< 히브리서 1 >
1 옛적에 선지자들로 여러 부분과 여러 모양으로 우리 조상들에게 말씀하신 하나님이
Mmere a atwa mu no, na Onyankopɔn nam akwan ahorow bebree so fa adiyifo so kasa kyerɛ yɛn mpanyimfo no.
2 이 모든 날 마지막에 아들로 우리에게 말씀하셨으니 이 아들을 만유의 후사로 세우시고 또 저로 말미암아 모든 세계를 지으셨느니라 (aiōn )
Mmom, mmere a edi akyiri no de, ɔnam ne Ba no so akasa akyerɛ yɛn. Ɔyɛ obi a Onyankopɔn nam ne so bɔɔ wiase. Na ɔno na Onyankopɔn ayi no sɛ awiei no, nneɛma nyinaa bɛyɛ ne de. (aiōn )
3 이는 하나님의 영광의 광채시요 그 본체의 형상이시라 그의 능력의 말씀으로 만물을 붙드시며 죄를 정결케 하는 일을 하시고 높은 곳에 계신 위엄의 우편에 앉으셨느니라
Ɔnam hyerɛn a Onyankopɔn anuonyam hyerɛn no so haran. Ɔyɛ Onyankopɔn sɛso pɛpɛɛpɛ, na ɔde nʼasɛm a tumi wɔ mu no so wiase mu. Ɔtew nnipa ho fii wɔn bɔne mu wiei no, ɔtenaa Otumfo Nyankopɔn nifa so wɔ ɔsoro.
4 저가 천사보다 얼마큼 뛰어남은 저희보다 더욱 아름다운 이름을 기업으로 얻으심이니
Ɛno nti ɔyɛɛ ɔkɛse sen abɔfo no, efisɛ din a Onyankopɔn de too no no yɛ kɛse sen wɔn de no.
5 하나님께서 어느 때에 천사 중 누구에게 네가 내 아들이라 오늘날 내가 너를 낳았다 하셨으며 또 다시 나는 그에게 아버지가 되고 그는 내게 아들이 되리라 하셨느뇨
Efisɛ Onyankopɔn nso anka ankyerɛ nʼabɔfo no mu biara se, “Woyɛ me Ba; nnɛ mayɛ wʼAgya.” Na wanka ankyerɛ ɔbɔfo biara se, “Mɛyɛ wʼAgya na woayɛ me Ba.”
6 또 맏아들을 이끌어 세상에 다시 들어오게 하실 때에 하나님의 모든 천사가 저에게 경배할지어다 말씀하시며
Bere a Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔsoma nʼabakan no ba wiase no, ɔsan kae se, “Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abɔfo nyinaa som no.”
7 또 천사들에 관하여는 그는 그의 천사들을 바람으로, 그의 사역자들을 불꽃으로 삼으시느니라 하셨으되
Asɛm a Onyankopɔn ka faa abɔfo no ho ne sɛ, “Onyankopɔn soma nʼabɔfo sɛ mframa, na ɔsoma nʼasomfo sɛ gyaframa.”
8 아들에 관하여는 하나님이여! 주의 보좌가 영영하며 주의 나라의 홀은 공평한 홀이니이다 (aiōn )
Nea ɛfa Ɔba no ho no, Onyankopɔn kae se, “Ao, Onyankopɔn, wʼahengua bɛtena hɔ daa nyinaa; wʼAhenni yɛ atɛntrenee. (aiōn )
9 네가 의를 사랑하고 불법을 미워하였으니 그러므로 하나님 곧 너의 하나님이 즐거움의 기름을 네게 주어 네 동류들보다 승하게 하셨도다 하였고
Wodɔ trenee, na wukyi bɔne, ɛno nti Onyankopɔn, wo Nyankopɔn no, de wo asi wo mfɛfo so, na ɔde anigye ngo asra wo.”
10 또 주여! 태초에 주께서 땅의 기초를 두셨으며 하늘도 주의 손으로 지으신 바라
Onyankopɔn san kae se, “Mfiase no wotoo asase fapem, na ɔsoro yɛ wo nsa ano adwuma.
11 그것들은 멸망할 것이나 오직 주는 영존할 것이요 그것들은 다 옷과 같이 낡아지리니
Ne nyinaa betwa mu; na wo de, wobɛtena hɔ daa; wɔbɛtetew sɛ atade.
12 의복처럼 갈아 입을 것이요 그것들이 옷과 같이 변할 것이나 주는 여전 하여 연대가 다함이 없으리라 하였으나
Wɔbɛbobɔw no sɛ ntama; na wɔbɛsesa no sɛ ntade. Nanso wote sɛnea wote, na wo mfe to rentwa da.”
13 어느 때에 천사 중 누구에게 내가 네 원수로 네 발등상 되게 하기까지 너는 내 우편에 앉았으라 하셨느뇨
Onyankopɔn anka ankyerɛ nʼabɔfo no se, “Montena me nifa so nkosi sɛ mede mo atamfo bɛyɛ mo anan ase ntiaso.”
14 모든 천사들은 부리는 영으로서 구원 얻을 후사들을 위하여 섬기라고 보내심이 아니뇨
Sɛ saa a, na abɔfo no yɛ dɛn? Wɔn nyinaa yɛ ahonhom a wɔsom Onyankopɔn na ɔsoma wɔn ma wɔkɔboa wɔn a wɔrehwehwɛ nkwagye no.