< 시편 63 >
1 (다윗의 시. 유다 광야에 있을 때에) 하나님이여, 주는 나의 하나님이시라 내가 간절히 주를 찾되 물이 없어 마르고 곤핍한 땅에서 내 영혼이 주를 갈망하며 내 육체가 주를 앙모하나이다
Dawid dwom. Ɛberɛ a ɔwɔ Yuda Ɛserɛ so no na ɔtoeɛ. Ao, Onyankopɔn, wone me Onyankopɔn Mehwehwɛ wo anibereɛ so; wo ho sukɔm de me kra, me onipadua ani agyina wo, wɔ asase a awo na ɛserɛ nni so, baabi a nsuo nnie.
2 내가 주의 권능과 영광을 보려 하여 이와 같이 성소에서 주를 바라보았나이다
Mahunu wo wɔ Kronkronbea hɔ mahunu wo tumi ne wʼanimuonyam.
3 주의 인자가 생명보다 나으므로 내 입술이 주를 찬양할 것이라
Esiane sɛ, wʼadɔeɛ di mu sene nkwa enti mʼano fafa bɛhyɛ wo animuonyam.
4 이러므로 내 평생에 주를 송축하며 주의 이름으로 인하여 내 손을 들리이다
Sɛ mete ase yi, mɛkamfo wo, na wo din mu na mɛpagya me nsa.
5 골수와 기름진 것을 먹음과 같이 내 영혼이 만족할 것이라 내 입이 기쁜 입술로 주를 찬송하되
Me ɔkra bɛmee sɛdeɛ wadi aduane papa bi; mede anofafa a ɛto dwom bɛyi wo ayɛ.
6 내가 나의 침상에서 주를 기억하며 밤중에 주를 묵상할 때에 하오리니
Meda me mpa so a, mekae wo. Anadwo dasuo mu nyinaa, medwene wo ho.
7 주는 나의 도움이 되셨음이라 내가 주의 날개 그늘에서 즐거이 부르리이다
Ɛfiri sɛ, wone ne ɔboafoɔ, wo ntaban ase nwunu mu na mɛto dwom.
8 나의 영혼이 주를 가까이 따르니 주의 오른손이 나를 붙드시거니와
Me kra bata wo ho; na wo nsa nifa kura me mu.
9 나의 영혼을 찾아 멸하려 하는 저희는 땅 깊은 곳에 들어가며
Wɔn a wɔpɛ me akum me no bɛsɛe; wɔbɛkɔ asase ase tɔnn.
10 칼의 세력에 붙인바 되어 시랑의 밥이 되리이다
Wɔbɛdane wɔn ama akofena na wɔbɛyɛ aduane ama sakraman.
11 왕은 하나님을 즐거워하리니 주로 맹세한 자마다 자랑할 것이나 거짓말 하는 자의 입은 막히리로다
Nanso ɔhene bɛdi ahurisie wɔ Onyankopɔn mu; wɔn a wɔka ntam wɔ Onyankopɔn din mu nyinaa bɛkamfo no, na wɔbɛmua atorofoɔ ano. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.