< 에스겔 42 >
1 그가 나를 데리고 밖으로 나가 북편 뜰로 가서 두 방에 이르니 그 두 방의 하나는 골방 앞 뜰을 향하였고 하나는 북편 건물을 향하였는데
Afei ɔbarima no dii mʼanim faa atifi fam kɔɔ mfikyiri adiwo hɔ de me baa adan a ɛne asɔredan adiwo no di nhwɛanim no mu, na ɛne atifi fam mfikyiri fasu no nso di nhwɛanim.
2 그 방들의 자리의 장이 일백척이요 광이 오십척이며 그 문은 북을 향하였고
Ɔdan a ne pon kyerɛ atifi fam yi tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum, na ne trɛw nso yɛ anammɔn aduɔson anum.
3 그 방 삼층에 툇마루들이 있는데 한 방의 툇마루는 이십척 되는 안 뜰과 마주 대하였고 한 방의 툇마루는 바깥 뜰 박석 깔린 곳과 마주 대하였으며
Adan a ɛne mfimfini adiwo no ntam kwan yɛ anammɔn aduasa ne adan a ɛne mfikyiri adiwo no kwan di nhwɛanim no, ɛso mmrannaa no kyerɛkyerɛ anim wɔ asan abiɛsa no mu biara so.
4 그 두 방 사이에 통한 길이 있어 광이 십척이요 장이 일백척이며 그 문들은 북을 향하였으며
Adan no anim no na ɔkwan bi da a ne trɛw yɛ anammɔn dunum na ne tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Wɔn apon no ano kyerɛkyerɛ atifi fam.
5 그 상층의 방은 제일 좁으니 이는 툇마루를 인하여 하층과 중층보다 상층이 더 줄어짐이라
Adan a ɛwɔ asan a ɛwɔ soro no mu no susua, efisɛ na nʼabrannaa no mu trɛw sen mmrannaa a ɛwowɔ asan a edidi ase no.
6 그 방이 삼층이라도 뜰의 기둥 같은 기둥이 없으므로 그 상층이 하층과 중층보다 더욱 좁아짐이더라
Adan a ɛwɔ asan a ɛto so abiɛsa no nni afadum sɛnea asan a ɛwɔ ase no wɔ no; enti na mu susua sen adan a ɛwowɔ asan a edidi ase no.
7 그 한 방의 바깥 담 곧 뜰의 담과 마주 대한 담의 장이 오십척이니
Na ɔfasu bi wɔ nkyɛn a ɛne adan no ne mfikyiri adiwo no sa so; na ne tenten yɛ anammɔn aduɔson anum a ɛfa adan no anim.
8 바깥 뜰로 향한 방의 장이 오십척임이며 성전 앞을 향한 방은 일백척이며
Adan a ɛsa so na ɛtoa mfikyiri adiwo no so no tenten yɛ anammɔn aduɔson anum, nanso adan a ɛsa so a ɛbɛn kronkronbea no tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonum.
9 이 방들 아래에 동편에서 들어가는 통행구가 있으니 곧 바깥 뜰에서 들어가는 통행구더라
Sɛ obi fi mfikyiri adiwo reba mu a, obehu sɛ adan a ɛwɔ fam pa ara no abobow ano ani kyerɛ apuei fam.
10 남편 골방 뜰 맞은편과 남편 건물 맞은편에도 방 둘이 있는데
Anafo fam, wɔ mfikyiri adiwo no fasu a ɛkɔ asɔredan no adiwo, na ɛne mfikyiri fasu no di nhwɛanim no ho, na adan bi wɔ hɔ a
11 그 두 방 사이에 길이 있고 그 방들의 모양은 북편 방 같고 그 장광도 같으며 그 출입구와 문도 그와 같으며
ɔkwan bi da anim. Saa adan yi te sɛ adan a ɛwɔ atifi fam no; nʼatenten ne ne trɛw yɛ pɛ, ho apon a wɔfa mu pue no atenten yɛ pɛ. Apon a ɛwɔ atifi fam no
12 남편 방에 출입하는 문이 있는데 담 동편 길머리에 있더라
nso sesɛ adan a ɛwɔ anafo fam apon no. Na ɔpon bi wɔ ɔkwan a ɛne ɔfasu a ɛkɔ apuei fam no sa so no ano, ɛhɔ na wɔfa kɔ adan no mu.
13 그가 내게 이르되 좌우 골방 뜰 앞 곧 북편 남편에 있는 방들은 거룩한 방이라 여호와를 가까이 하는 제사장들이 지성물을 거기서 먹을 것이며 지성물 곧 소제와 속죄제와 속건제의 제물을 거기 둘 것이며 이는 거룩한 곳이라
Na ɔka kyerɛɛ me se, “Atifi fam ne anafo fam adan a ani hwɛ asɔredan adiwo no yɛ asɔfo no dea, ɛhɔ na asɔfo a wɔkɔ Awurade anim no bedi afɔrebɔde kronkron no. Ɛhɔ na wɔde afɔrebɔde kronkron pa ara a ɛyɛ aduan afɔrebɔde, bɔne afɔrebɔde ne afɔdi afɔrebɔde no begu, efisɛ beae no yɛ kronkron.
14 제사장의 의복은 거룩하므로 제사장이 성소에 들어갔다가 나올 때에 바로 바깥 뜰로 가지 못하고 수종드는 그 의복을 그 방에 두고 다른 옷을 입고 백성의 뜰로 나갈 것이니라 하더라
Sɛ asɔfo no kɔ beae kronkron hɔ a ɛnsɛ sɛ wɔkɔ mfikyiri adiwo hɔ kosi sɛ wobeyiyi wɔn ɔsom ntade agu hɔ, efisɛ saa ntade no yɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ ntade foforo bi ansa na wɔabɛn mmeaemmeae a ɔmanfo tumi kɔ hɔ no.”
15 그가 안에 있는 전 척량하기를 마친 후에 나를 데리고 동향한 문길로 나가서 사면 담을 척량하는데
Osusuw nea ɛwɔ asɔredan no mu wiee no, ɔde me faa apuei pon no ano puei, na osusuw asɔredan no hyiae.
16 그가 척량하는 장대 곧 그 장대로 동편을 척량하니 오백척이요
Ɔde susudua no susuw apuei fam; na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum.
Osusuw atifi fam na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum.
Osusuw anafo fam na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum.
19 서편으로 돌이켜 그 장대로 척량하니 오백척이라
Afei ɔdan nʼani hwɛɛ atɔe fam, na osusuwii no, na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum.
20 그가 이와 같이 그 사방을 척량하니 그 사방 담 안 마당의 장과 광이 오백척씩이라 그 담은 거룩한 것과 속된 것을 구별하는 것이더라
Enti na nʼafefare mu no yɛ anammɔn ahanson ne aduonum wɔ ahinanan no nyinaa, de tew kronkronbea no ho fi kwasafo atenae no ho.