유다 왕의 집에 내려가서 거기서 이를 선언하여
Sɛɛ na Awurade se, “Sian kɔ Yudahene ahemfi na kɔpae mu ka saa asɛm yi:
2 이르기를 다윗의 위에 앉은 유다 왕이여, 너와 네 신하와 이 문들로 들어오는 네 백성은 여호와의 말씀을 들을지니라
‘Tie Awurade asɛm, Yudahene, wo a wote Dawid ahengua so, wo, wʼakannifo ne wo nkurɔfo a wɔfa apon yi mu.
3 여호와께서 이같이 말씀하시되 너희가 공평과 정의를 행하여 탈취 당한 자를 압박하는 자의 손에서 건지고 이방인과 고아와 과부를 압박하거나 학대하지 말며 이 곳에서 무죄한 피를 흘리지 말라
Sɛɛ na Awurade se: Monyɛ nea ɛteɛ na ɛnam kwan mu. Munnye nea wɔabɔ no korɔn mfi ne hyɛsofo nsam. Monnyɛ ɔhɔho, ayisaa ne okunafo bɔne na monnyɛ wɔn basabasa nso, na munnhwie mogya a edi bem ngu wɔ ha.
4 너희가 참으로 이 말을 준행하면 다윗의 위에 앉을 왕들과 신하들과 백성이 병거와 말을 타고 이 집 문으로 들어오게 되리라마는
Sɛ moyɛ ahwɛyie na mudi saa ahyɛde yi so a, ɛno de ahemfo a wɔte Dawid ahengua so ne wɔn adwumayɛfo ne wɔn nkurɔfo bɛfa saa ahemfi apon yi mu, a wɔtete nteaseɛnam mu ne apɔnkɔ so.
5 너희가 이 말을 듣지 아니하면 내가 나로 맹세하노니 이 집이 황무하리라 나 여호와의 말이니라
Enti sɛ moanni saa nhyehyɛe yi so a, Awurade na ose, “Meka me ho ntam sɛ, saa ahemfi yi bɛdan ofituw.”’”
6 나 여호와가 유다 왕의 집에 대하여 이같이 말하노라 네가 내게 길르앗 같고 레바논의 꼭대기 같으나 내가 정녕히 너로 광야와 거민이 없는 성을 만들 것이라
Nea Awurade ka fa Yudahene ahemfi ho ni: “Ɛwɔ mu wote sɛ Gilead ma me, te sɛ Lebanon mmepɔw atifi, nokware, mɛyɛ wo sɛ nweatam, sɛ nkurow a obiara nte mu.
7 내가 너 파멸할 자를 준비하리니 그들이 각기 손에 병기를 가지고 네 아름다운 백향목을 찍어 불에 던지리라
Mɛsoma asɛefo abɛtoa mo, obiara ne nʼakode, wobetwitwa mo sida mpuran fɛfɛ no mu na wɔatow agu ogya no mu.
8 여러 나라 사람이 이 성으로 지나며 피차 말하기를 여호와가 이 큰 성에 이같이 행함은 어찜인고 하겠고
“Nnipa a wofifi aman bebree so betwa mu wɔ kuropɔn yi so, na wobebisabisa wɔn ho wɔn ho se, ‘Adɛn nti na Awurade ayɛ saa kuropɔn kɛse yi sɛɛ?’
9 대답하기는 이는 그들이 자기 하나님 여호와의 언약을 버리고 다른 신들에게 절하고 그를 섬긴 연고라 하리라 하셨다 할지니라
Na mmuae no bɛyɛ sɛ, ‘Efisɛ wɔagyaw Awurade, wɔn Nyankopɔn apam no akɔsɔre anyame afoforo asom wɔn.’”
10 너희는 죽은 자를 위하여 울지 말며 그를 위하여 애통하지 말고 잡혀간 자를 위하여 슬피 울라 그는 다시 돌아와서 그 고국을 보지 못할 것임이니라
Munnsu ɔhene a wafi mu, na munni ne ho awerɛhow; mmom, munsu dennen mma nea ɔkɔ nnommum mu, efisɛ ɔrensan nʼakyi na ɔrenhu asase a wɔwoo no wɔ so no bio.
11 나 여호와가 유다 왕 요시야의 아들 곧 그 아비 요시야를 이어 왕이 되었다가 이 곳에서 나간 살룸에 대하여 말하노라 그가 이 곳으로 다시 돌아오지 못하고
Na sɛɛ na Awurade ka faa Yosia babarima Salum a odii nʼagya ade sɛ Yudahene na wafi ha no ho: “Ɔrensan mma bio.
12 잡혀간 곳에서 죽으리니 이 땅을 다시 보지 못하리라
Obewu wɔ faako a wɔafa no nnommum kɔ hɔ; na ɔrenhu saa asase yi bio.”
13 불의로 그 집을 세우며 불공평으로 그 다락방을 지으며 그 이웃을 고용하고 그 고가를 주지 아니하는 자에게 화 있을진저!
“Nnome nka nea ɔmfa ɔkwan trenee so nsi nʼahemfi, ɔde asisi si nʼabansoro, ɔma ne manfo yɛ adwuma kwa, ontua wɔn apaade so ka.
14 그가 이르기를 내가 나를 위하여 광대한 집과 광활한 다락방을 지으리라 하고 자기를 위하여 창을 만들고 그것에 백향목으로 입히고 붉은 빛으로 칠하도다
Ɔka se, ‘Mesi ahemfi kɛse ama me ho nea ɛwɔ abansoro adan a mu soso.’ Enti ɔyɛ mfɛnsere akɛse wɔ mu, ɔde sida dura mu na ɔde ahosu kɔkɔɔ hyehyɛ mu.
15 네가 백향목으로 집 짓기를 경쟁하므로 왕이 될 수 있겠느냐? 네 아비가 먹으며 마시지 아니하였으며 공평과 의리를 행치 아니하였느냐 그 때에 그가 형통하였었느니라
“Wowɔ sida bebree a na ɛma woyɛ ɔhene ana? Na wʼagya nni aduan ne nsa ana? Ɔyɛɛ nea ɛfa ne kwan mu na ɛteɛ, enti esii no yiye.
16 그는 가난한 자와 궁핍한 자를 신원하고 형통하였나니 이것이 나를 앎이 아니냐 여호와의 말이니라
Odii mmɔborɔfo ne ahiafo nsɛm maa wɔn, enti biribiara yɛɛ yiye maa no. Na ɛnyɛ eyi na ɛkyerɛ sɛ obi nim me ana?” Awurade na ose.
17 그러나 네 눈과 마음은 탐람과 무죄한 피를 흘림과 압박과 강포를 행하려 할 뿐이니라
“Mo ani ne mo koma wɔ mfaso bɔne nko ara so, sɛ muhwie mogya a edi bem gu na moyɛ nhyɛso ne asisi nso.”
18 그러므로 나 여호와가 유다 왕 요시야의 아들 여호야김에게 대하여 이같이 말하노라 무리가 그를 위하여 슬프다 내 형제여, 슬프다 내 자매여, 하며 통곡하지 아니할 것이며 그를 위하여 슬프다 주여, 슬프다 그 영광이여, 하며 통곡하지도 아니할 것이라
Ɛno nti, sɛɛ na Awurade ka fa Yudahene Yosia babarima Yehoiakim ho: “Wɔrensu no: ‘A, me nuabarima! A, me nuabea!’ Wɔrensu no: ‘A, me wura! A, nʼahoɔfɛ!’
19 그가 끌려 예루살렘을 문 밖에 던지우고 나귀같이 매장함을 당하리라
Wobesie no sɛ afurum, wɔbɛtwe nʼase na wɔatow no akyene Yerusalem apon akyi.”
20 너는 레바논에 올라 외치며 바산에서 네 소리를 높이며 아바림에서 외치라 이는 너를 사랑하는 자가 다 멸망하였음이니라
“Monkɔ Lebanon nkosu, momma wɔnte mo nne wɔ Basan, munsu mfi Abarim, efisɛ wɔadwerɛw mo dɔm nyinaa.
21 네가 평안할 때에 내가 네게 말하였으나 네 말이 나는 듣지 아니하리라 하였나니 네가 어려서부터 내 목소리를 청종치 아니함이 네 습관이라
Mebɔɔ wo kɔkɔ, bere a na ɛyɛ wo sɛ wʼasom adwo wo no, nanso wokae se, ‘Merentie!’ Eyi ne ɔkwan a wonam so fi wo mmerantebere mu; woanyɛ osetie amma me.
22 네 목자들은 다 바람에 삼키울 것이요 너를 사랑하는 자들은 사로잡혀 가리니 그 때에 네가 반드시 네 모든 악을 인하여 수치와 욕을 당하리라
Mframa bɛbɔ wo nguanhwɛfo nyinaa akɔ, na wʼapamfo nyinaa bɛkɔ nnommum mu. Afei wʼani bewu na wʼanim agu ase esiane wʼamumɔyɛ nyinaa nti.
23 레바논에 거하여 백향목에 깃들이는 자여, 여인의 해산하는 고통같은 고통이 네게 임할 때에 너의 가련함이 얼마나 심하랴
Mo a mote Lebanon, na modeda sida adan mu, sɛnea mubesi apini wɔ ɔyaw mu, ɔyaw ɛte sɛ ɔbea a ɔreko awo de.
24 나 여호와가 말하노라 나의 삶으로 맹세하노니 유다 왕 여호야김의 아들 너 고니야가 나의 오른손의 인장반지라 할지라도 내가 빼어
“Nokware, sɛ mete ase yi,” Awurade na ose, “Mpo sɛ wo Yehoiakin, Yudahene Yehoiakim babarima yɛ me nsa nifa so nsɔwano kaa a, anka mɛworɔw wo.
25 네 생명을 찾는 자의 손과 너의 두려워하는 자의 손 곧 바벨론 왕 느부갓네살의 손과 갈대아인의 손에 줄 것이라
Mede wo bɛma wɔn a wɔrehwehwɛ wo kra, wɔn a wusuro wɔn no; Babiloniahene Nebukadnessar ne Babiloniafo.
26 내가 너와 너를 낳은 어미를 너희가 나지 아니한 다른 지방에 쫓아내리니 너희가 거기서 죽고
Mɛpam wo ne ɛna a ɔwoo wo no akogu ɔman foforo so, baabi a ɛnyɛ hɔ na wɔwoo mo mu biara, hɔ na mo baanu bewuwu.
27 너희 마음에 돌아오기를 사모하는 땅에 돌아 오지 못하리라
Morensan mma asase a mo kɔn dɔ sɛ mobɛsan aba so no so bio.”
28 이 사람 고니야는 천한 파기냐? 좋아하지 아니하는 그릇이냐? 어찌하여 그와 그 자손이 쫓겨나서 알지 못하는 땅에 들어 갔는고
Saa ɔbarima Yehoiakin yi yɛ asɛnka a abɔ ade a obiara mpɛ ana? Adɛn nti na wɔbɛpam ɔne ne mma, akogu asase a wonnim so no so?
29 땅이여, 땅이여, 땅이여, 여호와의 말을 들을지니라
Ao, asase, asase, asase! Tie Awurade asɛm!
30 나 여호와가 이같이 말하노라 너희는 이 사람이 무자하겠고 그 평생에 형통치 못할 자라 기록하라 이는 그 자손 중 형통하여 다윗의 위에 앉아 유다를 다스릴 사람이 다시는 없을 것임이니라
Sɛɛ na Awurade se: “Monkyerɛw ɔbarima yi ho asɛm nto hɔ te sɛ obi a onni ba, ɔbarima a ɔrennya nkɔso ne nkwa nna nyinaa na nʼasefo mu biara rennya nkɔso, na wɔn mu biara rentena Dawid ahengua so na wɔrenni Yuda so hene bio.”

< 예레미야 22 >