< 고린도전서 6 >

1 너희 중에 누가 다른 이로 더불어 일이 있는데 구태여 불의한 자들 앞에서 송사하고 성도 앞에서 하지 아니하느냐
Sɛ akasakasa ba onua ne onua ntam a, adɛn nti na mokɔ abosonsomfo atemmufo anim ma wobu mo atɛn, na monkɔ Awurade nkurɔfo hɔ mmom?
2 성도가 세상을 판단할 것을 너희가 알지 못하느냐 세상도 너희에게 판단을 받겠거든 지극히 작은 일 판단하기를 감당치 못하겠느냐
Munnim sɛ atreneefo na wobebu wiase atɛn? Na sɛ ɛsɛ sɛ mo na mubu wiase atɛn a, muntumi mmu atɛn wɔ nsɛm nketenkete ho?
3 우리가 천사를 판단할 것을 너희가 알지 못하느냐 그러하거든 하물며 세상 일이랴
Munnim sɛ yebebu abɔfo atɛn? Mpɛn ahe na yemmu asetena mu nneɛma ho atɛn?
4 그런즉 너희가 세상 사건이 있을 때에 교회에서 경히 여김을 받는 자들을 세우느냐
Na sɛ nsɛm a ɛte saa ba a, nnipa a wonni dibea wɔ asafo no mu na mobɛma wɔasiesie?
5 내가 너희를 부끄럽게 하려 하여 이 말을 하노니 너희 가운데 그 형제간 일을 판단할 만한 지혜있는 자가 이같이 하나도 없느냐
Ɛyɛ animguase ma no! Minim yiye sɛ ɛnyɛ dɛn ara a, onyansafo baako bi wɔ mo mu a obetumi adi onua ne onua ntam asɛm.
6 형제가 형제로 더불어 송사할 뿐더러 믿지 아니하는 자들 앞에서 하느냐
Eye sɛ wɔfa saa ɔkwan yi so anaasɛ onua de onua bɛkɔ asennii ama wɔn a wonni gyidi adi abua wɔn asɛm?
7 너희가 피차 송사 함으로 너희 가운데 이미 완연한 허물이 있나니 차라리 불의를 당하는 것이 낫지 아니하며 차라리 속는 것이 낫지 아니하냐
Sɛ mutumi de mo ho mo ho kɔ asennii no kyerɛ sɛ moadi nkogu dedaw. Anka eye sɛ obi besisi mo anaasɛ ɔbɛyɛ mo bɔne mmom.
8 너희는 불의를 행하고 속이는구나 저는 너희 형제로다
Nanso mo ara mutwa mo ho yɛ mo ho mo ho bɔne, sisi mo ho ne mo nuanom mpo.
9 불의한 자가 하나님의 나라를 유업으로 받지 못할 줄을 알지 못하느냐 미혹을 받지 말라 음란하는 자나 우상 숭배하는 자나 간음 하는 자나 탐색하는 자나 남색하는 자나
Mo ara munim sɛ ɔdebɔneyɛni no renkɔ Onyankopɔn ahenni no mu. Monnnaadaa mo ho; mo a mo suban nye, anaa mo a mosom ahoni, anaa aguamammɔfo anaa mmarima a wɔne mmarima da,
10 도적이나 탐람하는 자나 술취하는 자나 후욕하는 자나 토색하는 자들은 하나님의 나라를 유업으로 받지 못하리라
anaa adifudepɛfo, anaa aniberefo, anaa akɔwensafo, anaa mo a mosɛe afoforo din, anaa akorɔmfo no mu biara no rennya kyɛfa biara wɔ Onyankopɔn ahenni no mu.
11 너희 중에 이와 같은 자들이 있더니 주 예수 그리스도의 이름과 우리 하나님의 성령 안에서 씻음과 거룩함과 의롭다 하심을 얻었느니라
Na anka mo mu bi te saa. Nanso wɔahohoro mo bɔne. Wɔde mo ama Onyankopɔn. Ɛnam Honhom Kronkron no ne Awurade Yesu Kristo din mu nti, wɔasiesie mo ne Onyankopɔn ntam.
12 모든 것이 내게 가하나 다 유익한 것이 아니요 모든 것이 내게 가하나 내가 아무에게든지 제재를 받지 아니하리라
Obi se, “Mewɔ ho kwan sɛ meyɛ nea mepɛ.” Ɛwɔ mu saa; nanso ɛnyɛ biribiara na eye ma wo. Metumi aka se, “Mewɔ ho kwan sɛ meyɛ biribiara.” Nanso meremma biribiara ho kwan mma ɛmfa me nyɛ akoa.
13 식물은 배를 위하고 배는 식물을 위하나 하나님이 이것 저것 다 폐하시리라 몸은 음란을 위하지 않고 오직 주를 위하며 주는 몸을 위하시느니라
Obi foforo nso bɛka se, “Aduan wɔ hɔ ma ɔyafunu na ɔyafunu nso wɔ hɔ ma aduan.” Ɛyɛ nokware; nanso Onyankopɔn bɛma ne nyinaa aba awiei. Ɛnsɛ sɛ onipa de ne nipadua ma aguamammɔ, na mmom ɛsɛ sɛ ɔde som Awurade, efisɛ nipadua no yɛ Onyankopɔn dea.
14 하나님이 주를 다시 살리셨고 또한 그의 권능으로 우리를 다시 살리시리라
Onyankopɔn maa Awurade sɔre fii awufo mu na ɔno nso nam ne tumi so bɛma yɛn nso asɔre afi awufo mu.
15 너희 몸이 그리스도의 지체인 줄을 알지 못하느냐 내가 그리스도의 지체를 가지고 창기의 지체를 만들겠느냐 결코 그럴 수 없느니라
Munnim sɛ mo nipadua no yɛ Kristo nipadua no akwaa bi ana? Memfa Kristo nipadua akwaa bi mmɔ obi a ɔbɔ aguaman nipadua ho ana? Dabi da.
16 창기와 합하는 자는 저와 한 몸인 줄을 알지 못하느냐 일렀으되 둘이 한 육체가 된다 하셨나니
Anaa ebia na munnim sɛ onipa a ɔde ne ho bɔ nguamanfo ho nso yɛ oguamanfo? Kyerɛwsɛm no da no adi sɛ, “Wɔn baanu no nyinaa yɛ nipadua koro.”
17 주와 합하는 자는 한 영이니라
Nanso onipa a ɔde ne ho bata Awurade ho no ne no yɛ baako wɔ honhom mu.
18 음행을 피하라 사람이 범하는 죄마다 몸 밖에 있거니와 음행하는 자는 자기 몸에게 죄를 범하느니라
Mommmɔ aguaman. Bɔne biara a onipa bɛyɛ no nka ne nipadua no, nanso onipa a ɔbɔ aguaman no sɛe ɔno ankasa ne nipadua.
19 너희 몸은 너희가 하나님께로부터 받은 바 너희 가운데 계신 성령의 전인 줄을 알지 못하느냐 너희는 너희의 것이 아니라
Munnim sɛ mo nipadua no yɛ Honhom Kronkron a ɔte mo mu, a Onyankopɔn na ɔde maa mo no asɔredan? Na monne mo ho;
20 값으로 산 것이 되었으니 그런즉 너희 몸으로 하나님께 영광을 돌리라
ɔtɔɔ mo aboɔden. Enti momfa mo nipadua no nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.

< 고린도전서 6 >