< 베드로전서 1 >

1 예수 그리스도의 사도 베드로는 본도, 갈라디아, 갑바도기아, 아시아와 비두니아에 흩어진 나그네
Saa krataa yi fi Yesu Kristo somafo Petro nkyɛn, Ɔde kɔma Onyankopɔn nnipa a wayi wɔn a wɔabɔ ahwete sɛ ahɔho kɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia amantam mu no.
2 곧 하나님 아버지의 미리 아심을 따라 성령의 거룩하게 하심으로 순종함과 예수 그리스도의 피 뿌림을 얻기 위하여 택하심을 입은자들에게 편지하노니 은혜와 평강이 너희에게 더욱 많을찌어다
Wɔnam Agya Onyankopɔn botae so na woyii mo na wɔnam ne Honhom so tew mo ho sɛ munni Yesu Kristo akyi na ɛnam so ama ne mogya no atew mo ho: Adom ne asomdwoe a ɛdɔɔso nka mo.
3 찬송하리로다 우리 주 예수 그리스도의 아버지 하나님이 그 많으신 긍휼대로 예수 그리스도의 죽은 자 가운데서 부활하심으로 말미암아 우리를 거듭나게 하사 산 소망이 있게 하시며
Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase. Esiane nʼahummɔbɔ dodow nti, ɔnam nyan a onyan Yesu Kristo fii owu mu no so maa yɛn nkwa foforo. Eyi ma yenya anidaso a ase atim,
4 썩지 않고 더럽지 않고 쇠하지 아니하는 기업을 잇게 하시나니 곧 너희를 위하여 하늘에 간직하신 것이라
enti yɛrehwɛ anim sɛ yebenya nhyira dodow a Onyankopɔn akora a ɔde bɛma ne mma no bi. Ɔde asie wɔ ɔsoro ama mo, efisɛ hɔ de, ɛremporɔw anaa ɛrensɛe na ɛrempa nso.
5 너희가 말세에 나타내기로 예비하신 구원을 얻기 위하여 믿음으로 말미암아 하나님의 능력으로 보호하심을 입었나니
Na Onyankopɔn gyina ne tumi kɛse no so bɛhwɛ sɛ mubedu hɔ wɔ asomdwoe mu na mo nsa aka, efisɛ mugye no di. Ɛbɛyɛ mo de nna a edi akyiri no mu ama obiara ahu.
6 그러므로 너희가 이제 여러 가지 시험을 인하여 잠간 근심하게 되지 않을 수 없었으나 오히려 크게 기뻐하도다
Ɛwɔ mu sɛ ebia ɛbɛba mprempren, esiane ɔhaw bebree a mobɛfa mu no nti, mo werɛ bɛhow de, nanso momma mo ani nnye saa asɛm yi ho.
7 너희 믿음의 시련이 불로 연단하여도 없어질 금보다 더 귀하여 예수 그리스도의 나타나실 때에 칭찬과 영광과 존귀를 얻게 하려함이라
Ɔhaw ba sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu sɛ mo gyidi no yɛ kann. Sikakɔkɔɔ a wotumi sɛe no no mpo, wɔde ogya sɔ hwɛ, enti ɛsɛ sɛ wɔsɔ mo gyidi a ɛsom bo kyɛn sikakɔkɔɔ no hwɛ hu sɛ ebetumi agyina ana. Ɛno ansa na da a Yesu Kristo bɛba no, mubenya anuonyam.
8 예수를 너희가 보지 못하였으나 사랑하는도다 이제도 보지 못하나 믿고 말할 수 없는 영광스러운 즐거움으로 기뻐하니
Ɛwɔ mu sɛ munhu Yesu de, nanso modɔ no. Munhu no mprempren de, nanso mugye no di. Anigye a moanya no boro so,
9 믿음의 결국 곧 영혼의 구원을 받음이라
efisɛ mo nsa renka gyidi so mfaso a ɛyɛ mo kra nkwagye no.
10 이 구원에 대하여는 너희에게 임할 은혜를 예언하던 선지자들이 연구하고 부지런히 살펴서
Saa nkwagye yi na adiyifo no de boasetɔ hwehwɛɛ mu, hyɛɛ saa akyɛde yi a Onyankopɔn de bɛma mo no ho nkɔm.
11 자기 속에 계신 그리스도의 영이 그 받으실 고난과 후에 얻으실 영광을 미리 증거하여 어느 시, 어떠한 때를 지시하시는지 상고하니라
Wɔpɛɛ sɛ wohu bere no ne ɔkwan a ɛnam so bɛba. Saa bere yi ne bere a Kristo Honhom a ɛte wɔn mu no rekyerɛ wɔ nkɔmhyɛ a ɛfa Kristo amanehunu a ɔbɛfa mu ne anuonyam a ebedi akyi no ho.
12 이 섬긴 바가 자기를 위한 것이 아니요 너희를 위한 것임이 계시로 알게 되었으니 이것은 하늘로부터 보내신 성령을 힘입어 복음을 전하는 자들로 이제 너희에게 고한 것이요 천사들도 살펴보기를 원하는 것이니라
Onyankopɔn daa no adi kyerɛɛ saa adiyifo no sɛ, wɔanyɛ adwuma no amma wɔn ho, na mmom wɔyɛ de som mo. Wɔnam Honhom Kronkron a wɔsomaa no fii ɔsoro no tumi so kaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo. Ɛwɔ mu sɛ abɔfo no pɛɛ sɛ wɔbɛte Asɛmpa yi de, nanso wɔde brɛɛ mo nko ara.
13 그러므로 너희 마음의 허리를 동이고 근신하여 예수 그리스도의 나타나실 때에 너희에게 가져올 은혜를 온전히 바랄찌어다
Enti munsi mo adwene pi na munni dwuma. Munnyina yiye na momma mo ani nna nhyira a wɔde bɛma mo Yesu Kristo ba a ɔbɛba no mu no so.
14 너희가 순종하는 자식처럼 이전 알지 못할 때에 좇던 너희 사욕을 본 삼지 말고
Muntie Onyankopɔn, na mommma akɔnnɔ abrabɔ a edii mo so bere a na munnim no no nni mo so.
15 오직 너희를 부르신 거룩한 자처럼 너희도 모든 행실에 거룩한 자가 되라
Na mmom monyɛ kronkron wɔ biribiara a moyɛ mu, sɛnea Onyankopɔn a ɔfrɛɛ mo no yɛ kronkron no.
16 기록하였으되 내가 거룩하니 너희도 거룩할찌어다 하셨느니라
Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɛsɛ sɛ moyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron.”
17 외모로 보시지 않고 각 사람의 행위대로 판단하시는 자를 너희가 아버지라 부른즉 너희의 나그네로 있을 때를 두려움으로 지내라
Monkae sɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro a mobɔ no mpae no nhwɛ nnipa anim wɔ nʼatemmu mu. Ɛno nti momfa nidi nyinaa mma no wɔ mo nna a aka mo wɔ asase yi so no.
18 너희가 알거니와 너희 조상의 유전한 망령된 행실에서 구속된 것은 은이나 금같이 없어질 것으로 한 것이 아니요
Efisɛ munim bo a wotua de gyee mo fii abrabɔ bɔne a mo nananom kyerɛɛ mo no mu. Ɛnyɛ ade a ɛhwere ne bo a ɛsom te sɛ dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ no.
19 오직 흠 없고 점 없는 어린 양 같은 그리스도의 보배로운 피로 한 것이니라
Kristo a ɔte sɛ oguamma a onni dɛm no de ne ho bɔɔ afɔre a ne bo yɛ den ma munyaa ahofadi.
20 그는 창세 전부터 미리 알리신 바 된 자나 이 말세에 너희를 위하여 나타내신 바 되었으니
Ansa na wɔrebɔ wiase no, na Onyankopɔn ayi no na mo nti na nna a edi akyiri no wɔdaa no adi no.
21 너희는 저를 죽은 자 가운데서 살리시고 영광을 주신 하나님을 그리스도로 말미암아 믿는 자니 너희 믿음과 소망이 하나님께 있게 하셨느니라
Ɛnam ne so na mugyee Onyankopɔn a onyan no fii awufo mu na ɔmaa no anuonyam no dii. Ɛnam so ama mo gyidi ne mo anidaso ase atim wɔ Onyankopɔn mu no.
22 너희가 진리를 순종함으로 너희 영혼을 깨끗하게 하여 거짓이 없이 형제를 사랑하기에 이르렀으니 마음으로 뜨겁게 피차 사랑하라
Afei a moayɛ osetie ama nokware no nti, mo ho atew na mododɔ mo nuanom agyidifo nokware mu yi, mumfi mo koma nyinaa mu nnodɔ mo ho mo ho.
23 너희가 거듭난 것이 썩어질 씨로 된 것이 아니요 썩지 아니할 씨로 된 것이니 하나님의 살아 있고 항상 있는 말씀으로 되었느니라 (aiōn g165)
Efisɛ wɔawo mo foforo; emfi aba a ɛporɔw mu, na mmom efi Onyankopɔn asɛm a ɛmporɔw no mu. (aiōn g165)
24 그러므로 모든 육체는 풀과 같고 그 모든 영광이 풀의 꽃과 같으니 풀은 마르고 꽃은 떨어지되
Kyerɛwsɛm no ka se, “Nnipa nyinaa te sɛ sare; na wɔn anuonyam te sɛ nhwiren. Sare no wu ma ne nhwiren no po,
25 오직 주의 말씀은 세세토록 있도다 하였으니 너희에게 전한 복음이 곧 이 말씀이니라 (aiōn g165)
nanso Awurade asɛm no wɔ hɔ daa nyinaa.” Eyi ne asɛm a Asɛmpa no de brɛɛ mo. (aiōn g165)

< 베드로전서 1 >