< 신명기 17 >

1 무릇 흠이나 악질이 있는 우양은 네 하나님 여호와께 드리지 말지니 이는 네 하나님 여호와께 가증한 것이 됨이니라
Mommfa anantwie anaa nnwan a wɔadi dɛm mmɔ afɔdeɛ mma Awurade, mo Onyankopɔn, ɛfiri sɛ, ɛyɛ nʼakyiwadeɛ.
2 네 하나님 여호와께서 네게 주시는 어느 성중에서든지 너의 가운데 혹시 어떤 남자나 여자가 네 하나님 여호와의 목전에 악을 행하여 그 언약을 어기고
Sɛ ɛba sɛ ɔbarima anaa ɔbaa a ɔka mo ho wɔ kuro baako bi a Awurade, mo Onyankopɔn, de rema mo no mu ayɛ bɔne wɔ Awurade, mo Onyankopɔn, anim, atia apam no
3 가서 다른 신들을 섬겨 그것에게 절하며 내가 명하지 아니한 일월성신에게 절한다 하자
sɛ ɔresom anyame foforɔ anaa ɔresom owia, ɔsrane anaa ɔsoro atumfoɔ bi a mabra no, na
4 혹이 그 일을 네게 고하므로 네가 듣거든 자세히 사실하여 볼지니 만일 그 일과 말이 확실하여 이스라엘 중에 이런 가증한 일을 행함이 있으면
sɛ mote saa asɛm no a, monhwehwɛ mu yie. Sɛ ɛyɛ nokorɛ na wɔkɔ mu hunu sɛ ɛyɛ akyiwadeɛ na wayɛ wɔ Israel a,
5 너는 그 악을 행한 남자나 여자를 네 성문으로 끌어내고 돌로 그 남자나 여자를 쳐 죽이되
momfa saa ɔbarima anaa ɔbaa no a wayɛ saa bɔne no mmra mo kuropɔn ɛpono ano na monsi no aboɔ nkum no.
6 죽일 자를 두 사람이나 세 사람의 증거로 죽일 것이요 한 사람의 증거로는 죽이지 말 것이며
Adansefoɔ baanu anaa baasa ano asɛm so na ɛsɛ sɛ wɔgyina kum saa ɔbarima no. Nanso, ɛnsɛ sɛ wɔgyina ɔdanseni baako ano asɛm so kum obi.
7 이런 자를 죽임에는 증인이 먼저 그에게 손을 댄 후에 뭇 백성이 손을 댈지니라 너는 이와 같이 하여 너의 중에 악을 제할지니라
Adansefoɔ no to ɔboɔ a ɛdi ɛkan a, nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa nso bɛto wɔn deɛ de akum onipa no. Saa ɛkwan yi so na mobɛfa atu onipa bɔnefoɔ ase afiri mo mu.
8 네 성중에서 송사로 다투는 일이 있으되 서로 피를 흘렸거나 다투었거나 구타하였거나 하여 네가 판결하기 어려운 일이 생기거든 너는 일어나 네 하나님 여호와의 택하실 곳으로 올라가서
Sɛ wɔde nsɛm bi ba mo asɛnniiɛ a ne die yɛ mo den sɛ mobɛbu ho atɛn, sɛ ɛyɛ awudie, asɛnnie, anaasɛ ntɔkwa a, momfa wɔn nkɔ baabi a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛkyerɛ mo no.
9 레위 사람 제사장과 당시 재판장에게로 나아가서 물으라 그리하면 그들이 어떻게 판결할 것을 네게 가르치리니
Monkɔ asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ ne ɔtemmufoɔ a ɔte adwa mu saa ɛberɛ no nkyɛn. Mommisa wɔn na wɔnkyerɛ mo atɛn a mommuo.
10 여호와께서 택하신 곳에서 그들이 네게 보이는 판결의 뜻대로 네가 행하되 무릇 그들이 네게 가르치는 대로 삼가 행할 것이니
Monni gyinaeɛ a wɔbɛsi no so pɛpɛɛpɛ wɔ beaeɛ a Awurade, mo Onyankopɔn, bɛyi ama mo no hɔ. Monhwɛ yie na monni biribiara a wɔbɛkyerɛ mo sɛ monyɛ no so pɛpɛɛpɛ.
11 곧 그들이 네게 가르치는 법률의 뜻대로 그들이 네게 고하는 판결대로 행할 것이요 그들이 네게 보이는 판결을 어기어서 좌로나 우로나 치우치지 말 것이니라
Monni mmara a wɔkyerɛ mo ne gyinaeɛ a wɔbɛsi ama mo no so pɛpɛɛpɛ. Monnnane deɛ wɔka kyerɛ mo no ani. Monnkɔ nifa anaa benkum.
12 사람이 만일 천자히 하고 네 하나님 여호와 앞에 서서 섬기는 제사장이나 재판장을 듣지 아니하거든 그 사람을 죽여 이스라엘 중에서 악을 제하여 버리라
Ɔbarima a ɔbɛbu ɔtemmufoɔ anaa ɔsɔfoɔ a ɔgyina hɔ resom Awurade mo Onyankopɔn animtia no, wɔnkum no. Ɛsɛ sɛ motɔre amumuyɛsɛm ase wɔ Israel.
13 그리하면 온 백성이 듣고 두려워하여 다시는 천자히 행치 아니하리라
Nnipa nyinaa bɛte na wɔasuro na wɔremmu animtia bio.
14 네가 네 하나님 여호와께서 네게 주시는 땅에 이르러서 그 땅을 얻어 거할 때에 만일 우리도 우리 주위의 열국 같이 우리 위에 왕을 세우리라는 뜻이 나거든
Sɛ moduru asase a Awurade mo Onyankopɔn de rema mo no so na mofa tena so na moka sɛ. “Momma yɛnsi yɛn so ɔhene te sɛ aman a atwa yɛn ho ahyia no nyinaa a,”
15 반드시 네 하나님 여호와의 택하신 자를 네 위에 왕으로 세울 것이며 네 위에 왕을 세우려면 네 형제 중에서 한 사람으로 할 것이요 네 형제 아닌 타국인을 네 위에 세우지 말 것이며
monhwɛ sɛ mobɛpa obi a Awurade mo Onyankopɔn bɛyi no asi mo so ɔhene. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo nuanom no mu bi. Mommfa ɔhɔhoɔ a ɔnyɛ mo nua Israelni nsi mo so ɔhene.
16 왕 된 자는 말을 많이 두지 말 것이요 말을 많이 얻으려고 그 백성을 애굽으로 돌아가게 말 것이니 이는 여호와께서 너희에게 이르시기를 너희가 이 후에는 그 길로 다시 돌아가지 말 것이라 하셨음이며
Ɛnsɛ sɛ saa ɔhene no pɛ apɔnkɔ dodoɔ sɛ nʼagyapadeɛ anaasɛ ɔma nnipa sane kɔ Misraim kɔtɔ apɔnkɔ dodoɔ wɔ hɔ, ɛfiri sɛ, Awurade aka akyerɛ mo sɛ. “Ɛnsɛ sɛ mosane kɔ mo akyi bio.”
17 아내를 많이 두어서 그 마음이 미혹되게 말것이며 은, 금을 자기를 위하여 많이 쌓지 말 것이니라
Ɛnsɛ sɛ ɔware yerenom bebree anyɛ saa a, nʼakoma bɛfiri Awurade so. Ɛnsɛ sɛ ɔboaboa dwetɛ ne sika pii ano.
18 그가 왕위에 오르거든 레위 사람 제사장 앞에 보관한 이 율법서를 등사하여
Sɛ ɔtena ahennwa no so sɛ ɔhene a, ɛsɛ sɛ ɔtwerɛ mmara nwoma no wɔ mmobɔeɛ so wɔ Lewifoɔ asɔfoɔ anim na ɔfa.
19 평생에 자기 옆에 두고 읽어서 그 하나님 여호와 경외하기를 배우며 이 율법의 모든 말과 이 규례를 지켜 행할 것이라
Mmerɛ dodoɔ a ɔte ase no, ɛsɛ sɛ ɔkora mmara a ɛwɔ ne nkyɛn no na ɔkenkan no daa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛdi mmara no so na wasuro Awurade ne Onyankopɔn.
20 그리하면 그의 마음이 그 형제 위에 교만하지 아니하고 이 명령에서 떠나 좌로나 우로나 치우치지 아니하리니 이스라엘 중에서 그와 그의 자손의 왕위에 있는 날이 장구하리라
Kenkan a ɔkenkan no daa no remma ɔnyɛ ahantan, nhoran ne ho nkyerɛ sɛ ɔsene ne manfoɔ no. Ɛbɛsi no kwan sɛ ɔbɛtwe ne ho kakra mpo afiri saa mmara yi ho. Yei bɛsi no gyinaeɛ sɛ ɔne nʼasefoɔ bɛdi adeɛ awoɔ ntoatoasoɔ bebree so wɔ Israel.

< 신명기 17 >