< 잠언 24 >
1 너는 악인의 형통을 부러워하지 말며 그와 함께 있기도 원하지 말지어다
Mma wʼani mmerɛ amumuyɛfoɔ, mfa wo ho mmɔ wɔn;
2 그들의 마음은 강포를 품고 그 입술은 잔해를 말함이니라
Ɛfiri sɛ, wɔn akoma dwene atirimuɔdensɛm ho, na wɔn ano ka deɛ ɛde basabasayɛ ba ho asɛm.
3 집은 지혜로 말미암아 건축되고 명철로 말미암아 견고히 되며
Wɔde nyansa na ɛsi efie, na nhunumu mu na wɔma ɛtim;
4 또 방들은 지식으로 말미암아 각종 귀하고 아름다운 보배로 채우게 되느니라
ɛnam nimdeɛ so na wɔnya ademudeɛ a ɛho yɛ na na ɛyɛ fɛ hyehyɛ nʼadan mu.
5 지혜 있는 자는 강하고 지식 있는 자는 힘을 더하나니
Onyansafoɔ wɔ tumi a ɛso, na onimdefoɔ nyini ahoɔden mu;
6 너는 모략으로 싸우라 승리는 모사가 많음에 있느니라
deɛ ɔretu sa hia akwankyerɛ, deɛ ɔrepɛ nkonimdie no hia afotufoɔ pii.
7 지혜는 너무 높아서 미련한 자의 미치지 못할 것이므로 그는 성문에서 입을 열지 못하느니라
Nyansa wɔ akyiri dodo ma ɔkwasea; wɔ apono ano dwabɔ mu no ɔnni hwee ka.
8 악을 행하기를 꾀하는 자를 일컬어 사특한 자라 하느니라
Onipa ɔbɔ pɔ bɔne no wɔbɛfrɛ no ɔkɔtwebrɛfoɔ.
9 미련한 자의 생각은 죄요 거만한 자는 사람의 미움을 받느니라
Ogyimifoɔ nhyehyɛeɛ yɛ bɔne, nnipa kyiri ɔfɛdifoɔ.
10 네가 만일 환난날에 낙담하면 네 힘의 미약함을 보임이니라
Sɛ wʼabamu go wɔ ɔhaw mu a, na wʼahoɔden sua!
11 너는 사망으로 끌려가는 자를 건져주며 살륙을 당하게 된 자를 구원하지 아니치 말라
Gye wɔn a wɔde wɔn rekɔ akɔkum wɔn no nkwa; na sianka wɔn a wɔtɔ ntintan kɔ akumiiɛ.
12 네가 말하기를 나는 그것을 알지 못하였노라 할지라도 마음을 저울질 하시는 이가 어찌 통찰하지 못하시겠으며 네 영혼을 지키시는 이가 어찌 알지 못하시겠느냐 그가 각 사람의 행위대로 보응하시리라
Sɛ woka sɛ, “Na yɛnnim yei ho hwee a,” deɛ ɔkari akoma hwɛ no nhunu anaa? Deɛ ɔbɔ wo nkwa ho ban no nnim anaa? Ɔrentua deɛ obiara ayɛ so ka anaa?
13 내 아들아 꿀을 먹으라 이것이 좋으니라 송이꿀을 먹으라 이것이 네 입에 다니라
Me ba, di ɛwoɔ, ɛfiri sɛ ɛyɛ; ɛwokyɛm mu woɔ yɛ wʼanomu dɛ.
14 지혜가 네 영혼에게 이와 같은 줄을 알라 이것을 얻으면 정녕히 네 장래가 있겠고 네 소망이 끊어지지 아니하리라
Hunu nso sɛ nyansa yɛ wo kra dɛ; sɛ wonya a, wowɔ anidasoɔ ma daakye, na wʼanidasoɔ renyɛ kwa.
15 악한 자여 의인의 집을 엿보지 말며 그 쉬는 처소를 헐지 말지니라
Nkɔtɛ ɔteneneeni fie sɛ ɔkwanmukafoɔ, na ɛnkɔto nhyɛ nʼatenaeɛ so,
16 대저 의인은 일곱번 넘어질지라도 다시 일어나려니와 악인은 재앙으로 인하여 엎드러지느니라
Ɛwom sɛ ɔteneneeni hwe ase mpɛn nson deɛ, nanso ɔsɔre bio, na amumuyɛfoɔ deɛ, amanehunu baako ma wɔhwe ase.
17 네 원수가 넘어질 때에 즐거워하지 말며 그가 엎드러질 때에 마음에 기뻐하지 말라
Sɛ wo ɔtamfoɔ hwe ase a mma ɛnyɛ wo dɛ; na sɛ ɔsunti a mma wʼakoma nni ahurisie,
18 여호와께서 이것을 보시고 기뻐 아니하사 그 진노를 그에게서 옮기실까 두려우니라
ɛfiri sɛ Awurade bɛhunu wʼadwene na ɔrempɛ na ɔbɛyi nʼabufuhyeɛ afiri ne so.
19 너는 행악자의 득의함을 인하여 분을 품지 말며 악인의 형통을 부러워하지 말라
Ɛnha wo ho wɔ abɔnefoɔ enti na ɛmma wʼani mmere amumuyɛfoɔ nso,
20 대저 행악자는 장래가 없겠고 악인의 등불은 꺼지리라
ɛfiri sɛ, ɔbɔnefoɔ nni anidasoɔ biara daakye, na wɔbɛdum amumuyɛfoɔ kanea.
21 내 아들아 여호와와 왕을 경외하고 반역자로 더불어 사귀지 말라
Me ba, suro Awurade ne ɔhene, na mfa wo ho mmɔ adɔnyɛfoɔ ho,
22 대저 그들의 재앙은 속히 임하리니 이 두 자의 멸망을 누가 알랴
ɛfiri sɛ saa baanu yi de ɔsɛeɛ bɛba wɔn so mpofirim, na hwan na ɔnim amanehunu ko a wɔbɛtumi de aba?
23 이것도 지혜로운 자의 말씀이라 재판할 때에 낯을 보아주는 것이옳지 못하니라
Yeinom nso yɛ anyansafoɔ Nsɛnka: Atemmuo a animhwɛ wɔ mu no nyɛ:
24 무릇 악인더러 옳다 하는 자는 백성에게 저주를 받을 것이요 국민에게 미움을 받으려니와
Obiara a ɔbɛka akyerɛ deɛ ɔdi fɔ sɛ, “Wo ho nni asɛm” no nnipa bɛdome no na amanaman remmɔ no din pa.
25 오직 그를 견책하는 자는 기쁨을 얻을 것이요 또 좋은 복을 받으리라
Na wɔn a wɔbu afɔdifoɔ fɔ no ɛbɛsi wɔn yie, na nhyira bɛba wɔn so.
27 네 일을 밖에서 다스리며 밭에서 예비하고 그 후에 네 집을 세울지니라
Wie wo mfikyidwuma na siesie wo mfuo; ɛno akyi, si wo fie.
28 너는 까닭없이 네 이웃을 쳐서 증인이 되지 말며 네 입술로 속이지 말지니라
Nni adanseɛ ntia ɔyɔnko a ɔnyɛɛ wo hwee, na mfa wʼano nnaadaa.
29 너는 그가 내게 행함 같이 나도 그에게 행하여 그 행한대로 갚겠다 말하지 말지니라
Nka sɛ, “Deɛ wayɛ me no me nso mɛyɛ no bi; deɛ ɔyɛeɛ no metua ne so ka.”
30 내가 증왕에 게으른 자의 밭과 지혜 없는 자의 포도원을 지나며 본즉
Menante faa onihafoɔ afuo ho twaa mu wɔ deɛ ɔnni adwene bobefuo nso ho;
31 가시덤불이 퍼졌으며 거친 풀이 지면에 덮였고 돌담이 무너졌기로
nkasɛɛ afu wɔ baabiara, wira afu akata asase no so, na aboɔ afasuo no nso abubu.
32 내가 보고 생각이 깊었고 내가 보고 훈계를 받았었노라
Mede mʼadwene kɔɔ deɛ mehunuiɛ no so na mesuaa biribi firii mu:
33 네가 좀더 자자, 좀더 졸자, 손을 모으고 좀더 눕자 하니 네 빈궁이 강도 같이 오며
nna kakra, nkotɔ kakra, nsa a woabobɔ de rehome kakra,
bɛma ohia aba wo so sɛ ɔkwanmukafoɔ na nneɛma ho nna bɛba wo so sɛ obi a ɔkura akodeɛ. Na ohia bɛto akyere wo sɛ ɔkwanmukafoɔ; ahokyere bɛtoa wo sɛ ɔkorɔmfoɔ.