< 히브리서 6 >

1 그러므로 우리가 그리스도 도의 초보를 버리고 죽은 행실을 회개함과 하나님께 대한 신앙과
Momma yennyae Kristo mfiase ho nkyerɛkyerɛ na yensua ne ho nsɛm a ɛkɔ anim no. Ɛho nhia bio sɛ yɛbɛkɔ so akyerɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yenu yɛn ho wɔ nneyɛe a ɛde owu brɛ yɛn ne nea enti a ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn mu gyidi no ho.
2 세례들과 안수와 죽은 자의 부활과 영원한 심판에 관한 교훈의 터를 다시 닦지 말고 완전한 데 나아갈지니라 (aiōnios g166)
Ɛho nhia nso sɛ yɛbɛkɔ so akyerɛkyerɛ asubɔ, nsa a wɔde gu nnipa so, awufosɔre ne daa atemmu ho nsɛm bio. (aiōnios g166)
3 하나님께서 허락하시면 우리가 이것을 하리라
Momma yɛnkɔ yɛn anim! Na sɛ Onyankopɔn ma kwan a saa ara na yɛbɛyɛ.
4 한번 비췸을 얻고 하늘의 은사를 맛보고 성령에 참예한 바 되고
Ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛsan de wɔn a wɔahwe ase aba ama wɔanu wɔn ho bio? Na anka wɔwɔ Onyankopɔn hann mu. Wɔkaa ɔsoro akyɛde hwɛe, na wonyaa wɔn kyɛfa wɔ Honhom Kronkron no mu.
5 하나님의 선한 말씀과 내세의 능력을 맛보고 (aiōn g165)
Wofi osuahu mu ahu sɛ Onyankopɔn asɛm ye, na wɔahu wiase a ɛreba no mu tumi. (aiōn g165)
6 타락한 자들은 다시 새롭게 하여 회개케 할 수 없나니 이는 자기가 하나님의 아들을 다시 십자가에 못박아 현저히 욕을 보임이라
Nanso ɛno akyi no wɔhwee ase. Enti ɛyɛ den sɛ wɔde wɔn bɛsan aba bio sɛ wommenu wɔn ho, efisɛ wɔresan abɔ Onyankopɔn Ba no asennua mu nam so agu nʼanim ase akyerɛ.
7 땅이 그 위에 자주 내리는 비를 흡수하여 밭 가는 자들의 쓰기에 합당한 채소를 내면 하나님께 복을 받고
Onyankopɔn hyira asase a ɛnom osu a ɛtɔ gu so na ɛma afifide yɛ yie ma wɔn a wɔn nti woduae no.
8 만일 가시와 엉겅퀴를 내면 버림을 당하고 저주함에 가까와 그 마지막은 불사름이 되리라
Na sɛ nsɔe ne nwura hunu fifi wɔ so a, enye mma hwee. Onyankopɔn bɛdome no na wɔde ogya asɛe no.
9 사랑하는 자들아 우리가 이같이 말하나 너희에게는 이보다 나은 것과 구원에 가까운 것을 확신하노라
Nanso me nnamfonom, nsɛm a yɛaka yi nyinaa akyi no, yenim pefee sɛ ade pa bi a nkwagye bata ho befi mo mu aba.
10 하나님이 불의치 아니하사 너희 행위와 그의 이름을 위하여 나타낸 사랑으로 이미 성도를 넘긴 것과 이제도 섬기는 것을 잊어버리지 아니하시느니라
Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ. Ne werɛ remfi adwuma a moyɛe anaa ɔdɔ a modaa no adi maa no ne mmoa a mode boaa mo mfɛfo Kristofo na mugu so de boa wɔn no.
11 우리가 간절히 원하는 것은 너희 각 사람이 동일한 부지런을 나타내어 끝까지 소망의 풍성함에 이르러
Nea yɛrehwehwɛ ne sɛ mo mu biara bɛboa no mmɔdemmɔ so de akosi awiei sɛnea ɛbɛyɛ a mo nsa bɛka ade a mo ani da so no.
12 게으르지 아니하고 믿음과 오래 참음으로 말미암아 약속들을 기업으로 받는 자들을 본받는 자 되게 하려는 것이니라
Yɛmpɛ sɛ moyɛ anihaw. Na mmom, yɛpɛ sɛ yehu mo sɛ agyidifo a mowɔ boasetɔ na mo nsa aka bɔ a Onyankopɔn ahyɛ mo no.
13 하나님이 아브라함에게 약속 하실 때에 가리켜 맹세할 자가 자기 보다 더 큰 이가 없으므로 자기를 가리켜 맹세하여
Bere a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no, ɔkaa nea wahyɛ ho bɔ no ho ntam. Esiane sɛ na obiara nni hɔ a ɔkorɔn sen no no nti, ɔde ɔno ara ne din na ɛkaa saa ntam no.
14 가라사대 내가 반드시 너를 복주고 복주며 너를 번성케 하고 번성케 하리라 하셨더니
Ɔkaa ntam no se, “Mehyɛ wo bɔ sɛ, mehyira wo na mama wʼase adɔ.”
15 저가 이같이 오래 참아 약속을 받았느니라
Na Abraham wɔ ntoboase nti, ne nsa kaa bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ no no.
16 사람들은 자기보다 더 큰 자를 가리켜 맹세하나니 맹세는 저희 모든 다투는 일에 최후 확정이니라
Sɛ onipa ka ntam a, ɔde obi a ɔkorɔn sen no din na ɛka saa ntam no de siesie nnipa ntam.
17 하나님은 약속을 기업으로 받는 자들에게 그 뜻이 변치 아니함을 충분히 나타내시려고 그 일에 맹세로 보증하셨나니
Onyankopɔn pɛɛ sɛ ɔda no adi pefee kyerɛ wɔn a na ɛsɛ sɛ wɔn nsa ka ne bɔhyɛ no se ɔrensesa nʼatirimsɛm, nti ɔkaa ntam de hyɛɛ bɔhyɛ no mu den.
18 이는 하나님이 거짓말을 하실 수 없는 이 두 가지 변치 못할 사실을 인하여 앞에 있는 소망을 얻으려고 피하여 가는 우리로 큰 안위를 받게 하려 하심이라
Saa nneɛma abien yi na ɛrentumi nsesa na Onyankopɔn ntumi nni ho atoro. Enti yɛn a yɛnam ne so anya nkwa no, wɔhyɛ yɛn nkuran sɛ yenso yɛn anidaso no mu yiye.
19 우리가 이 소망이 있는 것은 영혼의 닻 같아서 튼튼하고 견고하여 휘장 안에 들어가나니
Yɛwɔ saa anidaso yi sɛ ɔkra sɛkyɛ. Etim hɔ, na ɛma yɛhyɛn tra ntwamtam no kosi Kronkron mu Kronkron hɔ.
20 그리로 앞서 가신 예수께서 멜기세덱의 반차를 좇아 영원히 대제사장이 되어 우리를 위하여 들어 가셨느니라 (aiōn g165)
Yesu asi yɛn anan mu adi yɛn kan kɔ hɔ. Wayɛ Ɔsɔfopanyin afebɔɔ sɛnea Melkisedek asɔfokwan nhyehyɛe te no. (aiōn g165)

< 히브리서 6 >