< 이사야 60 >

1 일어나라! 빛을 발하라! 이는 네 빛이 이르렀고 여호와의 영광이 네 위에 임하였음이니라
“Sɔre, hyerɛn, na wo hann aba, na Awurade animuonyam apue wo so.
2 보라, 어두움이 땅을 덮을 것이며 캄캄함이 만민을 가리우려니와 오직 여호와께서 네 위에 임하실 것이며 그 영광이 네 위에 나타나리니
Hwɛ, esum akata asase so na esum kabii akata aman no so, nanso Awurade apue wo so na nʼanimuonyam ada adi wɔ wo so.
3 열방은 네 빛으로, 열왕은 비취는 네 광명으로 나아오리라
Amanaman bɛba wo hann no mu, na Ahemfo bɛba wo adekyeɛ hann no mo.
4 네 눈을 들어 사면을 보라 무리가 다 모여 네게로 오느니라 네 아들들은 원방에서 오겠고 네 딸들은 안기워 올 것이라
“Ma wʼani so na hwɛ wo ho hyia: wɔn nyinaa aboa wɔn ho ano reba wo nkyɛn; wo mmammarima fifiri akyirikyiri, na wɔkura wo mmammaa wɔ abasa so.
5 그 때에 네가 보고 희색을 발하며 네 마음이 놀라고 또 화창하리니 이는 바다의 풍부가 네게로 돌아오며 열방의 재물이 옴이라
Afei wobɛhwɛ na wʼanim ate, wʼakoma bɛbɔ na anigyeɛ ahyɛ no ma; ahonya a ɛwɔ ɛpo so, wɔde bɛbrɛ wo, na amanaman no ahodeɛ nso bɛba wo nkyɛn.
6 허다한 약대, 미디안과 에바의 젊은 약대가 네 가운데 편만할 것이며 스바의 사람들은 다 금과 유향을 가지고 와서 여호와의 찬송을 전파할 것이며
Yoma akuakuo bɛyɛ wʼasase so ma, yomaforɔ a wofiri Midian ne Efa. Na wɔn a wɔfiri Seba nyinaa bɛba, wɔsoso sika kɔkɔɔ ne nnuhwam na wɔpae mu ka Awurade ayɛyie.
7 게달의 양 무리는 다 네게로 모여지고 느바욧의 수양은 네게 공급되고 내 단에 올라 기꺼이 받음이 되리니 내가 내 영광의 집을 영화롭게 하리라
Wɔbɛboaboa Kedar nnwankuo nyinaa ano abrɛ wo, Nebaiot nnwennini bɛsom wo; wɔbɛgye wɔn sɛ afɔrebɔdeɛ wɔ mʼafɔrebukyia so, na mɛhyɛ mʼasɔredan kronkron no animuonyam.
8 저 구름 같이, 비둘기가 그 보금자리로 날아 오는 것 같이 날아 오는 자들이 누구뇨
“Hwannom ne yeinom a wɔtu sɛ omununkum, te sɛ mmorɔnoma a wɔrekɔ wɔn pirebuo mu yi?
9 곧 섬들이 나를 앙망하고 다시스의 배들이 먼저 이르되 원방에서 네 자손과 그 은금을 아울러 싣고 와서 네 하나님 여호와의 이름에 드리려 하며 이스라엘의 거룩한 자에게 드리려 하는 자들이라 이는 내가 너를 영화롭게 하였음이니라
Ampa ara nsupɔ no ani da me so; Tarsis ahyɛn na wɔdi anim, wɔde wo mmammarima fifiri akyirikyiri reba, wɔsoso wɔn dwetɛ ne wɔn sika kɔkɔɔ, de rebɛhyɛ Awurade, wo Onyankopɔn animuonyam, Israel Kronkronni No, ɛfiri sɛ wahyɛ wo animuonyam.
10 내가 노하여 너를 쳤으나 이제는 나의 은혜로 너를 긍휼히 여겼은즉 이방인들이 네 성벽을 쌓을 것이요 그 왕들이 너를 봉사할 것이며
“Ananafoɔ bɛto wʼafasuo no bio, na wɔn ahemfo bɛsom wo. Ɛwom sɛ mede abufuo asɛe wo deɛ, nanso menam adom so bɛhunu wo mmɔbɔ.
11 네 성문이 항상 열려 주야로 닫히지 아니하리니 이는 사람들이 네게로 열방의 재물을 가져오며 그 왕들을 포로로 이끌어 옴이라
Wʼapono ano bɛdeda hɔ ɛberɛ biara, wɔrentoto mu awia anaa anadwo, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nkurɔfoɔ de amanaman no ahonya bɛbrɛ wo, a wɔn ahemfo di nkonimdie santen no anim.
12 너를 섬기지 아니하는 백성과 나라는 파멸하리니 그 백성들은 반드시 진멸되리라
Na ɔman anaa ahennie a wɔrensom wo no bɛyera, wɔbɛsɛe no pasaa.
13 레바논의 영광 곧 잣나무와 소나무와 황양목이 함께 네게 이르러 내 거룩한 곳을 아름답게 할 것이며 내가 나의 발 둘 곳을 영화롭게 할 것이라
“Lebanon animuonyam bɛba wo nkyɛn, pepeaa, sɛsɛ ne kwabɔhɔrɔ bɛbɔ mu, abɛsiesie me kronkronbea hɔ; na mɛhyɛ beaeɛ a menan sisi no animuonyam.
14 너를 괴롭게 하던 자의 자손이 몸을 굽혀 네게 나아오며 너를 멸시하던 모든 자가 네 발 아래 엎드리어 너를 일컬어 여호와의 성읍이라 이스라엘의 거룩한 자의 시온이라 하리라
Wo nhyɛsofoɔ mmammarima bɛba abɛkoto wo; wɔn a wɔbu wo animtia nyinaa bɛkoto wo nan ase na wɔbɛfrɛ wo Awurade Kuropɔn, Israel Kronkronni, Sion.
15 전에는 네가 버림을 입으며 미움을 당하였으므로 네게로 지나는 자가 없었으나 이제는 내가 너로 영영한 아름다움과 대대의 기쁨이 되게 하리니
“Ɛwom sɛ wɔapa wʼakyi atane wo, a obiara ntu kwan mfa wo mu, nanso mɛyɛ wo ahohoahoadeɛ a ɛte hɔ daa ne awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa anigyedeɛ.
16 네가 열방의 젖을 빨며 열왕의 유방을 빨고 나 여호와는 네 구원자, 네 구속자, 야곱의 전능자인 줄 알리라
Wobɛnom amanaman nufosuo no na woanum adehyeɛ nufoɔ. Afei wobɛhunu sɛ me Awurade, me ne wo Agyenkwa, wo gyefoɔ, Yakob Otumfoɔ no.
17 내가 금을 가져 놋을 대신 하며 은을 가져 철을 대신하며 놋으로 나무를 대신하며 철로 돌을 대신하며 화평을 세워 관원을 삼으며 의를 세워 감독을 삼으리니
Mede sikakɔkɔɔ bɛsi kɔbere anan mu abrɛ wo, na dwetɛ asi dadeɛ anan mu. Mede kɔbere bɛsi dua anan mu abrɛ wo, na dadeɛ asi aboɔ anan mu. Mede asomdwoeɛ bɛyɛ wo so amrado na tenenee ayɛ wo sodifoɔ.
18 다시는 강포한 일이 네 땅에 들리지 않을 것이요 황폐와 파멸이 네 경내에 다시 없을 것이며 네가 네 성벽을 구원이라, 네 성문을 찬송이라 칭할 것이라
Wɔrente awurukasɛm wɔ wʼasase so bio, anaa mmubuiɛ ne ɔsɛeɛ wɔ wʼahyeɛ so. Na mmom wobɛfrɛ wʼafasuo sɛ Nkwagyeɛ ne wʼapono sɛ Ayɛyie.
19 다시는 낮에 해가 네 빛이 되지 아니하며 달도 네게 빛을 비취지 않을 것이요 오직 여호와가 네게 영영한 빛이 되며 네 하나님이 네 영광이 되리니
Owia renyɛ wo hann adekyeɛ mu bio na ɔsrane hann renhyerɛn wo so, ɛfiri sɛ, Awurade bɛyɛ wo daapem hann, na wo Onyankopɔn bɛyɛ wo animuonyam.
20 다시는 네 해가 지지 아니하며 네 달이 물러가지 아니할 것은 여호와가 네 영영한 빛이 되고 네 슬픔의 날이 마칠 것임이니라
Wʼawia rentɔ bio, wo srane rennum bio, Awurade bɛyɛ wo daapem hann, na wʼawerɛhoɔ nna to bɛtwa.
21 네 백성이 다 의롭게 되어 영영히 땅을 차지하리니 그들은 나의 심은 가지요 나의 손으로 만든 것으로서 나의 영광을 나타낼 것인즉
Na afei wo nkurɔfoɔ nyinaa bɛyɛ teneneefoɔ na wɔbɛfa asase no adi so afebɔɔ. Wɔyɛ adeɛ a madua na afefɛ me nsa ano adwuma a ɛbɛda mʼanimuonyam adi.
22 그 작은 자가 천을 이루겠고 그 약한 자가 강국을 이룰 것이라 때가 되면 나 여호와가 속히 이루리라!
Mo mu akumaa koraa bɛdɔre ayɛ apem, na ketewa no ayɛ ɔman kɛseɛ. Mene Awurade; na ne berɛ mu, mɛyɛ yei ntɛm so.”

< 이사야 60 >