< 출애굽기 40 >

1 여호와께서 모세에게 일러 가라사대
Afei Awurade ka kyerɛɛ Mose se,
2 너는 정월 초일일에 성막 곧 회막을 세우고
“Ɔsram a edi kan no da a edi kan no na si Ahyiae Ntamadan no.
3 또 증거궤를 들여 놓고 또 장으로 그 궤를 가리우고
Wusi wie a, fa Apam Adaka a Mmaransɛm Du no wɔ mu no si mu. Na fa ntwamtam no twa Apam Adaka no anim ma ɛnhyɛ kronkron mu kronkron hɔ.
4 또 상을 들여 놓고 그 위에 물품을 진설하고 등대를 들여 놓고 불을 켜고
Afei, fa ɔpon no besi hɔ na fa ɛho nneɛma nyinaa gu so na fa kaneadua no bra na sɔ kanea no.
5 또 금 향단을 증거궤 앞에 두고 성막 문에 장을 달고
Fa sikakɔkɔɔ afɔremuka a wɔbɛhyew aduhuam wɔ so no besi Apam Adaka no anim na fa ɔpon no nkataanim sɛn Ahyiae Ntamadan no ano.
6 또 번제단을 회막의 성막 문 앞에 놓고
“Fa ɔhyew afɔremuka no si Ahyiae Ntamadan no kwan ano.
7 또 물두멍을 회막과 단 사이에 놓고 그 속에 물을 담고
Fa hweaseammɔ no si Ahyiae Ntamadan no ne afɔremuka no ntam na hyɛ no nsu ma.
8 또 뜰 주위에 포장을 치고 뜰 문에 장을 달고
Siesie adiwo twa Ahyiae Ntamadan no ho hyia na fa nsɛnanim no sɛn ne kwan no ano.
9 또 관유를 취하여 성막과 그 안에 있는 모든 것에 발라 그것과 그 모든 기구를 거룩하게 하라! 그것이 거룩하리라
“Fa ɔsrango no na pete gu Ahyiae Ntamadan no so baabiara ne biribiara a ɛwɔ mu ne nneɛma a ɛwɔ hɔ nyinaa ne nkongua so, na fa tew ho.
10 너는 또 번제단과 그 모든 기구에 발라 그 안을 거룩하게 하라! 그 단이 지극히 거룩하리라
Ɔhyew afɔremuka no ne ɛho nneɛma nyinaa nso, pete ɔsra ngo no bi gu so na tew ho na ɛnyɛ kronkron.
11 너는 또 물두멍과 그 받침에 발라 거룩하게 하고
Sra hweaseammɔ no ne ne ntaease no ngo na fa tew ho.
12 또 아론과 그 아들들을 회막문으로 데려다가 물로 씻기고
“Fa Aaron ne ne mmabarima no bra Ahyiae Ntamadan no kwan ano na fa nsu hohoro wɔn ho.
13 아론에게 거룩한 옷을 입히고 그에게 기름을 부어 거룩하게 하여 그로 내게 제사장의 직분을 행하게 하라
Na fa atade kronkron no hyɛ Aaron, na sra no ngo na ne ho ntew na ɔmmɛyɛ me sɔfo.
14 너는 또 그 아들들을 데려다가 그들에게 겉옷을 입히고
Fa ne mmabarima no bra na fa wɔn ntade hyehyɛ wɔn.
15 그 아비에게 기름을 부음 같이 그들에게도 부어서 그들로 내게 제사장 직분을 행하게 하라 그들이 기름 부음을 받았은즉 대대로 영영히 제사장이 되리라 하시매
Sra wɔn ngo sɛnea woyɛɛ wɔn agya no, sɛnea wɔbɛsom me sɛ asɔfo. Wɔn ngosra no bɛyɛ asɔfodi wɔ wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu.”
16 모세가 그같이 행하되 곧 여호와께서 자기에게 명하신대로 다 행하였더라
Mose yɛɛ biribiara sɛnea Awurade hyɛɛ no no.
17 제 이년 정월 곧 그 달 초일일에 성막을 세우니라
Afe a ɛto so abien no mu ɔsram a edi kan no da a edi kan no, wɔkekaa Ahyiae Ntamadan no sisii anim.
18 모세가 성막을 세우되, 그 받침들을 놓고 그 널판들을 세우고, 그 띠를 띠우고 그 기둥들을 세우고,
Mose sii Ahyiae Ntamadan no; ɔde nsisiso no sisii wɔn afa, de nnyinaso no hyehyɛɛ mu de mmeamu nnua beabea mu de mpuran sisii wɔn afa.
19 또 성막 위에 막을 펴고 그 위에 덮개를 덮으니 여호와께서 모세에게 명하신 대로 되니라
Afei, ɔde nkuruso no kuruu mpuran no so de ne nguguso guguu so san de nguguso a edi akyi kuruu so sɛnea Awurade hyɛɛ no no.
20 그가 또 증거판을 궤 속에 넣고 채를 궤에 꿰고 속죄소를 궤 위에 두고
Ɔde abo a wɔakyerɛw Mmaransɛm Du no wɔ so no guu Apam Adaka no mu de nnua a wɔde bɛsoa no susoo mu. Ɔde ne nkataso a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a ɛyɛ mpata nkataso no kataa so.
21 또 그 궤를 성막에 들여 놓고 장을 드리워서 그 증거궤를 가리우니 여호와께서 모세에게 명하신 대로 되니라
Afei, ɔde Apam Adaka no besii Ahyiae Ntamadan no mu de ntwamtam no twaa mu, sɛnea Awurade hyɛɛ no no.
22 그가 또 회막 안 곧 성막 북편으로 장 밖에 상을 놓고
Afei, ɔde ɔpon no sii atifi fam wɔ ɔdan no mu wɔ ntwamtam no akyi,
23 또 여호와 앞 그 상 위에 떡을 진설하니 여호와께서 모세에게 명하신 대로 되니라
de Ɔkyerɛ Brodo no too so wɔ Awurade anim sɛnea Awurade hyɛe no.
24 그가 또 회막 안 곧 성막 남편에 등대를 놓아 상과 대하게 하고
Ɔde kaneadua no sii ɔpon no nkyɛn wɔ Ahyiae Ntamadan no anafo fam.
25 또 여호와 앞에 등잔에 불을 켜니 여호와께서 모세에게 명하신 대로 되니라
Afei, ɔsɔɔ kanea no wɔ Awurade anim sɛnea Awurade hyɛɛ no no.
26 그가 또 금 향단을 회막 안 장 앞에 두고
Mose de sikakɔkɔɔ afɔremuka sii ntwamtam no ho pɛɛ wɔ Ahyiae Ntamadan no mu
27 그 위에 향기로운 향을 사르니 여호와께서 모세에게 명하신 대로 되니라
na ɔhyew nnuhuam wɔ so sɛnea Awurade hyɛe no.
28 그가 또 성막문에 장을 달고
Ɔde Ahyiae Ntamadan no ano nkataano sɛn ano.
29 또 회막의 성막 문 앞에 번제단을 두고 번제와 소제를 그 위에 드리니 여호와께서 모세에게 명하신 대로 되니라
Ɔde afɔremuka a esi akyi a wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ so no si bɛn ɔkwan no ano, na ɔbɔɔ so ɔhyew afɔre ne aduan afɔre sɛnea Awurade hyɛe no.
30 그가 또 물두멍을 회막과 단 사이에 두고 거기 씻을 물을 담고
Ɔde hweaseammɔ sii Ahyiae Ntamadan no ne afɔremuka no ntam na wɔhyɛɛ no nsu ma, sɛnea asɔfo no benya bi ahohoro wɔn ho,
31 자기와 아론과 그 아들들이 거기서 수족을 씻되
na Mose ne Aaron ne Aaron mmabarima hohoroo wɔn nsa ho ne wɔn anan ase wɔ hɔ.
32 그들이 회막에 들어갈 때와 단에 가까이 갈 때에 씻었으니 여호와께서 모세에게 명하신 대로 되니라
Bere biara a wɔbɛfa afɔremuka no ho akɔ Ahyiae Ntamadan no mu no, wogyina hohoroo wɔn ho sɛnea Awurade hyɛɛ Mose no.
33 그가 또 성막과 단 사면 뜰에 포장을 치고 뜰문의 장을 다니라 모세가 이같이 역사를 필하였더라
Na Mose sii biribi twaa Ahyiae Ntamadan no ne afɔremuka no ho hyiae na wɔde nsɛnanotam sɛn ano. Ɛnna Mose wiee nʼadwuma.
34 그 후에 구름이 회막에 덮이고 여호와의 영광이 성막에 충만하매
Omununkum no bɛkataa Ahyiae Ntamadan no so maa Awurade anuonyam hyɛɛ no ma.
35 모세가 회막에 들어갈 수 없었으니 이는 구름이 회막 위에 덮이고 여호와의 영광이 성막에 충만함이었으며
Esiane sɛ na omununkum no asi wɔ hɔ no nti, Mose antumi ankɔ mu na Awurade anuonyam hyɛɛ Ahyiae Ntamadan no ma.
36 구름이 성막 위에서 떠오를 때에는 이스라엘 자손이 그 모든 행하는 길에 앞으로 발행하였고
Bere biara a omununkum no bɛma ne ho so no, na Israelfo no nso di akyi.
37 구름이 떠오르지 않을 때에는 떠오르는 날까지 발행하지 아니하였으며
Na sɛ egyina a, na wɔn nso agyina akosi sɛ ɛbɛma ne ho so bio.
38 낮에는 여호와의 구름이 성막 위에 있고 밤에는 불이 그 구름 가운데 있음을 이스라엘의 온 족속이 그 모든 행하는 길에서 친히 보았더라
Awia de, omununkum no gyina Ahyiae Ntamadan no so na sɛ edu anadwo a, na ogya asɔ wɔ omununkum no mu sɛnea Israelfo no nyinaa behu. Eyi toaa so saa ara wɔ wɔn akwantu no nyinaa mu.

< 출애굽기 40 >