< 에스더 4 >

1 모르드개가 이 모든 일을 알고 그 옷을 찢고 굵은 베를 입으며 재를 무릅쓰고 성중에 나가서 대성 통곡하며
Bere a Mordekai huu nea wɔayɛ no nyinaa no, ɔtetew ne ntade mu, hyɛɛ atweaatam, de nsõ yɛɛ ne ho, de agyaadwotwa a ano yɛ den faa kuropɔn no mu.
2 대궐 문 앞까지 이르렀으니 굵은 베를 입은 자는 대궐 문에 들어가지 못함이라
Ogyinaa ahemfi no pon akyi, efisɛ na wɔmma obi a ɔhyɛ atweaatam no nkɔ mu.
3 왕의 조명이 각 도에 이르매 유다인이 크게 애통하여 금식하며 곡읍하며 부르짖고 굵은 베를 입고 재에 누운 자가 무수하더라
Na bere a ɔhene no mmara no duu amantam no nyinaa so no, na ɛyɛ osu ne agyaadwo wɔ Yudafo no mu. Wodii mmuada, su twaa agyaadwo a wɔn mu bebree hyehyɛ atweaatam de nsõ ahura wɔn ho.
4 에스더의 시녀와 내시가 나아와 고하니 왕후가 심히 근심하여 입을 의복을 모르드개에게 보내어 그 굵은 베를 벗기고자 하나 모르드개가 받지 아니하는지라
Bere a ɔhemmea Ɛster mmaawa ne ne piamfo bɛkaa Mordekai ho asɛm kyerɛɛ no no, ɛhaw no yiye. Ɔbrɛɛ no ntade sɛ ɔmfa nsi atweaatam no anan, nanso ɔpoe.
5 에스더가 왕의 명으로 자기에게 근시하는 내시 하닥을 불러 명하여 `모르드개에게 가서 이것이 무슨 일이며 무슨 연고인가 알아 보라' 하매
Na Ɛster soma ma wɔkɔfrɛɛ Hatak a ɔyɛ ɔhene piamfo no mu baako a wɔayi no sɛ ne somfo no. Ɔhyɛɛ no sɛ ɔnkɔ Mordekai nkyɛn nkobisa no nea ɛrehaw no, ne nea enti a ɔretwa agyaadwo saa.
6 하닥이 대궐 문 앞 성중 광장에 있는 모르드개에게 이르니
Enti Hatak kɔɔ Mordekai nkyɛn wɔ aguabɔbea a ɛwɔ ahemfi no pon ano.
7 모르드개가 자기의 당한 모든 일과 하만이 유다인을 멸하려고 왕의 부고에 바치기로 한 은의 정확한 수효를 하닥에게 말하고
Mordekai kaa asɛm no nyinaa kyerɛɛ no, kaa sika a Haman ahyɛ bɔ sɛ ɔde begu adehye foto mu no, nam so de atɔre Yudafo no ase.
8 또 유다인을 진멸하라고 수산궁에서 내린 조서 초본을 하닥에게 주어 에스더에게 뵈어 알게 하고 또 저에게 부탁하여 왕에게 나아가서 그 앞에서 자기의 민족을 위하여 간절히 구하라 하니
Mordekai de mmara no sɛso a woyii no Susa a ɛkyerɛ sɛ wonkum Yudafo nyinaa no bae, na ɔde maa Hatak sɛ ɔmfa nkɔma Ɛster. Ɔsan frɛɛ Hatak sɛ ɔnkyerɛ mu nkyerɛ Ɛster, na ɔnsrɛ no sɛ, ɔnkɔ ɔhene no nkyɛn nkɔsrɛ no ahummɔbɔ, na ɔnka bi mma ne nkurɔfo.
9 하닥이 돌아와 모르드개의 말을 에스더에게 고하매
Enti Hatak san kɔɔ Ɛster nkyɛn kɔkaa Mordekai nkra no.
10 에스더가 하닥에게 이르되 너는 모르드개에게 고하기를
Ɛster ka kyerɛɛ Hatak sɛ, ɔnsan mfa nkra nkɔma Mordekai se:
11 '왕의 신복과 왕의 각 도 백성이 다 알거니와 무론 남녀하고 부름을 받지 아니하고 안뜰에 들어가서 왕에게 나아가면 오직 죽이는 법이요 왕이 그 자에게 금홀을 내어 밀어야 살 것이라 이제 내가 부름을 입어 왕에게 나아가지 못한지가 이미 삼십일이라' 하라
“Wiase nyinaa nim sɛ obiara a wobɛkɔ ɔhene anim wɔ nʼasennipia mu a wɔntoo nsa mfrɛɛ wo no, owu na wubewu, gye sɛ ɔde ne sika ahempema no kyerɛ wo so. Na ɛbɛyɛ ɔsram ni no, ɔhene no nsomaa sɛ wɔmmɛfrɛ me.”
12 그가 에스더의 말로 모르드개에게 고하매
Enti Hatak de Ɛster nkra no kɔmaa Mordekai.
13 모르드개가 그를 시켜 에스더에게 회답하되 `너는 왕궁에 있으니 모든 유다인 중에 홀로 면하리라 생각지 말라
Mordekai nso de saa mmuae yi maa Ɛster se, “Nsusuw da biara da sɛ, sɛ wokunkum Yudafo no nyinaa a, wubenya wo ti adidi mu wɔ ahemfi hɔ.
14 이 때에 네가 만일 잠잠하여 말이 없으면 유다인은 다른 데로 말미암아 놓임과 구원을 얻으려니와 너와 네 아비 집은 멸망하리라 네가 왕후의 위를 얻은 것이 이 때를 위함이 아닌지 누가 아느냐?'
Na sɛ woyɛ komm bere a ɛte sɛɛ mu a, Yudafo no gye betumi afi baabi aba, nanso wo ne wʼabusuafo bewuwu. Nea ɛka ho ne sɛ, ɛsɛ sɛ wuhu sɛ, bere a ɛte sɛɛ yi nti na wɔasi wo hemmea wɔ ahemfi hɔ.”
Na Ɛster de mmuae yi kɔmaa Mordekai se,
“Kɔ na kɔboaboa Yudafo a wɔwɔ Susa no nyinaa ano ntɛm. Nnidi anaa nnom nnansa, anadwo anaa awia. Me ne me mmaawa nso bɛyɛ saa ara. Ɛwɔ mu sɛ, etia mmara de, nanso mɛkɔ akohu ɔhene no na sɛ, ɛsɛ sɛ mewu koraa a, mewu.”
Enti Mordekai kɔyɛɛ sɛnea Ɛster ka kyerɛɛ no no.

< 에스더 4 >