< 잠언 2 >

1 내 아들아 네가 만일 나의 말을 받으며 나의 계명을 네게 간직하며
Me ba, sɛ wotie me nsɛm, na woma me nkyerɛkyerɛ tena wo mu a,
2 네 귀를 지혜에 기울이며 네 마음을 명철에 두며
sɛ wowɛn wʼaso ma nyansa na wode wʼakoma ma nteaseɛ,
3 지식을 불러 구하며 명철을 얻으려고 소리를 높이며
na woma wo nne so frɛ nhunumu na wosu frɛ nteaseɛ,
4 은을 구하는 것 같이 그것을 구하며 감추인 보배를 찾는 것 같이 그것을 찾으면
na sɛ wohwehwɛ no te sɛ deɛ wohwehwɛ dwetɛ na wo hwehwɛ no sɛdeɛ worepɛ ademudeɛ a ahinta a,
5 여호와 경외하기를 깨달으며 하나님을 알게 되리니
ɛno na wobɛte Awurade suro ase na woahunu Onyankopɔn ho nimdeɛ.
6 대저 여호와는 지혜를 주시며 지식과 명철을 그 입에서 내심이며
Awurade ma nimdeɛ, na nʼanom na nyansa ne nteaseɛ firi ba.
7 그는 정직한 자를 위하여 완전한 지혜를 예비하시며 행실이 온전한 자에게 방패가 되시나니
Ɔkora nkonimdie ma wɔn a wɔteneɛ, ɔyɛ kyɛm ma wɔn a wɔn akwan yɛ pɛ,
8 대저 그는 공평의 길을 보호하시며 그 성도들의 길을 보전하려 하심이니라
ɔwɛn deɛ ɔtene akwan, na ɔbɔ wɔn a wɔdi no nokorɛ no akwan ho ban.
9 그런즉 네가 공의와 공평과 정직 곧 모든 선한 길을 깨달을 것이라
Ɛno na wobɛte deɛ ɛyɛ ne deɛ ɛyɛ pɛ ne deɛ ɛfata, ɛkwan biara a ɛyɛ ase.
10 곧 지혜가 네 마음에 들어가며 지식이 네 영혼에 즐겁게 될 것이요
Afei nyansa bɛwura wʼakoma mu, na nimdeɛ ayɛ ahomeka ama wo kra.
11 근신이 너를 지키며 명철이 너를 보호하여
Adwene bɛbɔ wo ho ban na nteaseɛ ahwɛ wo so.
12 악한 자의 길과 패역을 말하는 자에게서 건져내리라
Nyansa bɛyi wo afiri amumuyɛfoɔ akwan mu, ɛbɛyi wo afiri nnipa a wɔn nsɛm yɛ basabasa nsam,
13 이 무리는 정직한 길을 떠나 어두운 길로 행하며
na wɔmane firi akwan pa so kɔnante esum akwan so,
14 행악하기를 기뻐하며 악인의 패역을 즐거워하나니
wɔn a wɔn ani gye bɔneyɛ ho, na wɔdi ahurisie wɔ bɔne mu basabasayɛ ho,
15 그 길은 구부러지고 그 행위는 패역하리라
wɔn a wɔn akwan yɛ kɔntɔnkye na wɔyɛ abonsamfoɔ wɔ wɔn akwan mu.
16 지혜가 또 너를 음녀에게서, 말로 호리는 이방 계집에게서 구원하리니
Nimdeɛ bɛgye wo afiri ɔbaa waresɛefoɔ no nsam, afiri ɔbaa warefoɔ sansani a ɔka nnaadaasɛm ho,
17 그는 소시의 짝을 버리며 그 하나님의 언약을 잊어버린자라
deɛ wagyaa ne mmabaawaberɛ mu kunu na wapo apam a ɔyɛɛ wɔ Onyankopɔn anim no.
18 그 집은 사망으로, 그 길은 음부로 기울어졌나니
Ne fie yɛ ɛkwan a ɛkɔ owuo mu na nʼakwan kɔ awufoɔ honhom nkyɛn.
19 누구든지 그에게로 가는 자는 돌아오지 못하며 또 생명길을 얻지 못하느니라
Obiara a ɔkɔ ne nkyɛn no nsane mma anaasɛ ɔrensi nkwa akwan so.
20 지혜가 너로 선한 자의 길로 행하게 하며 또 의인의 길을 지키게 하리니
Enti wobɛdi nnipa pa anammɔn akyi na woanante ateneneefoɔ akwan so.
21 대저 정직한 자는 땅에 거하며 완전한 자는 땅에 남아 있으리라
Ɛfiri sɛ wɔn a wɔtene bɛtena asase no so, na wɔn a asɛm nni wɔn ho no na wɔbɛka hɔ;
22 그러나 악인은 땅에서 끊어지겠고 궤휼한 자는 땅에서 뽑히리라
na wɔbɛtwa amumuyɛfoɔ afiri asase no so, na wɔatɔre atorofoɔ ase.

< 잠언 2 >