< 디모데전서 6 >

1 무릇 멍에 아래 있는 종들은 자기 상전들을 범사에 마땅히 공경할 자로 알지니 이는 하나님의 이름과 교훈으로 훼방을 받지 않게하려 함이라
Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ asomfo no nyinaa de nidi ma wɔn wuranom sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mu bi nkasa ntia Onyankopɔn ne yɛn nkyerɛkyerɛ.
2 믿는 상전이 있는 자들은 그 상전을 형제라고 경히 여기지 말고 더 잘 섬기게 하라 이는 유익을 받는 자들이 믿는 자요 사랑을 받는 자임이니라 너는 이것들을 가르치고 권하라
Ɛnsɛ sɛ asomfo bu wɔn wuranom a wɔyɛ agyidifo no abomfiaa sɛ wɔyɛ anuanom nti. Mmom ɛsɛ sɛ wɔsom wɔn yiye, efisɛ wɔn som no so wɔ mfaso ma agyidifo ne adɔfo bebree.
3 누구든지 다른 교훈을 하며 바른 말 곧 우리 주 예수 그리스도의 말씀과 경건에 관한 교훈에 착념치 아니하면
Ɛsɛ sɛ mokyerɛkyerɛ na moka eyinom nyinaa. Obiara a ɔbɛma nkyerɛkyerɛ foforo na ɔnka nokware a ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn nyamesom ho no
4 저는 교만하여 아무 것도 알지 못하고 변론과 언쟁을 좋아하는 자니 이로써 투기와 분쟁과 훼방과 악한 생각이 나며
yɛ ɔhantanni a onnim hwee. Ɔyɛ obi a ofi adwemmɔne mu gye akyinnye na ɔka nsɛm a ɛde anibere, akasakasa, kasafi, nnipa ho adwemmɔne
5 마음이 부패하여지고 진리를 잃어버려 경건을 이익의 재료로 생각하는 자들의 다툼이 일어나느니라
ne mansotwe a efi adwene a emu nnɔ na nokware nni mu mu ba. Wodwen sɛ nyamesom yɛ ɔkwan bi a wɔfa so pɛ sika.
6 그러나 지족하는 마음이 있으면 경건이 큰 이익이 되느니라
Onyamesom pa a abodwo wɔ mu yɛ adenya kɛse.
7 우리가 세상에 아무 것도 가지고 온 것이 없으매 또한 아무 것도 가지고 가지 못하리니
Yɛamfa hwee amma wiase. Saa ara nso na yɛremfa hwee nkɔ.
8 우리가 먹을 것과 입을 것이 있은즉 족한 줄로 알 것이니라
Ɛno nti sɛ yɛwɔ aduan ne ntama a, ɛno nko dɔɔso ma yɛn.
9 부하려 하는 자들은 시험과 올무와 여러가지 어리석고 해로운 정욕에 떨어지나니 곧 사람으로 침륜과 멸망에 빠지게 하는 것이라
Wɔn a wɔpɛ sɛ wonya wɔn ho no kɔtɔ sɔhwɛ mu na ɛdan ɔhaw ma wɔn ma ɛtwe wɔn kɔ ɔsɛe mu.
10 돈을 사랑함이 일만 악의 뿌리가 되나니 이것을 사모하는 자들이 미혹을 받아 믿음에서 떠나 많은 근심으로써 자기를 찔렀도다
Na sikanibere yɛ bɔne nyinaa ntin. Nnipa bi de sikanibere asi wɔn ani so denneennen nam so ama wɔapa wɔn gyidi ama awerɛhow ahyɛ wɔn koma ma.
11 오직 너 하나님의 사람아! 이것들을 피하고 의와 경건과 믿음과 사랑과 인내와 온유를 좇으며
Enti wo a woyɛ Onyankopɔn nipa no, twe wo ho fi eyinom nyinaa ho. Di trenee, Onyamesom pa, gyidi, ɔdɔ, boasetɔ ne odwo akyi.
12 믿음의 선한 싸움을 싸우라 영생을 취하라 이를 위하여 네가 부르심을 입었고 많은 증인 앞에서 선한 증거를 증거하였도다 (aiōnios g166)
Bɔ gyidi mu mmirikatu no ho mmɔden na pere nya nkwa a enni awiei no ma wo ho, efisɛ saa abrabɔ yi nti na bere a wodaa wo gyidi adi wɔ nnansefo bebree anim no, Onyankopɔn frɛɛ wo. (aiōnios g166)
13 만물을 살게 하신 하나님 앞과 본디오 빌라도를 향하여 선한 증거로 증거하신 그리스도 예수 앞에서 내가 너를 명하노니
Meka no Onyankopɔn a ɔma nneɛma nyinaa nkwa no ne Kristo Yesu a ɔkaa nokware wɔ Pontio Pilato anim no hyɛ wo sɛ,
14 우리 주 예수 그리스도 나타나실 때까지 점도 없고 책망 받을 것도 없이 이 명령을 지키라
tie mmara a mahyɛ ama wo no na di so pɛpɛɛpɛ kosi da a Yesu Kristo bɛba.
15 기약이 이르면 하나님이 그의 나타나심을 보이시리니 하나님은 복되시고 홀로 한 분이신 능하신 자이며 만왕의 왕이시며 만주의 주시요
Onyankopɔn a wɔahyira no na ne nkutoo di Hene, Ahene mu Hene ne Awura mu Awurade no bɛma no aba bere a ɛsɛ mu.
16 오직 그에게만 죽지 아니함이 있고 가까이 가지 못할 빛에 거하시고 아무 사람도 보지 못하였고 또 볼 수 없는 자시니 그에게 존귀와 영원한 능력을 돌릴지어다 아멘 (aiōnios g166)
Ɔno nko na ɔwɔ hɔ daa, na ɔte hann a obi ntumi mmɛn ho mu. Obiara nhuu no da na obiara nso rentumi nhu no da. Ɔno na nidi ne tumi a enni awiei wɔ no. Amen. (aiōnios g166)
17 네가 이 세대에 부한 자들을 명하여 마음을 높이지 말고 정함이 없는 재물에 소망을 두지 말고 오직 우리에게 모든 것을 후히 주사 누리게 하시는 하나님께 두며 (aiōn g165)
Bɔ wiase yi mu ahonyafo kɔkɔ se wɔmmfa wɔn ahonya nhoahoa wɔn ho, na wɔmmfa wɔn anidaso nso nhyɛ adehunu te sɛ ahonya mu, na mmom wɔmfa wɔn ho nto Onyankopɔn a ɔnam nʼadɔe so maa yɛn asetena mu nneɛma pa nyinaa no so. (aiōn g165)
18 선한 일을 행하고 선한 사업에 부하고 나눠주기를 좋아하며 동정하는 자가 되게 하라
Hyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ papa na wɔnyɛ adefo wɔ nnwuma payɛ mu. Wɔnyɛ ayamye na wɔne afoforo nkyɛ nea wɔwɔ.
19 이것이 장래에 자기를 위하여 좋은 터를 쌓아 참된 생명을 취하는 것이니라
Sɛ wɔyɛ saa a, wɔbɛto fapem pa ama wɔn daakye. Na wɔnam so anya asetena pa.
20 디모데야! 네게 부탁한 것을 지키고 거짓되이 일컫는 지식의 망령되고 허한 말과 변론을 피하라
Timoteo, hwɛ nea wɔde ahyɛ wo nsa no so yiye. Twe wo ho fi ahuhusɛm ne akyinnyehunu a wɔnam atoro so frɛ no “Nimdeɛ” no ho.
21 이것을 좇는 사람들이 있어 믿음에서 벗어났느니라 은혜가 너희와 함께 있을지어다!
Nnipa bi gye to mu sɛ wɔwɔ saa nimdeɛ no nam so ahwere gyidi kwan no. Onyankopɔn adom nka mo.

< 디모데전서 6 >