< 시편 103 >

1 (다윗의 시) 내 영혼아 여호와를 송축하라 내 속에 있는 것들아! 다 그 성호를 송축하라
Dawid deɛ. Ao me kra, kamfo Awurade; na me mu adeɛ nyinaa nkamfo ne din kronkron no.
2 내 영혼아 여호와를 송축하며 그 모든 은택을 잊지 말지어다!
Ao me kra, kamfo Awurade, na mma wo werɛ mfiri ne nneyɛeɛ pa nyinaa,
3 저가 네 모든 죄악을 사하시며 네 모든 병을 고치시며
ɔno na ɔde wo mfomsoɔ nyinaa kyɛ woɔ na ɔsa wo nyarewa nyinaa,
4 네 생명을 파멸에서 구속하시고 인자와 긍휼로 관을 씌우시며
ɔgye wo nkwa firi damena mu na ɔde adɔeɛ ne mmɔborɔhunu bɔ wo abotire,
5 좋은 것으로 네 소원을 만족케 하사 네 청춘으로 독수리 같이 새롭게 하시는도다
ɔde nnepa ma wo sɛ wʼapɛdeɛ na wo mmeranteberɛ yɛ foforɔ sɛ ɔkɔdeɛ.
6 여호와께서 의로운 일을 행하시며 압박 당하는 모든 자를 위하여 판단하시는도다
Awurade yɛ adetenenee na ɔbu wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa atɛntenenee.
7 그 행위를 모세에게 그 행사를 이스라엘 자손에게 알리셨도다
Ɔkyerɛɛ Mose nʼakwan, na ɔmaa Israelfoɔ hunuu ne nneyɛɛ.
8 여호와는 자비로우시며 은혜로우시며 노하기를 더디 하시며 인자하심이 풍부하시도다
Mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ ne Awurade, ne bo kyɛre fu na nʼadɔeɛ dɔɔso.
9 항상 경책지 아니하시며 노를 영원히 품지 아니하시리로다
Ɔrenkɔ so mmɔ soboɔ, na ɔrennya yɛn ho menasepɔ nkɔsi daa;
10 우리의 죄를 따라 처치하지 아니하시며 우리의 죄악을 따라 갚지 아니하셨으니
Ɔrenhwɛ yɛn bɔne ne yɛn nni sɛdeɛ ɛfata na ɔrentua yɛn nnebɔne so ka sɛdeɛ ɛteɛ.
11 이는 하늘이 땅에서 높음 같이 그를 경외하는 자에게 그 인자하심이 크심이로다
Na sɛdeɛ ɔsoro ne asase ntam ware no, saa ara na nʼadɔeɛ so wɔ wɔn a wɔsuro no so.
12 동이 서에서 먼 것 같이 우리 죄과를 우리에게서 멀리 옮기셨으며
Sɛdeɛ apueeɛ ne atɔeɛ ntam ware no, saa ara na wama yɛn ne yɛn mmarato ntam kwan aware.
13 아비가 자식을 불쌍히 여김 같이 여호와께서 자기를 경외하는 자를 불쌍히 여기시나니
Sɛdeɛ agya yam hyehye no ne mma ho no, saa ara na Awurade yam hyehye no ma wɔn a wɔsuro no,
14 이는 저가 우리의 체질을 아시며 우리가 진토임을 기억하심이로다
na ɔnim sɛdeɛ wɔyɛɛ yɛn, ɔkae sɛ yɛyɛ mfuturo.
15 인생은 그 날이 풀과 같으며 그 영화가 들의 꽃과 같도다
Ɔdasani deɛ, ne nna te sɛ ɛserɛ, ɔyɛ frɔmm sɛ wiram nhwiren;
16 그것은 바람이 지나면 없어지나니 그 곳이 다시 알지 못하거니와
sɛ mframa bɔ fa ne so a, na ɔnni hɔ, na ne sibea nnim no bio.
17 여호와의 인자하심은 자기를 경외하는 자에게 영원부터 영원까지 이르며 그의 의는 자손의 자손에게 미치리니
Nanso ɛfiri mmerɛsanten kɔsi nnasanten Awurade adɔeɛ wɔ wɔn a wɔsuro no so, na ne tenenee wɔ wɔn mma mma so,
18 곧 그 언약을 지키고 그 법도를 기억하여 행하는 자에게로다
wɔn a wɔdi nʼapam no so na wɔkae di ne mmara so.
19 여호와께서 그 보좌를 하늘에 세우시고 그 정권으로 만유를 통치하시도다
Awurade asi nʼahennwa wɔ soro, na nʼahennie di adeɛ nyinaa so.
20 능력이 있어 여호와의 말씀을 이루며 그 말씀의 소리를 듣는 너희 천사여 여호와를 송축하라
Monkamfo Awurade, mo a moyɛ nʼabɔfoɔ, mo atumfoɔ a moyɛ nʼahyɛdeɛ, mo a motie nʼasɛm.
21 여호와를 봉사하여 그 뜻을 행하는 너희 모든 천군이여 여호와를 송축하라
Monkamfo Awurade, ɔsoro asafo nyinaa, nʼasomfoɔ a moyɛ nʼapɛdeɛ.
22 여호와의 지으심을 받고 그 다스리시는 모든 곳에 있는 너희여 여호와를 송축하라 내 영혼아 여호와를 송축하라
Monkamfo Awurade, ne nnwuma nyinaa deɛ ɛwɔ nʼaheman mu nyinaa. Ao me ɔkra, kamfo Awurade!

< 시편 103 >