< 데살로니가후서 2 >
1 형제들아! 우리가 너희에게 구하는 것은 우리 주 예수 그리스도의 강림하심과 우리가 그 앞에 모임에 관하여
Nea ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo ba a ɔrebɛba ne boa a wɔbɛboaboa yɛn ano akɔka ne ho no ho no, mesrɛ mo anuanom,
2 혹 영으로나, 혹 말로나, 혹 우리에게서 받았다 하는 편지로나 주의 날이 이르렀다고 쉬 동심하거나 두려워하거나 하지 아니할 그것이라
mommma mo adwene mu nnyɛ mo nnaa sɛ da a Awurade reba no adu. Ebia na obi rehyɛ saa nkɔm no anaa obi foforo nso gyina so reka asɛm. Anaasɛ nso wɔka se yɛn nhoma a yɛkyerɛwee no bi mu na saa asɛm no wɔ.
3 누가 아무렇게 하여도 너희가 미혹하지 말라 먼저 배도하는 일이 있고 저 불법의 사람 곧 멸망의 아들이 나타나기 전에는 이르지 아니하리니
Mommma obiara nnaadaa mo saa wɔ ɔkwan yi so. Saa da no remma da, gye sɛ atuatew a etwa to no aba ama wɔada ɔbɔnefo no a ɔbɛkɔ daa ɔsɛe mu no adi.
4 저는 대적하는 자라 범사에 일컫는 하나님이나 숭배함을 받는 자 위에 뛰어나 자존하여 하나님 성전에 앉아 자기를 보여 하나님이라 하느니라
Ɔbɛsɔre atia biribiara a nnipa som na wobu no kronkron no; na ɔbɛkorɔn ne ho wɔ ne nyinaa so na wakɔtena Onyankopɔn asɔredan mu na waka se ɔno ne Onyankopɔn.
5 내가 너희와 함께 있을 때에 이 일을 너희에게 말한 것을 기억하지 못하느냐?
Monkae sɛ bere a me ne mo wɔ hɔ no, na metaa ka eyinom nyinaa kyerɛ mo.
6 저로 하여금 저의 때에 나타나게 하려 하여 막는 것을 지금도 너희가 아나니
Na mprempren munim nea abɔ ne ba no asɛn no sɛnea wɔbɛda no adi akyerɛ mo wɔ bere pa mu.
7 불법의 비밀이 이미 활동하였으나 지금 막는 자가 있어 그 중에서 옮길 때까지 하리라
Ɔbɔnefo no di ne dwuma dedaw na nea ɛbɛba no remma da, gye sɛ wɔayi nea okura ne mu no afi hɔ ansa.
8 그 때에 불법한 자가 나타나리니 주 예수께서 그 입의 기운으로 저를 죽이시고 강림하여 나타나심으로 폐하시리라
Ɛno ansa na ɔbɔnefo no bɛba, na Awurade Yesu nam nʼanom home so betu no agu, na ɔde ne ba a ɔbɛba no mu anuonyam asɛe no.
9 악한 자의 임함은 사단의 역사를 따라 모든 능력과 표적과 거짓 기적과
Ɔbɔnefo no nam ɔbonsam tumi so na ɛbɛba na wabɛyɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne,
10 불의의 모든 속임으로 멸망하는 자들에게 임하리니 이는 저희가 진리의 사랑을 받지 아니하여 구원함을 얻지 못함이니라
na ɔnam bɔne so adaadaa wɔn a wɔbɛyera no. Wɔbɛyera, efisɛ wɔannye nokware no anto mu, annɔ nokware no amma wɔannya nkwa.
11 이러므로 하나님이 유혹을 저의 가운데 역사하게 하사 거짓 것을 믿게 하심은
Eyi nti, Onyankopɔn resoma nnaadaa tumi ma akɔhyɛ wɔn mu ama wɔagye nsɛm a ɛnyɛ nokware no adi.
12 진리를 믿지 않고 불의를 좋아하는 모든 자로 심판을 받게 하려 하심이니라
Awiei no ara ne sɛ wobebu wɔn a wonnye nokware no nni na wɔn ani gye bɔne ho no atɛn.
13 주의 사랑하시는 형제들아! 우리가 항상 너희를 위하여 마땅히 하나님께 감사할 것은 하나님이 처음부터 너희를 택하사 성령의 거룩하게 하심과 진리를 믿음으로 구원을 얻게 하심이니
Anuanom, ɛsɛ sɛ bere biara yɛda Onyankopɔn ase ma mo a Awurade dɔ mo no. Efisɛ ɛnam Honhom no tumi so na Onyankopɔn yii mo sɛ nnipa a mudi kan a wobegye mo nkwa na wɔayɛ mo Onyankopɔn nkurɔfo kronkron wɔ mo gyidi a mowɔ wɔ nokware mu no mu.
14 이를 위하여 우리 복음으로 너희를 부르사 우리 주 예수 그리스도의 영광을 얻게 하려 하심이니라
Onyankopɔn nam Asɛmpa no so frɛɛ mo sɛnea mo ne Awurade Yesu Kristo bɛtena nʼanuonyam no mu.
15 이러므로 형제들아! 굳게 서서 말로나 우리 편지로 가르침을 받은 유전을 지키라
Enti anuanom, munnyina pintinn na monka mo ho mmata nokware a yɛkyerɛɛ mo wɔ asɛnka ne yɛn nhoma no mu no ho.
16 우리 주 예수 그리스도와 우리를 사랑하시고 영원한 위로와 좋은 소망을 은혜로 주신 하나님 우리 아버지께 (aiōnios )
Yɛn Awurade Yesu Kristo no ankasa ne yɛn Agya Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn na ɔnam nʼadom mu ahyɛ yɛn daa nkuran ne anidaso pa no, (aiōnios )
17 너희 마음을 위로하시고 모든 선한 일과 말에 굳게 하시기를 원하노라
nkyekye mo werɛ, na ɔnhyɛ mo den wɔ asɛm ne adwuma pa nyinaa mu.