< 시편 46 >

1 (고라 자손의 시. 영장으로 알라못에 맞춘 노래) 하나님은 우리의 피난처시요 힘이시니 환난 중에 만날 큰 도움이시라
Kora mma dwom. Wɔto no “alamot” sankuo nne so. Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔbea ne yɛn ahoɔden, amanehunu mu ɔboafoɔ a ɔwɔ hɔ ɛberɛ biara.
2 그러므로 땅이 변하든지 산이 흔들려 바다 가운데 빠지든지
Enti sɛ asase ani dane butu na mmepɔ tutu kɔgu ɛpo ase a, yɛrensuro,
3 바닷물이 흉용하고 뛰놀든지 그것이 넘침으로 산이 요동할지라도 우리는 두려워 아니하리로다 (셀라)
sɛ ɛpo bɔ asorɔkye na ɛhuru na ɛma nkokoɔ woso mpo a, yɛrensuro.
4 한 시내가 있어 나뉘어 흘러 하나님의 성 곧 지극히 높으신 자의 장막의 성소를 기쁘게 하도다
Asutene bi wɔ hɔ a ne nsuwansuwa de anigyeɛ ba Onyankopɔn kuropɔn mu, beaeɛ kronkron a Ɔsorosoroni no teɛ.
5 하나님이 그 성중에 거하시매 그 성이 요동치 아니할 것이라 새벽에 하나님이 도우시리로다!
Onyankopɔn te kuropɔn no mu, na ɔrenhwe ase; Onyankopɔn bɛboa no anɔpahema.
6 이방이 훤화하며 왕국이 동하였더니 저가 소리를 발하시매 땅이 녹았도다
Amanaman yɛ hoo, na ahennie hwehwe ase; ɔma ne nne so ma asase nane.
7 만군의 여호와께서 우리와 함께 하시니 야곱의 하나님은 우리의 피난처시로다
Otumfoɔ Awurade ka yɛn ho. Yakob Onyankopɔn yɛ yɛn aban.
8 와서 여호와의 행적을 볼찌어다 땅을 황무케 하셨도다
Bra bɛhwɛ Awurade nnwuma, ɔsɛeɛ a ɔde aba asase no so.
9 저가 땅끝까지 전쟁을 쉬게 하심이여 활을 꺾고 창을 끊으며 수레를 불 사르시는도다
Ɔma akodie gyae kɔsi asase ano. Ɔbubu agyan mu na ɔsɛe pea; ɔde ogya hye nkataboɔ.
10 이르시기를 너희는 가만히 있어 내가 하나님 됨을 알찌어다! 내가 열방과 세계중에서 높임을 받으리라 하시도다
Monyɛ komm na monhunu sɛ me ne Onyankopɔn; wɔbɛma me so wɔ amanaman no mu, wɔbɛma me so wɔ asase so.
11 만군의 여호와께서 우리와 함께 하시리니 야곱의 하나님은 우리의 피난처시로다
Otumfoɔ Awurade ka yɛn ho; Yakob Onyankopɔn yɛ yɛn aban. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

< 시편 46 >