< 베드로후서 3 >
1 사랑하는 자들아 내가 이제 이 둘째 편지를 너희에게 쓰노니 이 둘로 너희 진실한 마음을 일깨워 생각하게 향하여
Adɔfonom, eyi ne krataa a ɛto so abien a makyerɛw abrɛ mo. Mekyerɛw sɛ mede rebɛkae mo, de akanyan mo adwene.
2 곧 거룩한 선지자의 예언한 말씀과 주 되신 구주께서 너희의 사도들로 말미암아 명하신 것을 기억하게 하려 하노라
Mepɛ sɛ mokae nsɛm a adiyifo akronkron no kaa no mmere bi a atwam no ne mmara a efi Awurade ne Agyenkwa a wɔde faa mo asomafo so maa mo no.
3 먼저 이것을 알지니 말세에 기롱하는 자들이 와서 자기의 정욕을 좇아 행하며 기롱하여
Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ mote ase sɛ nna a edi akyiri no mu no, nnipa bi bɛba a wɔn ara wɔn honam akɔnnɔ na ebedi wɔn so. Wobedi mo ho fɛw
4 가로되 주의 강림하신다는 약속이 어디 있느뇨 조상들이 잔 후로부터 만물이 처음 창조할 때와 같이 그냥 있다 하니
aka se, “Ɔhyɛɛ mo bɔ se ɔbɛba. Wanka? Na ɔwɔ he? Yɛn agyanom awuwu dedaw, nanso biribiara te sɛ nea ɛte fi adebɔ mfiase!”
5 이는 하늘이 옛적부터 있는 것과 땅이 물에서 나와 물로 성립한 것도 하나님의 말씀으로 된 것을 저희가 잊으려 함이로다
Wɔhyɛ da ma wɔn werɛ fi nokware no sɛ, efi tete na Onyankopɔn kasa maa ɔsoro bae, na wofi nsu mu de nsu yɛɛ asase.
6 이로 말미암아 그때 세상은 물의 넘침으로 멸망하였으되
Akyiri no wɔde nsuyiri bɛsɛee saa bere wiase no.
7 이제 하늘과 땅은 그 동일한 말씀으로 불사르기 위하여 간수하신 바 되어 경건치 아니한 사람들의 심판과 멸망의 날까지 보존하여 두신 것이니라
Nanso Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔsoro ne asase ntena hɔ nkosi atemmuda. Afei wɔbɛsɔ ogya wɔ mu de asɛe nnebɔneyɛfo.
8 사랑하는 자들아! 주께는 하루가 천년 같고 천년이 하루 같은 이 한 가지를 잊지 말라
Nanso anuanom, mommma mo werɛ mfi ade baako sɛ Awurade ani so de, nsonoe nni da koro ne mfe apem ntam. Ne fam de, abien no nyinaa yɛ pɛ.
9 주의 약속은 어떤 이의 더디다고 생각하는 것같이 더딘 것이 아니라 오직 너희를 대하여 오래 참으사 아무도 멸망치 않고 다 회개하기에 이르기를 원하시느니라
Awurade ntwentwɛn ne nan ase wɔ ne bɔ a wahyɛ ho sɛnea ebinom susuw no. Mmom ɔwɔ mo ho ntoboase, efisɛ ɔmpɛ sɛ wɔbɛsɛe obiara, na mmom ɔpɛ sɛ obiara sakra fi ne bɔne ho.
10 그러나 주의 날이 도적같이 오리니 그 날에는 하늘이 큰 소리로 떠나가고 체질이 뜨거운 불에 풀어지고 땅과 그 중에 있는 모든 일이 드러나리로다
Na Awurade da no bɛba sɛ ɔkorɔmfo. Da no, ɔsoro bɛbobɔ mu na ayera na wim nneɛma bɛhyew na asɛe na asase ne so nneɛma nyinaa nso bɛda adi.
11 이 모든 것이 이렇게 풀어지리니 너희가 어떠한 사람이 되어야 마땅하뇨 거룩한 행실과 경건함으로
Na sɛ saa ɔkwan yi so na wɔbɛfa asɛe ade nyinaa a, na ɔbra bɛn na ɛsɛ sɛ wobɔ? Ɛsɛ sɛ mo bra yɛ kronkron na mode mo ho ma Onyankopɔn.
12 하나님의 날이 임하기를 바라보고 간절히 사모하라 그 날에 하늘이 불에 타서 풀어지고 체질이 뜨거운 불에 녹아지려니와
Monhwɛ saa da no kwan na monyɛ mo nneɛma pɛpɛɛpɛ; da a Onyankopɔn bɛto ɔsoro mu gya na wim nneɛma anan na ayera wɔ ogyaframa mu no.
13 우리는 그의 약속대로 의의 거하는 바 새 하늘과 새 땅을 바라보도다
Nanso yɛtwɛn nea Onyankopɔn ahyɛ yɛn ho bɔ no, ɔsoro foforo ne asase foforo a ɛhɔ na trenee bɛtena.
14 그러므로 사랑하는 자들아! 너희가 이것을 바라보나니 주 앞에서 점도 없고 흠도 없이 평강 가운데서 나타나기를 힘쓰라
Enti anuanom, mugu so retwɛn da no, mommɔ mmɔden sɛ mobɛyɛ kronkron a mfomso biara nni mo ho wɔ Onyankopɔn anim na mo ne no atena wɔ asomdwoe mu.
15 또 우리 주의 오래 참으심이 구원이 될 줄로 여기라 우리 사랑하는 형제 바울도 그 받은 지혜대로 너희에게 이같이 썼고
Monkae nhu sɛ Awurade wɔ ntoboase efisɛ ɔpɛ sɛ obiara nya nkwagye. Ɛno na yɛn nua Paulo nam nyansa a Onyankopɔn de maa no no so kyerɛw mo no.
16 또 그 모든 편지에도 이런 일에 관하여 말하였으되 그 중에 알기 어려운 것이 더러 있으니 무식한 자들과 굳세지 못한 자들이 다른 성경과 같이 그것도 억지로 풀다가 스스로 멸망에 이르느니라
Saa ɔkwan koro no ara so na ɔfa kyerɛw ne nkrataa no na saa nsɛm yi ara so nso na ogyina kyerɛwee. Wɔn a wonnim na wɔnnyɛ den no ntumi nkyerɛ nsɛm bi a ɛyɛ den wɔ ne nkrataa no mu no ase yiye. Saa ara na wɔyɛ Kyerɛwsɛm nkae no de ɔsɛe ba wɔn so no.
17 그러므로 사랑하는 자들아! 너희가 이것을 미리 알았은즉 무법한 자들의 미혹에 이끌려 너희 굳센 데서 떨어질까 삼가라
Nanso anuanom, esiane sɛ wɔadi kan abɔ mo kɔkɔ no nti, monwɛn na wɔn a wonni mmara so no mfomso no antwe mo amfi mo tebea pa hɔ.
18 오직 우리 주 곧 구주 예수 그리스도의 은혜와 저를 아는 지식에서 자라가라 영광이 이제와 영원한 날까지 저에게 있을지어다 (aiōn )
Munyin wɔ yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo dom ne nimdeɛ mu. Ɔno na anuonyam nka no mprempren ne daa. Amen. (aiōn )