< 고린도전서 11 >

1 내가 그리스도를 본받는 자 된 것같이 너희는 나를 본받는 자 되라
Munsua me sɛnea misua Kristo no.
2 너희가 모든 일에 나를 기억하고 또 내가 너희에게 전하여 준 대로 그 유전을 너희가 지키므로 너희를 칭찬하노라
Mekamfo mo, efisɛ bere biara mokae me, di nea mekyerɛɛ mo no so.
3 그러나 나는 너희가 알기를 원하노니 각 남자의 머리는 그리스도요, 여자의 머리는 남자요, 그리스도의 머리는 하나님이시라
Na mepɛ sɛ mote ase sɛ, ɔbarima ti ne Kristo, na ɔbarima yɛ ɔbea ti, nanso Kristo ti ne Onyankopɔn.
4 무릇 남자로서 머리에 무엇을 쓰고 기도나 예언을 하는 자는 그 머리를 욕되게 하는 것이요
Enti ɔbarima biara a ɔkata ne ti so bɔ mpae anaa ɔka Onyankopɔn asɛm wɔ bagua mu no gu Kristo anim ase.
5 무릇 여자로서 머리에 쓴 것을 벗고 기도나 예언을 하는 자는 그 머리를 욕되게 하는 것이니 이는 머리민 것과 다름이 없음이니라
Na ɔbea a ɔnkata ne ti so na ɔbɔ mpae ka Onyankopɔn asɛm wɔ bagua mu no nso gu ne kunu anim ase. Nsonoe biara nna ɔne ɔbea a wayi ne tinwi no ntam.
6 만일 여자가 머리에 쓰지 않거든 깎을 것이요 만일 깎거나 미는 것이 여자에게 부끄러움이 되거든 쓸지니라
Sɛ ɔbea no nkata ne ti so a, ɛsɛ sɛ otwitwa ne tinwi gu. Esiane sɛ ɛyɛ animguase sɛ ɔbea beyi ne tinwi anaa obetwitwa agu no nti, ɛsɛ sɛ ɔkata so.
7 남자는 하나님의 형상과 영광이니 그 머리에 마땅히 쓰지 않거니와 여자는 남자의 영광이니라
Ɛho nhia sɛ ɔbarima bɛkata ne ti so, efisɛ ɔyɛ Onyankopɔn anuonyam ne ne sɛso
8 남자가 여자에게서 난 것이 아니요 여자가 남자에게서 났으며
na wɔammɔ ɔbarima amfi ɔbea mu, na mmom wɔbɔɔ ɔbea fii ɔbarima mu.
9 또 남자가 여자를 위하여 지음을 받지 아니하고 여자가 남자를 위하여 지음을 받은 것이니
Saa ara nso na ɛnyɛ ɔbea nti na wɔbɔɔ ɔbarima, nanso ɔbea de, ɔbarima nti na wɔbɔɔ no.
10 이러므로 여자는 천사들을 인하여 권세 아래 있는 표를 그 머리위에 둘지니라
Esiane saa asɛm yi ne abɔfo no nti, ɛsɛ sɛ ɔbea nya nkataso bi wɔ ne ti so de kyerɛ sɛ ɔhyɛ tumi bi ase.
11 그러나 주 안에는 남자 없이 여자만 있지 않고 여자 없이 남자만 있지 아니하니라
Yɛn asetena wɔ Awurade mu no, ɔbea nne ne ho na ɔbarima nso nne ne ho.
12 여자가 남자에게서 난 것같이 남자도 여자로 말미암아 났으나 모든 것이 하나님에게서 났느니라
Na sɛnea wɔbɔɔ ɔbea fii ɔbarima mu no, saa ara nso na ɔbea woo ɔbarima, na biribiara nso fii Onyankopɔn.
13 너희는 스스로 판단하라 여자가 쓰지 않고 하나님께 기도하는 것이 마땅하냐
Eye sɛ ɔbea bɛbɔ mpae afrɛ Onyankopɔn wɔ bagua mu a biribiara nkata ne ti so ana? Mo ara mummua mfa.
14 만일 남자가 긴 머리가 있으면 자기에게 욕되는 것을 본성이 너희에게 가르치지 아니하느냐
Ɛnyɛ saa abɔde koro no ara na ɛka se sɛ ɔbarima ti fuw bebree a, ɛyɛ animguase ma no no?
15 만일 여자가 긴 머리가 있으면 자기에게 영광이 되나니 긴 머리는 쓰는 것을 대신하여 주신 연고니라
Nanso ɔbea de, sɛ ne ti fuw pii a, ɛyɛ anuonyam ma no ana? Wɔama no nwi pii sɛ nkataho.
16 변론하려는 태도를 가진 자가 있을지라도 우리에게나 하나님의 모든 교회에는 이런 규례가 없느니라
Nanso sɛ obi pɛ sɛ ogye eyi ho akyinnye a, asɛm a mewɔ ka wɔ ho ara ne sɛ, yɛn anaa Onyankopɔn asafo no nni ɔkwan foforo biara a wɔfa so som.
17 내가 명하는 이 일에 너희를 칭찬하지 아니하나니 이는 저희의 모임이 유익이 못되고 도리어 해로움이라
Nhyehyɛe a edidi so yi mu no, minni nkamfo biara de ma mo, efisɛ mo asafo nhyiamu de ɔhaw brɛ mo mmom.
18 첫째는 너희가 교회에 모일 때에 너희 중에 분쟁이 있다 함을 듣고 대강 믿노니
Nea edi kan no, mate sɛ mo ne mo ho mo ho di asi wɔ mo nhyiamu mu na migye di sɛ nokware kakra wɔ mu.
19 너희 중에 편당이 있어야 너희 중에 옳다 인정함을 받은 자들이 나타나게 되리라
Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ mo mu kyekyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a nokware bɛda adi.
20 그런즉 너희가 함께 모여서 주의 만찬을 먹을 수 없으니
Sɛ muhyia sɛ kuw a, munnhyia sɛ moreyɛ Awurade Adidi
21 이는 먹을 때에 각각 자기의 만찬을 먼저 갖다 먹으므로 어떤 이는 시장하고 어떤 이는 취함이라
efisɛ mugu so redidi no, obiara di nʼaduan. Ɛno nti bere a ɔkɔm de obi no na ɔfoforo nso abow nsa.
22 너희가 먹고 마실 집이 없느냐 너희가 하나님의 교회를 업신여기고 빈궁한 자들을 부끄럽게 하느냐 내가 너희에게 무슨 말을 하랴 너희를 칭찬하랴 이것으로 칭찬하지 않노라
Mo ara munni afi a mudidi nom wɔ mu? Anaasɛ mopɛ sɛ mugu Onyankopɔn asafo no ne wɔn a ade ahia wɔn no anim ase ana? Dɛn na mohwehwɛ sɛ meka fa saa asɛm yi ho kyerɛ mo? Menkamfo mo ana? Ɛsɛ sɛ muhu sɛ ɛnsɛ sɛ mekamfo mo!
23 내가 너희에게 전한 것은 주께 받은 것이니 곧 주 예수께서 잡히시던 밤에 떡을 가지사
Awurade nkyɛn na minya nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ mo no se Awurade Yesu, anadwo a woyii no mae no, ɔfaa brodo
24 축사하시고 떼어 가라사대 이것은 너희를 위하는 내 몸이니 이것을 행하여 나를 기념하라 하시고
na ɔdaa Onyankopɔn ase no, obuu mu kae se, “Eyi ne me nipadua a mede ma mo. Monyɛ eyi mfa nkae me.”
25 식후에 또한 이와 같이 잔을 가지시고 가라사대 이 잔은 내 피로 세운 새 언약이니 이것을 행하여 마실 때마다 나를 기념하라 하셨으니
Saa ara na Adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa na ɔkae se, “Saa kuruwa yi yɛ Onyankopɔn apam foforo a wɔde me mogya ahyɛ mu den. Bere biara a mobɛnom no, momfa nkae me.”
26 너희가 이 떡을 먹으며 이 잔을 마실 때마다 주의 죽으심을 오실 때까지 전하는 것이니라
Bere biara a mubedi brodo no na mobɛnom kuruwa no ano no, monka Awurade wu no ho asɛm nkosi sɛ ɔbɛba.
27 그러므로 누구든지 주의 떡이나 잔을 합당치 않게 먹고 마시는 자는 주의 몸과 피를 범하는 죄가 있느니라
Ɛkyerɛ sɛ, sɛ obi di Awurade brodo no na ɔnom kuruwa no ano wɔ ɔkwan a ɛmfata so a, odi Awurade nipadua ne ne mogya no ho fɔ.
28 사람이 자기를 살피고 그 후에야 이 떡을 먹고 이 잔을 마실지니
Enti ansa na obiara bedi brodo no, anom kuruwa no ano no, ɛsɛ sɛ ɔkari ne ho hwɛ.
29 주의 몸을 분변치 못하고 먹고 마시는 자는 자기의 죄를 먹고 마시는 것이니라
Na sɛ wammu Awurade Honhom no na odi, nom fi kuruwa no mu a, odi nom de atemmu ba nʼankasa so.
30 이러므로 너희 중에 약한 자와 병든 자가 많고 잠자는 자도 적지 아니하니
Ɛno nti na mo mu bebree yareyare na moyɛ mmerɛw na mo mu pii awuwu no.
31 우리가 우리를 살폈으면 판단을 받지 아니하려니와
Sɛ yɛkari yɛn ho hwɛ ansa a, yɛrenkɔ Onyankopɔn atemmu mu.
32 우리가 판단을 받는 것은 주께 징계를 받는 것이니 이는 우리로 세상과 함께 죄 정함을 받지 않게 하려 하심이라
Nanso Awurade bu yɛn atɛn, twe yɛn aso sɛnea ɔremmu yɛne wiase nyinaa fɔ.
33 그런즉 내 형제들아 먹으러 모일 때에 서로 기다리라
Ɛno nti, me nuanom, sɛ muhyia sɛ morekɔ Awurade Adidi no a, mommɔ mu nnidi.
34 만일 누구든지 시장하거든 집에서 먹을지니 이는 너희의 판단 받는 모임이 되지 않게 하려 함이라 그 남은 것은 내가 언제든지 갈 때에 귀정(歸正)하리라
Sɛ ɔkɔm de obi a, onni biribi wɔ fie na Onyankopɔn ammu no atɛn wɔ wɔn nhyiamu no ase. Meba a mɛkyerɛ mo nea monyɛ bio.

< 고린도전서 11 >