< 시편 98 >
1 (시) 새 노래로 여호와께 찬송하라! 대저 기이한 일을 행하사 그 오른 손과 거룩한 팔로 자기를 위하여 구원을 베푸셨도다
Dwom. Monto dwom foforɔ mma Awurade, ɛfiri sɛ wayɛ anwanwadeɛ bebree; ne nsa nifa ne ne basa kronkron no anya nkwagyeɛ ama no.
2 여호와께서 그 구원을 알게 하시며 그 의를 열방의 목전에 명백히 나타내셨도다
Awurade ama wɔahunu ne nkwagyeɛ na wada ne tenenee adi akyerɛ amanaman no.
3 저가 이스라엘 집에 향하신 인자와 성실을 기억하셨으므로 땅의 모든 끝이 우리 하나님의 구원을 보았도다
Wakae nʼadɔeɛ ne ne nokorɛ a ɔdi akyerɛ Israelfoɔ; asase ano nyinaa ahunu yɛn Onyankopɔn nkwagyeɛ.
4 온 땅이여, 여호와께 즐거이 소리할지어다! 소리를 발하여 즐거이 노래하며 찬송할지어다
Asase nyinaa mommɔ ose mma Awurade, momfa nnwontoɔ nni ahurisie;
5 수금으로 여호와를 찬양하라! 수금과 음성으로 찬양할지어다!
Momfa sankuo nto dwom mma Awurade, sankuo ne nnwontoɔ nnyegyeɛ,
6 나팔과 호각으로 왕 여호와 앞에 즐거이 소리할지어다
momfa totorobɛnto ne nnwennini mmɛn, nteam ahosɛpɛ so wɔ Awurade, yɛn ɔhene no anim.
7 바다와 거기 충만한 것과 그 중에 거하는 자는 다 외칠지어다
Ɛpo ne abɔdeɛ a ɛwɔ mu nyinaa monworo so; asase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa.
8 여호와 앞에서 큰 물이 박수하며 산악이 함께 즐거이 노래할지어다
Momma nsubɔntene mmɔ wɔn nsam, mmepɔ nka mmom nto ahurisie dwom;
9 저가 땅을 판단하려 임하실 것임이로다 저가 의로 세계를 판단하시며 공평으로 그 백성을 판단하시리로다
ma wɔnto dwom wɔ Awurade anim, ɛfiri sɛ ɔreba abɛbu ewiase atɛn. Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛn na ɔde pɛpɛyɛ abu nnipa atɛn.