< 신명기 16 >

1 아빕월을 지켜 네 하나님 여호와의 유월절 예식을 행하라! 이는 아빕월에 네 하나님 여호와께서 밤에 너를 애굽에서 인도하여 내셨음이라
Daa munni Twam Afahyɛ no wɔ ɔsram Abib no mu mma Awurade, mo Nyankopɔn, efisɛ ɔsram Abib mu da bi anadwo na Onyankopɔn yii mo fii Misraim.
2 여호와께서 그 이름을 두시려고 택하신 곳에서 우양으로 네 하나님 여호와께 유월절 제사를 드리되
Munkum anantwi anaa nguan sɛ Twam afɔrebɔde mma Awurade, mo Nyankopɔn no, wɔ faako a Awurade beyi sɛ atenae wɔ ne din mu no.
3 유교병을 그것과 아울러 먹지 말고 칠일 동안은 무교병 곧 고난의 떡을 그것과 아울러 먹으라 이는 네가 애굽 땅에서 급속히 나왔음이니 이같이 행하여 너의 평생에 항상 네가 애굽 땅에서 나온 날을 기억할 것이니라
Munnni mmɔkaw brodo nka ho; na mmom, nnanson so na munni apiti amanehunu brodo, efisɛ mufii Misraim ɔhare so, sɛnea ɛbɛyɛ a mo nkwanna nyinaa mu no mobɛkae bere a mutu fii Misraim no.
4 그 칠일 동안에는 네 사경내에 누룩이 보이지 않게 할 것이요 또 네가 첫날 해 질 때에 제사드린 고기를 밤을 지내어 아침까지 두지 말 것이며
Mommma wonhu sɛ mowɔ mmɔkaw wɔ mo nkyɛn wɔ mo nsase nyinaa so nnanson. Mommma nam a mode bɔɔ afɔre da a edi kan no anwummere no nka gya so nkosi anɔpa.
5 유월절 제사를 네 하나님 여호와께서 네게 주신 각 성에서 드리지 말고
Mommɔ Twam Afahyɛ afɔre no wɔ nkurow a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no mu biara so,
6 오직 네 하나님 여호와께서 그 이름을 두시려고 택하신 곳에서 네가 애굽에서 나오던 시각 곧 초저녁 해 질 때에 드리고
gye faako a Awurade, mo Nyankopɔn no, beyi sɛ wɔnkamfo ne din wɔ hɔ no. Ɛhɔ na mommɔ Twam afɔre no anwummere mfa nni mo Misraimfi bere no afahyɛ.
7 네 하나님 여호와께서 택하신 곳에서 그 고기를 구워먹고 아침에 네 장막으로 돌아갈 것이니라
Montoto na monwe no wɔ faako a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛpaw ama mo no. Na ade kye a, monsan nkɔ mo ntamadan mu.
8 너는 육일 동안은 무교병을 먹고 제 칠일에 네 하나님 여호와 앞에 성회로 모이고 아무 노동도 하지 말지니라
Nnansia na momfa nni apiti, na ne nnanson so no, nnipa no nyinaa nhyia wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim. Na saa da no, obiara nyɛ adwuma.
9 칠주를 계속할지니 곡식에 낫을 대는 첫날부터 칠주를 계수하여
Mumfi bere a mubefi ase atwa atoko no nkan nnaawɔtwe ason.
10 네 하나님 여호와 앞에 칠칠절을 지키되 네 하나님 여호와께서 네게 복을 주신 대로 네 힘을 헤아려 자원하는 예물을 드리고
Na monhwɛ sɛnea Awurade, mo Nyankopɔn no, asi ahyira mo no so mfi mo pɛ mu mmɔ afɔre, nnyina so nni Asese Afahyɛ no mma Awurade, mo Nyankopɔn no.
11 너와 네 자녀와 노비와 네 성중에 거하는 레위인과 및 너희 중에 있는 객과 고아와 과부가 함께 네 하나님 여호와께서 그 이름을 두시려고 택하신 곳에서 네 하나님 여호와 앞에서 즐거워할지니라
Na munnye mo ani wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim wɔ faako a ɔbɛpaw sɛ atenae ma ne din no. Mo ne mo mmabarima ne mo mmabea, mo nkoa ne mo mfenaa, Lewifo a wɔwɔ mo nkurow mu ne ahɔho, nyisaa ne akunafo a wɔne mo te nyinaa.
12 너는 애굽에서 종 되었던 것을 기억하고 이 규례를 지켜 행할지니라!
Monkae sɛ na moyɛ nkoa wɔ Misraim enti monhwɛ yiye na munni saa mmara yi nyinaa so.
13 너희 타작 마당과 포도주 틀의 소출을 수장한 후에 칠일동안 초막절을 지킬 것이요
Sɛ moboaboa mo awiporowbea ne mo nsakyi amoa mu ade ano wie a, momfa nnanson nni Asese Afahyɛ no.
14 절기를 지킬 때에는 너와 네 자녀와 노비와 네 성중에 거하는 레위인과 객과 고아와 과부가 함께 연락하되
Munnye mo ani wɔ mo afahyɛ yi se; mo ne mo abusuafo, mo asomfo ne Lewifo, ahɔho, nyisaa ne akunafo a wofi mo nkurow mu.
15 네 하나님 여호와께서 택하신 곳에서 너는 칠일 동안 네 하나님 여호와 앞에서 절기를 지키고 네 하나님 여호와께서 네 모든 물산과 네 손을 댄 모든 일에 복 주실 것을 인하여 너는 온전히 즐거워할지니라!
Momfa nnanson nni saa afahyɛ yi mfa nhyɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, anuonyam wɔ faako a ɔbɛpaw, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, na ɔma mo nnɔbae bɔ pii na ohyira mo nnwuma nyinaa so; na mo anigye bewie pɛyɛ.
16 너의 중 모든 남자는 일년 삼차 곧 무교절과, 칠칠절과, 초막절에 네 하나님 여호와의 택하신 곳에서 여호와께 보이되 공수로 여호와께 보이지 말고
Afe biara mu no, ɛsɛ sɛ mo mmarima no nyinaa hyia wɔ mo Awurade, mo Nyankopɔn no, anim faako a ɔbɛpaw no mprɛnsa de ama Apiti Afahyɛ, Otwabere Afahyɛ ne Asese Afahyɛ no. Ɛnsɛ sɛ obiara ba Awurade anim nsapan.
17 각 사람이 네 하나님 여호와의 주신 복을 따라 그 힘대로 물건을 드릴지니라!
Ɛsɛ sɛ obiara de akyɛde a ɛne nhyira a Awurade, mo Nyankopɔn no, nhyira no no sɛ ba.
18 네 하나님 여호와께서 네게 주시는 각 성에서 네 지파를 따라 재판장과 유사를 둘 것이요 그들은 공의로 백성을 재판할 것이니라
Munsisi atemmufo ne mpanyimfo mfi mo mmusuakuw biara mu wɔ nkurow a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no mu, na wobebu nnipa no atɛntrenee.
19 너는 굽게 판단하지 말며 사람을 외모로 보지 말며 또 뇌물을 받지 말라 뇌물은 지혜자의 눈을 어둡게 하고 의인의 말을 굽게 하느니라
Mummmu ntɛnkyew anaa monnhwɛ nnipa anim mmu atɛn. Monnnye adanmude, efisɛ adanmude fura onyansafo ani ma ɔdan nea odi bem no asɛm ani.
20 너는 마땅히 공의만 좇으라! 그리하면 네가 살겠고 네 하나님 여호와께서 네게 주시는 땅을 얻으리라
Mummu atɛntrenee nkutoo, na ama moatumi atena asase a Awurade, mo Nyankopɔn no, de rema mo no so.
21 네 하나님 여호와를 위하여 쌓은 단 곁에 아무 나무로든지 아세라 상을 세우지 말며
Mummfi afɔremuka a mubesi ama Awurade, mo Nyankopɔn no, akyi nsi abosonnua foforo biara,
22 자기를 위하여 주상을 세우지 말라! 네 하나님 여호와께서 미워하시느니라!
na munnsi ɔbo kronkron, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn no, kyi eyinom.

< 신명기 16 >