< 예레미야 21 >

1 시드기야왕이 말기야의 아들 바스훌과 제사장 마아세야의 아들 스바냐를 보내어 예레미야에게 말하기를 바벨론 왕 느부갓네살이 우리를 치니 청컨대 너는 우리를 위하여 여호와께 간구하라 여호와께서 혹시 그 모든 기사로 우리를 도와 행하시면 그가 우리를 떠나리라하던 그때에 여호와께로부터 예레미야에게 말씀이 임하니라
Asɛm fi Awurade hɔ baa Yeremia nkyɛn bere a ɔhene Sedekia somaa Malkia babarima Pashur ne Maaseia babarima ɔsɔfo Sefania kɔɔ ne nkyɛn no. Wɔkae se,
2 (1절과 같음)
“Bisa Awurade, ma yɛn efisɛ Babiloniahene Nebukadnessar ne yɛn rebedi ako. Ebia Awurade bɛyɛ anwonwade ama yɛn, sɛnea ɔyɛɛ mmere bi a atwa mu no na ama wafi yɛn so akɔ.”
3 예레미야가 그들에게 대답하되 너희는 시드기야에게 이같이 말하라
Na Yeremia buaa wɔn se, “Monka nkyerɛ Sedekia se,
4 이스라엘의 하나님 여호와께서 이같이 말씀하시되 보라, 너희가 성밖에서 바벨론 왕과 또 너희를 에운 갈대아인과 싸우는바 너희 손에 가진 병기를 내가 돌이킬 것이요 그들을 이 성중에 모아 들이리라
‘Sɛnea Awurade, Israel Nyankopɔn, se ni: Merebɛdan mo nsam akode atia mo, nea mode reko atia Babiloniahene ne Babiloniafo a wɔwɔ ɔfasu no akyi na wɔatua mo kuropɔn no ano. Mɛboa wɔn ano wɔ kuropɔn yi mu.
5 내가 든 손과 강한 팔 곧 노와 분과 대노로 친히 너희를 칠 것이며
Me ara mede nsa a mateɛ ne abasa a ɛyɛ den bɛko atia mo wɔ abufuw, anibere ne abufuwhyew mu.
6 내가 또 이성에 거주하는 자를 사람이나 짐승이나 다 치리니 그들이 큰 염병에 죽으리라 하셨다 하라
Mɛbobɔ wɔn a wɔtete kuropɔn yi mu ahwehwe fam; nnipa ne mmoa nyinaa, na ɔyaredɔm a ɛyɛ hu bekunkum wɔn.
7 여호와께서 또 말씀하시되 그 후에 내가 유다 왕 시드기야와 그 신하들과 백성과 및 이 성읍에서 염병과 칼과 기근에서 남은 자를 바벨론 왕 느부갓네살의 손과 그 대적의 손과 그 생명을 찾는 자들의 손에 붙이리니 그가 칼날로 그들을 치되 아끼지 아니하며 긍휼히 여기지 아니하며 불쌍히 여기지 아니하리라 하셨느니라
Ɛno akyi, Awurade asɛm ni, mede Yudahene Sedekia, nʼadwumayɛfo ne nnipa a wɔwɔ kuropɔn yi mu a ɔyaredɔm, afoa ne ɔkɔm ankunkum wɔn no bɛma Babiloniahene Nebukadnessar ne wɔn atamfo a wɔrehwehwɛ wɔn nkwa no. Ɔde afoa bekunkum wɔn; ɔrenhu wɔn mmɔbɔ na ɔrennya ayamhyehye mma wɔn.’
8 여호와께서 가라사대 너는 또 백성에게 여호와께서 이같이 말씀하신다 하라 보라, 내가 너희 앞에 생명의 길과 사망의 길을 두었노니
“Bio, ka kyerɛ nnipa no se, ‘Eyi ne nea Awurade se: Hwɛ mede nkwa kwan ne owu kwan resi mo anim.
9 이 성에 거주하는 자는 칼과 기근과 염병에 죽으려니와 너희를 에운 갈대아인에게 나가서 항복하는 자는 살리니 그의 생명은 노략한 것 같이 얻으리라
Obiara a ɔte saa kuropɔn yi mu bewu wɔ afoa anaa ɔkɔm anaa ɔyaredɔm ano. Nanso obiara a obepue na ɔde ne ho akɔma Babiloniafo a wɔabetua mo kuropɔn yi no, bɛfa ne ho adi.
10 나 여호와가 말하노라 내가 나의 얼굴을 이 성으로 향함은 복을 위함이 아니요 화를 위함이라 이 성이 바벨론 왕의 손에 붙임이 될 것이요 그는 그것을 불로 사르리라
Mawe ahinam sɛ mɛyɛ kuropɔn yi bɔne na ɛnyɛ papa, Awurade na ose. Wɔde bɛhyɛ Babiloniahene nsa, na ɔde ogya bɛhyew no.’
11 유다 왕의 집에 대한 여호와의 말을 들으라
“Nea ɛka ho ne sɛ, ka kyerɛ Yuda adehye se, ‘Muntie Awurade asɛm;
12 나 여호와가 이같이 말하노라 다윗의 집이여, 너는 아침마다 공평히 판결하여 탈취 당한 자를 압박자의 손에서 건지라 그리하지 아니하면 너희는 악행을 인하여 내 노가 불같이 일어나서 사르리니 능히 끌 자가 없으리라
Dawidfi, sɛɛ na Awurade se: “‘Mummu atɛntrenee anɔpa biara; munnye nea wɔabɔ no korɔn no mfi ne nhyɛsofo nsam, anyɛ saa a, mʼabufuwhyew bɛsɔre na ahyew sɛ ogya esiane bɔne a moayɛ nti, ɛbɛhyew a obiara rennum no.
13 나 여호와가 이르노라 골짜기와 평원 반석의 거민아 보라 너희가 말하기를 누가 내려와서 우리를 치리요 누가 우리의 거처에 들어오리요 하거니와 나는 네 대적이라
Mene mo anya, Yerusalem Mo a mote obon yi atifi abotan asasetaw so, Awurade na ose, mo a moka se, “Hena na obetumi ako atia yɛn? Hena na obetumi ahyɛn yɛn hintabea?”
14 내가 너희 행위대로 벌할 것이요 내가 또 수풀에 불을 놓아 그 사경을 사르리라 여호와의 말이니라
Mɛtwe mo aso sɛnea ɛfata mo nneyɛe, Awurade na ose. Mɛto mo kwae mu gya, a ɛbɛhyew biribiara a atwa mo ho ahyia no.’”

< 예레미야 21 >