< 예레미야 37 >

1 요시야의 아들 시드기야가 여호야김의 아들 고니야를 대신하여 왕이 되었으니 이는 바벨론 왕 느부갓네살이 그로 유다 땅의 왕 을 삼음이었더라
Babiloniahene Nebukadnessar de Yosia babarima Sedekia dii Yudahene; ɔsii Yehoiakim babarima Yehoiakin anan mu.
2 그와 그 신하와 그 땅 백성이 여호와께서 선지자 예레미야로 하신 말씀을 듣지 아니하니라
Ɔno, nʼasomfoɔ ne nnipa a wɔwɔ asase no so antie Awurade asɛm a ɔnam odiyifoɔ Yeremia so kaeɛ no.
3 시드기야왕이 셀레먀의 아들 여후갈과 마아세야의 아들 제사장 스바냐를 선지자 예레미야에게 보내어 청하되 너는 우리를 위하여 우리 하나님 여호와께 기도하라 하였으니
Ɔhene Sedekia somaa Selemia babarima Yehukal ne Maaseia babarima ɔsɔfoɔ Sefania sɛ, wɔnkɔka nkyerɛ Yeremia sɛ, “Yɛsrɛ wo, bɔ Awurade yɛn Onyankopɔn mpaeɛ ma yɛn.”
4 때에 예레미야가 갇히지 아니하였으므로 백성 가운데 출입하는 중이었더라
Na Yeremia de ne ho, di nnipa no mu akɔneaba, ɛfiri sɛ na wɔmfaa no ntoo afiase.
5 바로의 군대가 애굽에서 나오매 예루살렘을 에워쌌던 갈대아인이 그 소문을 듣고 예루살렘에서 떠났더라
Na Farao akodɔm afiri Misraim reba, na Babiloniafoɔ a wɔatua Yerusalem no tee wɔn nka no, wɔfirii Yerusalem.
6 여호와의 말씀이 선지자 예레미야에게 임하여 가라사대
Ɛna Awurade asɛm baa odiyifoɔ Yeremia nkyɛn sɛ,
7 이스라엘의 하나님 나 여호와가 이같이 말하노라 너희를 보내어 내게 구하게 한 유다 왕에게 이르라 너희를 도우려고 나왔던 바로의 군대는 자기 땅 애굽으로 돌아가겠고
“Yei ne deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: Monka nkyerɛ Yudahene a, ɔsomaa mo sɛ mommɛbisa me hɔ biribi no sɛ, ‘Farao akodɔm a wɔfirii adi sɛ wɔrebɛboa mo no bɛsane akɔ wɔn ankasa asase so, Misraim so.
8 갈대아인이 다시 와서 이 성을 쳐서 취하여 불사르리라
Na Babiloniafoɔ no bɛsane abɛto ahyɛ saa kuropɔn yi so; wɔbɛgye na wɔahye no dworobɛɛ.’
9 나 여호와가 이같이 말하노라 너희는 스스로 속여 말하기를 갈대아인이 반드시 우리를 떠나리라 하지 말라 그들이 떠나지 아니하리라
“Sɛ Awurade seɛ nie: Monnnaadaa mo ho nnwene sɛ, ‘Ampa ara Babiloniafoɔ no bɛfiri yɛn so akɔ.’ Wɔrenkɔ!
10 가령 너희가 너희를 치는 갈대아인의 온 군대를 쳐서 그 중에 부상자만 남긴다 할지라도 그들이 각기 장막에서 일어나 이 성을 불사르리라
Sɛ modi Babiloniafoɔ akodɔm a wɔato ahyɛ mo so no so ma ɛka apirafoɔ wɔ wɔn ntomadan mu mpo a, wɔbɛfiri adi abɛhye kuropɔn yi dworobɛɛ.”
11 갈대아인의 군대가 바로의 군대를 두려워하여 예루살렘에서 떠나매
Babilonia akodɔm firii Yerusalem, ɛsiane Farao akodɔm no enti akyi no,
12 예레미야가 베냐민 땅에서 백성 중 분깃을 받으려고 예루살렘을 떠나 그리로 가려 하여
Yeremia yɛɛ ahoboa sɛ ɔrefiri kuropɔn no mu, akɔ Benyamin mantam akɔgye nʼagyapadeɛ mu kyɛfa wɔ nkurɔfoɔ a wɔwɔ hɔ no mu.
13 베냐민 문에 이른즉 하나냐의 손자요 셀레먀의 아들인 이리야라 이름하는 문지기의 두목이 선지자 예레미야를 붙잡아 가로되 네가 갈대아인에게 항복하려 하는도다
Nanso, ɔkɔduruu Benyamin Ɛpono ano no, awɛmfoɔ no so panin a wɔfrɛ no Yiria a ɔyɛ Selemia babarima ne Hanania nana kyeree no kaa sɛ, “Woredwane agya yɛn akɔ Babiloniafoɔ afa!”
14 예레미야가 가로되 망령되다 나는 갈대아인에게 항복하여 하지아니하노라 이리야가 듣지 아니하고 예레미야를 잡아 방백들에게로 끌어 가매
Yeremia buaa sɛ, “Ɛnyɛ nokorɛ. Merennwane nkɔ Babiloniafoɔ afa.” Nanso, Yiria antie, na mmom ɔkyeree Yeremia de no kɔmaa ne mpanimfoɔ.
15 방백들이 노하여 예레미야를 때려서 서기관 요나단의 집에 가두었으니 이는 그들이 이 집으로 옥을 삼았음이더라
Wɔn bo fuu Yeremia, na wɔmaa wɔboroo no de no too afiase wɔ ɔtwerɛfoɔ Yonatan efie a na wɔde ayɛ nneduadan no.
16 예레미야가 토굴 옥 음실에 들어간지 여러 날 만에
Wɔde Yeremia too asase ase afiase, ma ɔdii nna bebree wɔ hɔ.
17 시드기야왕이 보내어 그를 이끌어 내고 왕궁에서 그에게 비밀히 물어 가로되 여호와께로서 받은 말씀이 있느뇨 예레미야가 대답하되 있나이다 또 가로되 왕이 바벨론 왕의 손에 붙임을 입으리이다
Akyire yi, ɔhene Sedekia soma ma wɔkɔfaa no baa ahemfie, ɛhɔ na ɔbisaa no wɔ kɔkoam sɛ, “Woanya asɛm bi afiri Awurade nkyɛn anaa?” Yeremia buaa sɛ, “Aane, wɔde wo bɛma Babiloniahene.”
18 예레미야가 다시 시드기야 왕에게 이르되 내가 왕에게나 왕의 신하에게나 이 백성에게 무슨 죄를 범하였관대 나를 옥에 가두었나이까
Afei, Yeremia bisaa ɔhene no sɛ, “Ɛdeɛn bɔne na mayɛ atia wo, anaa wʼadwumayɛfoɔ anaa nnipa yi a enti wɔde me ato afiase yi?
19 바벨론 왕이 와서 왕과 이 땅을 치지 아니하리라고 예언한 왕의 선지자들이 이제 어디있나이까
Ɛhe na wʼadiyifoɔ a wɔhyɛɛ nkɔm kyerɛɛ wo sɛ, ‘Babiloniahene rento nhyɛ wo so anaa asase yi so’ no wɔ?
20 내 주 왕이여 이제 청컨대 나를 들으시며 나의 탄원을 받으사 나를 서기관 요나단의 집으로 돌려 보내지 마옵소서 내가 거기서 죽을까 두려워하나이다
Na afei, ɔdɛɛfoɔ, mesrɛ wo, tie. Ma memfa me nkotosrɛ nto wʼanim: Mfa me nkɔto ɔtwerɛfoɔ Yonatan efie hɔ bio, anyɛ saa a mɛwu wɔ hɔ.”
21 이에 시드기야 왕이 명하여 예레미야를 시위대 뜰에 두고 떡 만드는 자의 거리에서 매일 떡 한덩이씩 그에게 주게 하매 성중에 떡이 다할 때까지 이르니라 예레미야가 시위대 뜰에 머무니라
Ɔhene Sedekia hyɛɛ sɛ wɔmfa Yeremia nkɔto awɛmfoɔ adihɔ hɔ, na wɔmma no burodo a ɛfiri burodotofoɔ borɔno so da biara nkɔsi sɛ kuropɔn no mu burodo nyinaa bɛsa. Enti Yeremia kaa awɛmfoɔ adihɔ hɔ.

< 예레미야 37 >