< 시편 85 >
1 (고라 자손의 시. 영장으로 한 노래) 여호와여, 주께서 주의 땅에 은혜를 베푸사 야곱의 포로 된 자로 돌아오게 하셨으며
Kora mma dwom. Ao Awurade wohunuu wʼasase mmɔbɔ; wode Yakob ahonyadeɛ sane maa no.
2 주의 백성의 죄악을 사하시고 저희 모든 죄를 덮으셨나이다 (셀라)
Wode wo nkurɔfoɔ bɔne kyɛɛ wɔn na wokataa wɔn nnebɔne nyinaa so.
3 주의 모든 분노를 거두시며 주의 진노를 돌이키셨나이다
Wode wʼabofuo too nkyɛn na wodane firii wʼabufuhyeɛ ho.
4 우리 구원의 하나님이여, 우리를 돌이키시고 우리에게 향하신 주의 분노를 그치소서
Sane gye yɛn bio, Ao Onyankopɔn, yɛn Gyefoɔ, na ma wʼani nnye yɛn ho.
5 주께서 우리에게 영원히 노하시며 대대에 발분하시겠나이까
Wo bo bɛfu yɛn akɔsi daa anaa? Wʼabofuo bɛtoa so akɔ awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa so anaa?
6 우리를 다시 살리사 주의 백성으로 주를 기뻐하게 아니하시겠나이까
Worenhyɛ yɛn den bio, na ama wo nkurɔfoɔ asɛpɛ wɔn ho wɔ wo mu anaa?
7 여호와여, 주의 인자하심을 우리에게 보이시며 주의 구원을 우리에게 주소서
Ao Awurade, kyerɛ yɛn wo dɔ a ɛnsa da no, na ma yɛn wo nkwagyeɛ no.
8 내가 하나님 여호와의 하실 말씀을 들으리니 대저 그 백성 그 성도에게 화평을 말씀하실 것이라 저희는 다시 망령된 데로 돌아가지 말지로다
Mɛtie deɛ Awurade Onyankopɔn bɛka. Ɔde asomdwoeɛ hyɛ ne nkurɔfoɔ, ahotefoɔ no bɔ, enti ɛnsɛ sɛ wɔsane kɔ agyimisɛm ho.
9 진실로 그의 구원이 그를 경외하는 자에게 가까우니 이에 영광이 우리 땅에 거하리이다
Ampa ara, ne nkwagyeɛ bɛne wɔn a wɔsuro no, na nʼanimuonyam bɛtena yɛn asase so.
10 긍휼과 진리가 같이 만나고 의와 화평이 서로 입맞추었으며
Ɔdɔ ne nokorɛdie bɛhyia, na tenenee ne asomdwoeɛ bɛfe wɔn ho wɔn ho ano.
11 진리는 땅에서 솟아나고 의는 하늘에서 하감하였도다
Nokorɛdie bɛpue afiri asase no so, na tenenee ahwɛ afiri soro.
12 여호와께서 좋은 것을 주시리니 우리 땅이 그 산물을 내리로다
Awurade bɛma yɛn deɛ ɛyɛ ampa ara na yɛn asase bɛma ne nnɔbaeɛ.
13 의가 주의 앞에 앞서 행하며 주의 종적으로 길을 삼으리로다
Tenenee di nʼanim siesie ɛkwan ma nʼanammɔntuo.