< 마태복음 27 >
1 새벽에 모든 대제사장과 백성의 장로들이 예수를 죽이려고 함께 의논하고
Adeɛ kyeeɛ no, asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin kɔɔ agyina, hwehwɛɛ ɛkwan a wɔbɛfa so ama Roma aban abu Yesu kumfɔ.
2 결박하여 끌고 가서 총독 빌라도에게 넘겨 주니라
Afei, wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn guu Yesu, de no baa Pilato a ɔyɛ Roma amrado no anim.
3 때에 예수를 판 유다가 그의 정죄됨을 보고 스스로 뉘우쳐 그 은 삼십을 대제사장들과 장로들에게 도로 갖다 주며
Saa ɛberɛ no ara mu, Yuda a ɔyii Yesu maeɛ no hunuu sɛ wɔabu Yesu kumfɔ no, ɔnuu ne ho yie. Enti, ɔsane de sika a ɔgye firii asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin no nkyɛn no brɛɛ wɔn kaa sɛ,
4 가로되 `내가 무죄한 피를 팔고 죄를 범하였도다' 하니 저희가 가로되 `그것이 우리에게 무슨 상관이 있느냐 네가 당하라' 하거늘
“Mayɛ bɔne, ɛfiri sɛ, mayi onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara ama.” Wɔn nso kaa sɛ, “Ɛmfa yɛn ho. Wo ara wʼasɛm.”
5 유다가 은을 성소에 던져 넣고 물러가서 스스로 목매어 죽은지라
Ɔtoo sika no guu asɔredan no mu, firii hɔ kɔhyɛɛ ahoma.
6 대제사장들이 그 은을 거두며 가로되 `이것은 피 값이라 성전고에 넣어둠이 옳지 않다' 하고
Asɔfoɔ mpanin no sesaa sika no kaa sɛ, “Yɛrentumi mfa saa sika yi mfra yɛn toɔ a yɛagyeɛ mu. Ɛfiri sɛ, yɛn mmara mma ho ɛkwan sɛ yɛbɛgye sika a wɔde abɔ awudie ho paa.”
7 의논한 후 이것으로 토기장이의 밭을 사서 나그네의 묘지를 삼았으니
Wɔdwennwenee ho sii gyinaeɛ sɛ, wɔde sika no bɛtɔ asase bi a wɔtu hɔ dɔteɛ de nwono nkukuo, na wɔde ɛhɔ ayɛ amusieeɛ ama ahɔhoɔ a wɔbɛwu wɔ Yerusalem no.
8 그러므로 오늘날까지 그 밭을 피밭이라 일컫느니라
Enti na wɔda so frɛ saa asase no sɛ, “Mogya Asase” de bɛsi ɛnnɛ yi.
9 이에 선지자 예레미야로 하신 말씀이 이루었나니 일렀으되 저희가 그 정가된 자 곧 이스라엘 자손 중에서 정가한 자의 가격 곧 은 삼십을 가지고
Yei maa deɛ Odiyifoɔ Yeremia kaa sɛ, “Wɔgyee dwetɛ mpɔ aduasa, ɛboɔ a Israelfoɔ sese hunuu sɛ ɛfata,
10 토기장이의 밭 값으로 주었으니 이는 주께서 내게 명하신 바와 같으니라 하였더라
ɛnna wɔfiri mu tɔɔ asase firii anwomfoɔ nkyɛn, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ me” no baa mu.
11 예수께서 총독 앞에 섰으매 총독이 물어 가로되 `네가 유대인의 왕이냐?' 예수께서 대답하시되 `네 말이 옳도다' 하시고
Afei, wɔde Yesu bɛgyinaa Pilato a ɔyɛ Roma amrado no anim. Ɔbisaa Yesu sɛ, “Wone Yudafoɔ Ɔhene no anaa?” Yesu buaa sɛ, “Wo na woaka.”
12 대제사장들과 장로들에게 고소를 당하되 아무 대답도 아니하시는지라
Nanso, ɛberɛ a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin reka nsɛm gu Yesu so no, wankasa.
13 이에 빌라도가 이르되 `저희가 너를 쳐서 얼마나 많은 것으로 증거하는지 듣지 못하느냐?' 하되
Pilato bisaa no sɛ, “Wonte deɛ wɔreka no anaa?”
14 한 마디도 대답지 아니하시니 총독이 심히 기이히 여기더라
Nanso, Yesu anka hwee ma ɛyɛɛ amrado no nwanwa.
15 명절을 당하면 총독이 무리의 소원대로 죄수 하나를 놓아 주는 전례가 있더니
Na ɛyɛ amrado no amanneɛ sɛ afe biara Twam Afahyɛ no mu, ɔgyaa odeduani baako a ɔman no pɛ sɛ wɔgyaa no.
16 그 때에 바라바라 하는 유명한 죄수가 있는데
Saa afe no mu, na onipa bɔnefoɔ bi a wɔfrɛ no Baraba nso da afiase.
17 저희가 모였을 때에 빌라도가 물어 가로되 `너희는 내가 누구를 너희에게 놓아 주기를 원하느냐? 바라바냐? 그리스도라 하는 예수냐?' 하니
Anɔpa no a nnipadɔm no hyiaa wɔ Pilato ahemfie anim hɔ no, Pilato bisaa wɔn sɛ, “Hwan na mopɛ sɛ megyaa no ma mo, Baraba anaa Yesu, mo Agyenkwa no?”
18 이는 저가 그들의 시기로 예수를 넘겨준 줄 앎이러라
Na ɔnim pefee sɛ Yudafoɔ mpanin no de ɔtan na akyere Yesu ɛfiri sɛ, na wagye edin.
19 총독이 재판 자리에 앉았을때에 그 아내가 사람을 보내어 가로되 `저 옳은 사람에게 아무 상관도 하지 마옵소서 오늘 꿈에 내가 그 사람을 인하여 애를 많이 썼나이다' 하더라
Pilato gu so redi Yesu asɛm no, ne yere soma ma wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ, “Gyaa onipa tenenee no na ɔnkɔ ne baabi ɛfiri sɛ, anadwo yi, mesoo ne ho daeɛ a ɛyɛ hu yie maa me ho yeraa me.”
20 대제사장들과 장로들이 무리를 권하여 바라바를 달라 하게 하고 예수를 멸하자 하게 하였더니
Nanso, asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin kasa kyerɛɛ ɛdɔm no sɛ, wɔmmisa na wɔnnyaa Baraba mma wɔn na wɔnkum Yesu.
21 총독이 대답하여 가로되 `둘 중에 누구를 너희에게 놓아 주기를 원하느냐?' 가로되 `바라바로소이다'
Enti, ɛberɛ a amrado no sane bisaa wɔn sɛ, “Nnipa baanu yi mu hwan na mopɛ nɛ megyaa no ma mo?” Na ɛdɔm no bɔ gyee so sɛ, “Baraba!”
22 빌라도가 가로되 `그러면 그리스도라하는 예수를 내가 어떻게 하랴' 저희가 다 가로되 `십자가에 못 박혀야 하겠나이다'
Pilato bisaa wɔn bio sɛ, “Sɛ saa deɛ a, ɛnneɛ ɛdeɛn na menyɛ Yesu, mo Agyenkwa no?” Wɔn nyinaa bɔ gyee so bio sɛ, “Bɔ no asɛnnua mu!”
23 빌라도가 가로되 `어찜이뇨 무슨 악한 일을 하였느냐' 저희가 더욱 소리질러 가로되 `십자가에 못 박혀야 하겠나이다' 하는지라
Pilato bisaa wɔn sɛ, “Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɛ?” Nanso, wɔkɔɔ so bɔ gyee so ara sɛ, “Bɔ no asɛnnua mu! Bɔ no asɛnnua mu!”
24 빌라도가 아무 효험도 없이 도리어 민란이 나려는 것을 보고 물을 가져다가 무리 앞에서 손을 씻으며 가로되 `이 사람의 피에 대하여 나는 무죄하니 너희가 당하라'
Afei, Pilato hunuu sɛ ɔyɛ asɛm no ho hwee a ɛnyɛ yie na basabasayɛ reba no, ɔmaa wɔsaa nsuo guu adeɛ mu brɛɛ no, ma ɔhohoroo ne nsa wɔ ɛdɔm no anim kaa sɛ, “Menni saa onipa tenenee yi mogya ho fɔ. Deɛ ɛbɛba biara no yɛ mo asɛm!”
25 백성이 다 대답하여 가로되 `그 피를 우리와 우리 자손에게 돌릴지어다' 하거늘
Nnipadɔm no sane bɔ gyee so bio sɛ, “Ne mogya mmɛgu yɛn ne yɛn mma tiri so.”
26 이에 바라바는 저희에게 놓아주고 예수는 채찍질하고 십자가에 못박히게 넘겨 주니라
Afei Pilato yii Baraba firii afiase hɔ de no maa wɔn. Ɔbɔɔ Yesu mmaa wieeɛ no, ɔde no maa Roma asraafoɔ no sɛ wɔmfa no nkɔ nkɔbɔ no asɛnnua mu.
27 이에 총독의 군병들이 예수를 데리고 관정 안으로 들어가서 온 군대를 그에게로 모으고
Asraafoɔ no de Yesu kɔɔ amrado aban mu hɔ ɛnna wɔfrɛɛ asraafodɔm baa hɔ.
Wɔyii Yesu atadeɛ a na ɛhyɛ no no de batakari kɔkɔɔ bi hyɛɛ no,
29 가시 면류관을 엮어 그 머리에 씌우고 갈대를 그 오른손에 들리고 그 앞에서 무릎을 꿇고 희롱하여 가로되 `유대인의 왕이여 평안 할지어다' 하며
ɛnna wɔde nkasɛɛ atentene nwonoo ɛkyɛ hyɛɛ no, ɛnna wɔde dua bi hyɛɛ ne nsa nifa sɛ ahempoma, ɛnna wɔbubuu nkotodwe wɔ nʼanim hyɛɛ aseɛ bɔ gyee so, dii ne ho fɛ sɛ, “Yudafoɔ Ɔhene, wo nkwa so.”
30 그에게 침 뱉고 갈대를 빼앗아 그의 머리를 치더라
Wɔtetee ntasuo guu ne so na wɔgyee dua no firii ne nsam de paa nʼapampam.
31 희롱을 다한 후 홍포를 벗기고 도로 그의 옷을 입혀 십자가에 못 박으려고 끌고 나가니라
Wɔdii ne ho fɛ wieeɛ no, wɔworɔɔ batakari kɔkɔɔ a wɔde hyɛɛ no no, de ɔno ankasa nʼatadeɛ no sane hyɛɛ no bio. Afei, wɔde no kɔeɛ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu.
32 나가다가 시몬이란 구레네 사람을 만나매 그를 억지로 같이 가게 하여 예수의 십자가를 지웠더라
Ɛberɛ a wɔde no rekɔ baabi a wɔbɔ asɛnnua mu hɔ no, wɔhyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔfiri Kirene a ɛwɔ Abibirem. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asɛnnua no bi.
Wɔde Yesu kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ sɛ Golgota a nʼasekyerɛ ne “Nitire So.”
34 쓸개 탄 포도주를 예수께 주어 마시게 하려 하였더니 예수께서 맛보시고 마시고자 아니하시더라
Ɛhɔ na asraafoɔ no maa no nsã nwononwono bi sɛ ɔnnom. Yesu kaa nʼano no, wannom.
35 저희가 예수를 십자가에 못 박은 후에 그 옷을 제비 뽑아 나누고
Afei, wɔbɔɔ no asɛnnua mu. Ɛno akyi, wɔbɔɔ nʼatadeɛ no so ntonto kyekyɛ faeɛ.
Afei, wɔn nyinaa tenatenaa ase wɛnee no.
37 그 머리 위에 이는 유대인의 왕 예수라 쓴 죄패를 붙였더라
Wɔtwerɛɛ nsɛm a wɔka guu ne so no bi fam nʼatifi sɛ, “Yesu, Yudafoɔ Ɔhene No Ni.”
38 이 때에 예수와 함께 강도 둘이 십자가에 못 박히니 하나는 우편에 하나는 좌편에 있더라
Wɔbɔɔ awudifoɔ baanu bi asɛnnua mu kaa Yesu ho. Na ɔbaako sɛn ne nifa so ɛnna ɔbaako nso sɛn ne benkum so.
39 지나가는 자들은 자기 머리를 흔들며 예수를 모욕하여
Nnipa a wɔsen faa baabi a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu hɔ no nyinaa wosoo wɔn ti, dii Yesu ho fɛ sɛ,
40 가로되 `성전을 헐고 사흘에 짓는 자여 네가 만일 하나님의 아들이어든 자기를 구원하고 십자가에서 내려오라' 하며
“Ɛnyɛ wo na woseɛ sɛ wobɛtumi abubu asɔredan na wode nnansa asi no? Sɛ wo na woseɛ sɛ woyɛ Onyankopɔn Ba ampa ara a, ɛnneɛ siane firi asɛnnua no so si fam ma yɛnhwɛ!”
41 그와 같이 대제사장들과 서기관들과 장로들과 함께 희롱하여 가로되
Saa ara nso na asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bɛdii ne ho fɛ sɛ,
42 `저가 남은 구원하였으되 자기는 구원할 수 없도다 저가 이스라엘의 왕이로다 지금 십자가에서 내려올지어다 그러면 우리가 믿겠노라
“Ɔgye afoforɔ, nanso ɔntumi nnye ne ho! Sɛ wone Israelfoɔ ɔhene no ampa ara a, siane firi asɛnnua no so si fam, na yɛnnye wo nni.
43 저가 하나님을 신뢰하니 하나님이 저를 기뻐하시면 이제 구원하실지라 제 말이 나는 하나님의 아들이라 하였도다' 하며
Ɔde ne ho too Onyankopɔn so. Afei, ma Onyankopɔn nnye no! Wanka nso sɛ, ‘Meyɛ Onyankopɔn Ba?’”
44 함께 십자가에 못 박힌 강도들도 이와 같이 욕하더라
Awudifoɔ bi a wɔbɔɔ wɔne no asɛnnua mu no nso hyɛɛ aseɛ dii ne ho fɛw.
45 제 육시로부터 온 땅에 어두움이 임하여 제 구시까지 계속하더니
Ɛberɛ a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu no, esum duruu asase so afanan nyinaa firi owigyinaeɛ kɔpem nnɔnmiɛnsa.
46 제 구시 즈음에 예수께서 크게 소리질러 가라사대 엘리 엘리 라마 사박다니! 하시니 이는 곧 `나의 하나님, 나의 하나님, 어찌하여 나를 버리셨나이까?' 하는 뜻이라
Ɛbɛyɛ nnɔnmiɛnsa berɛ mu no, Yesu teaam denden sɛ, “Eli, Eli, lama sabaktani?” Aseɛ kyerɛ sɛ, “Me Onyankopɔn, me Onyankopɔn, adɛn enti na woagya me?”
47 거기 섰던 자 중 어떤 이들이 듣고 가로되 `이 사람이 엘리야를 부른다' 하고
Wɔn a wɔgyina hɔ no bi ante aseɛ susuu sɛ ɔrefrɛ Elia.
48 그 중에 한사람이 곧 달려가서 해융을 가지고 신 포도주를 머금게 하여 갈대에 꿰어 마시우거늘
Wɔn mu baako tuu mmirika kɔfaa sapɔ bi de bɔɔ nsã nwononwono bi mu de tuaa dua bi so de brɛɛ Yesu sɛ ɔnnom.
49 그 남은 사람들이 가로되 `가만 두어라 엘리야가 와서 저를 구원하나 보자' 하더라
Nanso, nnipa no nkaeɛ no kaa sɛ, “Gyaa no na yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛgye no anaa.”
50 예수께서 다시 크게 소리 지르시고 영혼이 떠나시다
Afei, Yesu teaam denden bio gyaee ne honhom mu wuiɛ.
51 이에 성소 휘장이 위로부터 아래까지 찢어져 둘이 되고 땅이 진동하며 바위가 터지고
Ɛhɔ ara, ntoma a ɛtwa asɔredan no mu no mu suanee mmienu firi soro kɔsii fam. Asase wosoeɛ. Abotan mu paapaeɛ.
52 무덤들이 열리며 자던 성도의 몸이 많이 일어나되
Adamena so buebueeɛ maa ateneneefoɔ a wɔawuwuo nyanenyaneeɛ.
53 예수의 부활 후에 저희가 무덤에서 나와서 거룩한 성에 들어가 많은 사람에게 보이니라
Yesu wusɔreɛ akyi no, wɔfifirii wɔn adamena mu kɔɔ Yerusalem, kɔyii wɔn ho adi kyerɛɛ nnipa bebree.
54 백부장과 및 함께 예수를 지키던 자들이 지진과 그 되는 일들을 보고 심히 두려워하여 가로되 `이는 진실로 하나님의 아들이었도다' 하더라
Asraafoɔ a wɔwɔ hɔ no hunuu asase wosoɔ ne nsɛm a ɛsisii hɔ no, wɔn akoma tuu yie, ma wɔkaa sɛ, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba.”
55 예수를 섬기며 갈릴리에서부터 좇아 온 많은 여자가 거기 있어 멀리서 바라보고 있으니
Saa ɛberɛ no na mmaa bebree a Yesu ho dɔ enti, wɔdii nʼakyi firi Galilea no gyinagyina akyiri baabi rehwɛ deɛ ɛrekɔ so.
56 그 중에 막달라 마리아와 또 야고보와 요셉의 어머니 마리아와 또 세베대의 아들들의 어머니도 있더라
Mmaa no bi ne Maria Magdalene ne Maria a ɔyɛ Yakobo ne Yosef maame. Na Sebedeo mmammarima no maame nso ka ho.
57 저물었을 때에 아리마대 부자 요셉이라 하는 사람이 왔으니 그도 예수의 제자라
Ɛduruu anwummerɛ no, osikani bi a wɔfrɛ no Yosef a ɔfiri Arimatea a na ɔyɛ Yesu suani no
58 빌라도에게 가서 예수의 시체를 달라 하니 이에 빌라도가 내어 주라 분부하거늘
kɔɔ Pilato hɔ kɔsrɛɛ no sɛ ɔmfa Yesu amu no mma no. Ɛnna Pilato hyɛɛ sɛ wɔmfa amu no mma no.
59 요셉이 시체를 가져다가 정한 세마포로 싸서
Yosef faa amu no de nwera kyekyeree ho,
60 바위 속에 판 자기 새 무덤에 넣어두고 큰 돌을 굴려 무덤 문에 놓고 가니
na ɔde no kɔtoo ɔno ankasa ne boda foforɔ bi a wɔatwa mu, piree ɛboɔ kɛseɛ bi hinii ano, ansa na ɔregya hɔ akɔ.
61 거기 막달라 마리아와 다른 마리아가 무덤을 향하여 앉았더라
Maria Magdalene ne Maria baako no deɛ, na wɔte nkyɛn baabi rewɛn ɔboda no.
62 그 이튿날은 예비일 다음날이라 대제사장들과 바리새인들이 함께 빌라도에게 모여 가로되
Adeɛ kyeeɛ a ɛyɛ da a ɛdi Twam Afahyɛ no ahosiesie akyi no, asɔfoɔ mpanin ne Farisifoɔ no kɔɔ Pilato nkyɛn,
63 `주여 저 유혹하던 자가 살았을 때에 말하되 내가 사흘 후에 다시 살아나리라 한 것을 우리가 기억하노니
kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, ɔtorofoɔ no kaa ɛberɛ bi sɛ, ‘Nnansa akyi no, mɛsane aba nkwa mu bio.’
64 그러므로 분부하여 그 무덤을 사흘까지 굳게 지키게 하소서 그의 제자들이 와서 시체를 도적질하여 가고 백성에게 말하되 그가 죽은 자 가운데서 살아났다 하면 후의 유혹이 전보다 더 될까 하나이다' 하니
Yei enti, ma yɛn ɛkwan na yɛnkɔtare ɔboda no ano nkɔsi nnansa, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼasuafoɔ no ntwa wɔn ho nkɔwia amu no mmɔ no dawuro sɛ wasɔre afiri awufoɔ mu. Na sɛ ɛkɔba saa deɛ a, anka akyire no nnaadaa bɛsene kane deɛ no.”
65 빌라도가 가로되 너희에게 파숫군이 있으니 가서 힘대로 굳게 하라 하거늘
Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mowɔ awɛmfoɔ. Momma wɔnkɔwɛn.”
66 저희가 파숫군과 함께 가서 돌을 인봉하고 무덤을 굳게 하니라
Enti, wɔkɔtaree ɔboda no ano, maa awɛmfoɔ kɔwɛneeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara ntumi nkɔwura hɔ nkɔwia amu no.