< 에스겔 27 >
Awurade asɛm baa me nkyɛn se:
“Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tiro ho so.
3 너는 두로를 향하여 이르기를 바다 어귀에 거하여 여러 섬 백성과 통상하는 자여 주 여호와의 말씀에 두로야 네가 말하기를 나는 온전히 아름답다 하였도다
Ka kyerɛ Tiro a ɔda po abobow ano, na ɔne aguadifo bebree a wɔwɔ mpoano nkurow so di gua se, eyi ne asɛm a Otumfo Awurade ka: “‘Woka se, Tiro, “Me ho yɛ fɛ yiye.”
4 네 지경이 바다 가운데 있음이여 너를 지은 자가 네 아름다움을 온전케 하였도다
Wo tumidi wɔ po so akyirikyiri; wʼadansifo maa wʼahoɔfɛ wiee pɛyɛ.
5 스닐의 잣나무로 네 판자를 만들었음이여 너를 위하여 레바논 백향목을 가져 돛대를 만들었도다
Wo nnua a wɔpaee nyinaa yɛ ɔpepaw a efi Senir. Wɔde Lebanon sida na ɛyɛɛ ahyɛn so nnua maa wo.
6 바산 상수리나무로 네 노를 만들었음이여 깃딤섬 황양목에 상아로 꾸며 갑판을 만들었도다
Odum nnua a efi Basan na wɔde yɛɛ wʼatabon; Kwabɔhɔre nnua a efi Kipro mpoano na wɔde yɛɛ wʼahyɛn abrannaa, a wɔde asonse asɛw so.
7 애굽의 수 놓은 가는 베로 돛을 만들어 기를 삼았음이여 엘리사 섬의 청색 자색 베로 차일을 만들었도다
Misraim nwera papa bi a wɔadi mu adwini na wɔde yɛɛ wʼahyɛn so mframatam a ɛyɛɛ wo frankaa nso; wʼapon ne mfɛnsere ano ntama yɛ abibitam ne beredum ntama a efi Elisa mpoano.
8 시돈과 아르왓 거민들이 네 사공이 되었음이여 두로야 네 가운데 있는 박사가 네 선장이 되었도다
Sidonfo ne Arwadfo na wɔhare wʼahyɛn; wo mmarima anyansafo. Tiro, na wɔyɛ adwumayɛfo wɔ wʼahyɛn mu.
9 그발의 노인과 박사들이 네 가운데서 배의 틈을 막는 자가 되었음이여 바다의 모든 배와 그 사공들은 네 가운데서 무역하였도다
Gebal adwumfo adedaw tenaa wʼahyɛn mu sɛ dua dwumfo a wotuatua ahyɛn no mu ntokuru. Po so ahyɛn ne wɔn hyɛnmufo nyinaa baa wo nkyɛn ne wo bedii nsesagua.
10 바사와 룻과 붓이 네 군대 가운데서 병정이 되었음이여 네 가운데서 방패와 투구를 달아 네 영광을 나타내었도다
“‘Persia, Lidia ne Put mmarima somee sɛ asraafo wɔ wo nsraadɔm mu. Wɔde wɔn nkatabo ne dade kyɛw sensɛn wʼafasu ho, de hyɛɛ wo anuonyam.
11 아르왓 사람과 네 군대는 네 사면 성 위에 있었고 용사들은 네 여러 망대에 있었음이여 네 사면 성 위에 방패를 달아 네 아름다움을 온전케 하였도다
Arwad ne Helek mmarima wɛn wʼafasu ho nyinaa Gammad mmarima tenaa wʼabantenten mu. Wɔde wɔn nkatabo sensɛn wʼafasu ho maa wʼahoɔfɛ dii mu.
12 다시스는 각종 보화가 풍부하므로 너와 통상하였음이여 은과 철과 상납과 납을 가지고 네 물품을 무역하였도다
“‘Wʼaguade a ɛma wonyaa wo ho bebree nti, Tarsis ne wo dii gua, wɔde dwetɛ, dade, sanyaa ne sumpii sesaa wʼaguade.
13 야완과 두발과 메섹은 네 장사가 되었음이여 사람과 놋그릇을 가지고 네 상품을 무역하였도다
“‘Helafo, Tubalfo ne Mesekfo ne wo dii gua, wɔde nkoa ne kɔbere nneɛma sesaa wʼaguade.
14 도갈마 족속은 말과 전마와 노새를 가지고 네 물품을 무역하며
“‘Bet Togarma mmarima de adwumayɛ apɔnkɔ, ɔsa apɔnkɔ ne mfurum mma bɛsesaa wʼaguade.
15 드단 사람은 네 장사가 되었음이여 여러 섬이 너와 통상하여 상아와 오목을 가져 네 물품을 무역하였도다
“‘Roda mmarima ne wo dii gua, na mpoano nkurow bebree yɛɛ wʼadetɔfo a wɔde asonse ne duabo nnua tuaa wo ka.
16 너의 제조품이 풍부하므로 아람은 너와 통상하였음이여 남보석과 자색 베와 수 놓은 것과 가는 베와 산호와 홍보석을 가지고 네 물품을 무역하였도다
“‘Aram ne wo dii gua esiane wo nneɛma bebrebe a woyɛ nti; wɔde nsrammabo, ntama a ɛberedum, nea wɔadi mu adwinni, nwera pa, nnɛnkyerema ne bota bɛsesaa wʼaguade.
17 유다와 이스라엘 땅 사람이 네 장사가 되었음이여 민닛 밀과 과자와 꿀과 기름과 유향을 가지고 네 물품을 무역하였도다
“‘Yuda ne Israel ne wo dii gua; wɔde awi a efi Minit ne brodo, ɛwo, ngo ne ahyehyesrade sesaa wʼaguade.
18 너의 제조품이 많고 각종 보화가 풍부하므로 다메섹이 너와 통상하였음이여 헬본 포도주와 흰 양털을 가지고 너와 무역하였도다
“‘Damasko ne wo dii gua wɔ nsa a efi Helbon ne nguan ho nwi a efi Sahar mu, esiane nneɛma a woyɛ ne wʼaguade a ama woanya wo ho bebree no nti.
19 워단과 야완은 길쌈하는 실로 네 물품을 무역하였음이여 백철과 육계와 창포가 네 상품중에 있었도다
Danfo ne Helafo a wofi Usal tɔɔ wʼaguade na wɔde dade a wɔaboro, sesadua ne ahunuanyankwa sesaa wʼaguade.
20 드단은 네 장사가 되었음이여 탈 때 까는 담으로 너와 무역하였도다
“‘Dedan de apɔnkɔnguasotam ne wo dii gua.
21 그들이 다 너를 위하여 머리털을 밀고 굵은 베로 띠를 띠고 마음이 아프게 슬피 통곡하리로다 아라비아와 게달의 모든 방백은 네 수하에 상고가 되어 어린 양과 수양과 염소들 그것으로 너와 무역하였도다 아라비아와 게달의 모든 방백은 네 수하에 상고가 되어 어린 양과 수양과 염소들 그것으로 너와 무역하였도다 그들이 다 너를 위하여 머리털을 밀고 굵은 베로 띠를 띠고 마음이 아프게 슬피 통곡하리로다
“‘Arabfo ne Kedar mmapɔmma nyinaa yɛɛ wʼaguadifo a wɔde nguantenmma, adwennini ne mpapo ne wo dii gua.
22 스바와 라아마의 장사들도 너의 장사들이 됨이여 각종 상등 향재료와 각종 보석과 황금으로 네 물품을 무역하였도다
“‘Seba ne Raama aguadifo ne wo dii gua; wɔde nnuhuam ahorow a ɛte apɔw, aboɔden abo ne sikakɔkɔɔ ne wo bedii nsesagua.
23 하란과 간네와 에덴과 스바와 앗수르와 길맛의 장사들도 너의 장사들이라
“‘Haran, Kan ne Eden, aguadifo a wofi Seba, Asur ne Kilmad ne wo dii gua.
24 이들이 아름다운 물화 곧 청색 옷과 수놓은 물품과 빛난 옷을 백향목 상자에 담고 노끈으로 묶어 가지고 너와 통상하여 네 물품을 무역하였도다
Wo gua so hɔ, wɔde ntama a ɛyɛ fɛ, nnɛmmatam a ɛyɛ tuntum, adwinne ahorow ne ntama fɛfɛ a ɛwɔ ahosu ahorow a wɔde nhoma a wɔakyinkyim abobɔ no apɔwapɔw na ayɛ ne wo bedii gua.
25 다시스의 배는 떼를 지어 네 물화를 실었음이여 네가 바다 중심에서 풍부하여 영화가 극하였도다
“‘Tarsis ahyɛn yɛ adwuma sɛ asoafo ma wʼaguade. Adesoa duruduru ayɛ wo ma wɔ po no mfimfini.
26 네 사공이 너를 인도하여 큰 물에 이름이여 동풍이 바다 중심에서 너를 파하도다
Wʼaharefo no fa wo de wo kɔ po so akyirikyiri nanso apuei ahum bebubu wo mu nketenkete wɔ po no mfimfini.
27 네 재물과 상품과 무역한 물건과 네 사공과 선장과 네 배의 틈을 막는 자와 네 장사와 네 가운데 있는 모든 용사와 네 가운데 있는 모든 무리가 네 패망하는 날에 다 바다 중심에 빠질 것임이여
Wʼahonya, aguade ne adetɔnnne wʼahyɛn akwankyerɛfo, wʼahyɛn mufo ne wɔn a wotuatua wʼahyɛn mu ntokuru, wʼaguadifo ne wʼasraafo nyinaa, ne obiara a ɔwɔ hyɛn no mu bɛmem akɔ po ase tɔnn, da a wo hyɛn no bɛbɔ.
28 네 선장의 부르짖는 소리에 물결이 흔들리리로다
Mpoano asase bɛwosow bere a wo hyɛn mufo no reteɛteɛ mu.
29 무릇 노를 잡은 자와 사공과 바다의 선장들이 다 배에 내려 언덕에 서서
Wɔn a wokurakura atabon no nyinaa begyaw wɔn ahyɛn hɔ; hyɛn akwankyerɛfo ne hyɛn mufo nyinaa begyinagyina mpoano.
30 너를 위하여 크게 소리질러 통곡하고 티끌을 머리에 무릎쓰며 재 가운데 굶이여
Wɔbɛma wɔn nne so asu osu yaayaw ama wo; wɔbɛpete mfutuma agu wɔn ti so na wɔayantayantam nsõ mu.
31 그들이 다 너를 위하여 머리털을 밀고 굵은 베로 띠를 띠고 마음이 아프게 슬피 통곡하리로다
Wo nti wɔbɛbobɔ tikwaw na wɔafurafura atweaatam. Wɔde ɔkra mu ahoyeraw ne awerɛhow a mu yɛ den begyam wo.
32 그들이 통곡할 때에 너를 위하여 애가를 불러 조상하는 말씀이여 두로 같이 바다 가운데서 적막한 자 누구인고
Bere a wɔretwa adwo redi awerɛhow no wɔbɛma kwadwom bi a ɛfa wo ho so se: “Hena na wama no atɔ mum te sɛ Tiro a po atwa ne ho ahyia yi?”
33 네 물품을 바다로 실어 낼 때에 네가 여러 백성을 풍족하게 하였음이여 네 재물과 무역품이 많으므로 세상 열왕을 풍부케 하였었도다
Bere a wʼaguade kɔɔ po ahorow so no woboaa aman bebree; Wʼahonyade ne wʼaguade maa asase so ahemfo nyaa wɔn ho.
34 네가 바다 깊은데서 파선한 때에 네 무역품과 네 승객이 다 빠졌음이여
Afei po abubu wo mu nketenkete wɔ asu no bun mu wʼaguade ne wʼadwumayɛfo nyinaa ne wo amem kɔ asu ase.
35 섬의 거민들이 너를 인하여 놀라고 열왕이 심히 두려워하여 얼굴에 근심이 나타나도다
Wɔn a wɔtete mpoano nyinaa ho adwiriw wɔn wɔ wo ho; ehu ma wɔn ahemfo ho popo na wɔn anim sinsiam.
36 열국의 상고가 다 너를 비웃음이여 네가 경계거리가 되고 네가 영원히 다시 있지 못하리라 하리로다 하셨다 하라
Aman no mu aguadifo bɔ ntwɔm gu wo so woaba awiei a ɛyɛ hu na wɔrenhu wo bio.’”