< 열왕기하 23 >

1 왕이 보내어 유다와 예루살렘의 모든 장로를 자기에게로 모으고
Afei, ɔhene no frɛɛ Yuda ne Yerusalem mpanimfoɔ nyinaa.
2 이에 여호와의 전에 올라가매 유다 모든 사람과 예루살렘 거민과 제사장들과 선지자들과 모든 백성이 무론 노소하고 다 왕과 함께 한지라 왕이 여호와의 전 안에서 발견한 언약책의 모든 말씀을 읽어 무리의 귀에 들리고
Na ɔhene no ne Yuda ne Yerusalem manfoɔ ne asɔfoɔ ne adiyifoɔ a ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, foro kɔɔ Awurade Asɔredan no mu. Ɛhɔ na ɔhene no kenkanee Apam Nwoma a wɔahunu wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no nyinaa kyerɛɛ wɔn.
3 왕이 대(臺) 위에 서서 여호와 앞에서 언약을 세우되 마음을 다하고 성품을 다하여 여호와를 순종하고 그 계명과 법도와 율례를 지켜 이 책에 기록된 이 언약의 말씀을 이루게 하리라 하매 백성이 다 그 언약을 좇기로 하니라
Ɔhene no tenaa beaeɛ bi a ɛkyerɛ ne tumi wɔ afadum no ho, hyɛɛ apam no mu den bio wɔ Awurade anim. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ, ɔfiri nʼakoma ne ne kra nyinaa mu bɛdi Awurade mmaransɛm ahyɛdeɛ ne mmara nyinaa so. Ɔfaa saa ɛkwan yi so sii apam no mu nhyehyɛeɛ ahodoɔ a na wɔatwerɛ wɔ nwoma no mu no nyinaa so dua, maa nnipa no nyinaa hyɛɛ bɔ sɛ wɔbɛdi so.
4 왕이 대제사장 힐기야와 모든 버금 제사장들과 문을 지킨 자들에게 명하여 바알과 아세라와 하늘의 일월 성신을 위하여 만든 모든 기명을 여호와의 전에서 내어다가 예루살렘 바깥 기드론 밭에서 불사르고 그 재를 벧엘로 가져가게 하고
Afei, ɔhene hyɛɛ ɔsɔfopanin Hilkia ne asɔfoɔ akunini ne asɔredan sohwɛfoɔ nyinaa sɛ, wɔnyiyi nneɛma a na wɔde som Baal ne Asera ne ewiem atumfoɔ no nyinaa mfiri Awurade asɔredan no mu. Ɔhene no ma wɔhyee ne nyinaa wɔ Kidron bɔnhwa a ɛwɔ Yerusalem mfikyire no, soaa ne nsõ de kɔɔ Bet-El.
5 옛적에 유다 왕들이 세워서 유다 모든 고을과 예루살렘 사면 산당에서 분향하며 우상을 섬기게 한 제사장들을 폐하며 또 바알과 해와 달과 열두 궁성과 하늘의 모든 별에게 분향하는 자들을 폐하고
Ɔpamoo abosom akɔmfoɔ a Yuda ahemfo a wɔdii ɛkan no yii wɔn no nyinaa, ɛfiri sɛ, na wɔhye nnuhwam wɔ Yuda abosomfie nyinaa mu a mpo, na ɛreyɛ akɔduru Yerusalem kurom. Wɔhyee nnuhwam maa Baal ne owia, ɔsrane ne nsoromma ne ewiem atumfoɔ.
6 또 여호와의 전에서 아세라 상을 내어 예루살렘 바깥 기드론 시내로 가져다가 거기서 불사르고 빻아서 가루를 만들어 그 가루를 평민의 묘지에 뿌리고
Ɔhene no tuu Asera afɔrebukyia no firii Awurade asɔredan mu, de kɔɔ Yerusalem mfikyire wɔ Kidron bɔnhwa mu hɔ kɔhyee no. Afei, ɔyam dua no muhumuhu, kɔtoo ne mfuturo no guu amusieeɛ.
7 또 여호와의 전 가운데 미동의 집을 헐었으니 그곳은 여인이 아세라를 위하여 휘장을 짜는 처소이었더라
Ɔdwirii asɔreeɛ adwamanfoɔ adan a na ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu no, baabi a na mmaa no nwono nkatahotam, de kata Asera dua no ho no nyinaa guiɛ.
8 유다 각 성읍에서 모든 제사장을 불러오고 또 제사장이 분향하던 산당을 게바에서부터 브엘세바까지 더럽게하고 또 성문의 산당들을 헐어 버렸으니 이 산당들은 부윤 여호수아의 대문 어구 곧 성문 왼편에 있었더라
Yosia sane de Awurade asɔfoɔ no a na wɔtete Yuda nkuro afoforɔ so no nyinaa baa Yerusalem. Ɛfiri Geba kɔsi Beer-Seba, ɔsɛee ɛhɔ abosonnan no nyinaa. Saa beaeɛ no na na wɔhye nnuhwam no. Ɔbubuu abosonnan a ɛwɔ Yosua a na ɔyɛ Yerusalem amrado no ɛpono ano. Sɛ obi rewura kuropɔn no mu a ɔbɛhunu saa ɛpono no wɔ kuropɔn ɛpono no benkum so.
9 산당의 제사장들은 예루살렘 여호와의 단에 올라가지 못하고 다만 그 형제 중에서 무교병을 먹을 뿐이었더라
Asɔfoɔ a na wɔsom abosonnan no mu no, na wɔmma wɔn ɛkwan mma wɔnnsom wɔ Awurade afɔrebukyia a ɛwɔ Yerusalem no so, nanso na wɔma wɔne asɔfoɔ a aka no di burodo a mmɔreka nni mu no.
10 왕이 또 힌놈의 아들 골짜기의 도벳을 더럽게 하여 사람으로 몰록에게 드리기 위하여 그 자녀를 불로 지나가게 하지 못하게 하고
Afei, ɔhene no sɛee Tofet afɔrebukyia a na ɛwɔ Ben-Hinom bɔnhwa no mu no enti, na obiara ntumi mfa ne babarima anaa ne babaa mmɔ afɔdeɛ wɔ ogya mu wɔ so sɛ afɔrebɔdeɛ a wɔde ma Molek bio.
11 또 유다 열왕이 태양을 위하여 드린 말들을 제하여 버렸으니 이 말들은 여호와의 전으로 들어가는 곳의 근처 시종 나단멜렉의 집곁에 있던 것이며 또 태양수레를 불사르고
Ɔtutuu apɔnkɔ sɛso a wɔagu a ɛsisi Awurade Asɔredan ɛkwan no ano a Yuda ahemfo too edin maa owia no nyinaa firii hɔ. Na ne nyinaa wowɔ adihɔ a ɛbɛn opiani bi a wɔfrɛ no Natan-Malek dan ho. Yosia hyee nteaseɛnam a na wɔato edin ama owia no.
12 유다 열왕이 아하스의 다락지붕에 세운 단들과 므낫세가 여호와의 전 두 마당에 세운 단들을 왕이 다 헐고 거기서 빻아내려서 그 가루를 기드론 시내에 쏟아버리고
Yosia bubuu afɔrebukyia a Yuda ahemfo sisii wɔ ahemfie no atifi wɔ Ahas dan apampam no nyinaa. Ɔhene no bubuu afɔrebukyia a Manase sisii wɔ Awurade Asɔredan no adihɔ mmienu hɔ no nyinaa guiɛ. Ɔdwirii no pasapasa, too ne nkunkumaboɔ no petee Kidron bɔnhwa no mu.
13 또 예루살렘 앞 멸망산 우편에 세운 산당을 더럽게 하였으니 이는 옛적에 이스라엘왕 솔로몬이 시돈 사람의 가증한 아스다롯과 모압 사람의 가증한 그모스와 암몬 자손의 가증한 밀곰을 위하여 세웠던 것이며
Ɔhene no sane guu abosonnan a ɛwɔ Yerusalem apueeɛ fam no ne deɛ ɛwɔ Ɔsɛeɛ Bepɔ no anafoɔ fam no. Saa beaeɛ no na Israelhene Salomo sisii abosonnan maa Astoret, a ɛyɛ Sidonfoɔ bosom bɔne, ne Kemos, Moabfoɔ bosom bɔne, ne Molek, Amonfoɔ bosom bɔne.
14 왕이 또 석상들을 깨뜨리며 아세라 목상들을 찍고 사람의 해골로 그곳에 채웠더라
Yosia dwerɛɛ afadum kronkron no nyinaa, bubuu Asera afɔrebukyia no. Ɔde nnipa nnompe guguu ne nyinaa so.
15 이스라엘로 범죄케 한 느밧의 아들 여로보암이 벧엘에 세운 단과 산당을 왕이 헐고 또 그 산당을 불사르고 빻아서 가루를 만들며 또 아세라 목상을 불살랐더라
Ɔhene no sane bubuu afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El abosonnan a Nebat babarima Yeroboam yɛeɛ ɛberɛ a ɔdii Israel anim, de wɔn kɔɔ bɔne mu no. Yosia yam aboɔ no, ma ɛdanee mfuturo, hyee Asera dua no.
16 요시야가 몸을 돌이켜 산에 있는 묘실들을 보고 보내어 그 묘실에서 해골을 취하여다가 단 위에 불살라 그 단을 더럽게 하니라 이 일을 하나님의 사람이 전하였더니 그 전한 여호와의 말씀대로 되었더라
Ɛberɛ a Yosia retoto nʼani no, ɔhunuu damena pii wɔ kokoɔ no nkyɛnmu. Ɔhyɛɛ sɛ wɔntu nnompe no, na ɔhyee ne nyinaa wɔ afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El no so, de guu afɔrebukyia no ho fi. Yei siiɛ sɛdeɛ Awurade nam Onyankopɔn onipa so ahyɛ no, ɛberɛ a Yeroboam kɔgyinaa afɔrebukyia no ho wɔ afahyɛ da no. Afei Yosia danee ne ho hwɛɛ Onyankopɔn onipa a ɔhyɛɛ yeinom nyinaa ho nkɔm no damena.
17 요시야가 이르되 내게 보이는 저것은 무슨 비석이냐 성읍 사람들이 고하되 왕께서 벧엘의 단에 향하여 행하신 이 일을 전하러 유다에서 왔던 하나님의 사람의 묘실이니이다
Yosia bisaa sɛ, “Nkaeɛdum bɛn na ɛwɔ nohoa no?” Na nnipa a wɔwɔ kuro no mu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛyɛ Onyankopɔn onipa no a ɔfiri Yuda a ɔhyɛɛ nkɔm faa dwuma a woadi seesei wɔ afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El ho no ɔboda.”
18 가로되 그대로 두고 그 뼈를 옮기지 말라 하매 무리가 그 뼈와 사마리아에서 온 선지자의 뼈는 그대로 두었더라
Yosia buaa sɛ, “Momma no nwɔ hɔ. Obiara mmfa ne nsa nka ne nnompe no.” Ɛno enti, wɔanhye ne nnompe no anaa odiyifoɔ akɔkoraa a ɔfiri Samaria no deɛ nso.
19 전에 이스라엘 열왕이 사마리아 각 성읍에 지어서 여호와의 노를 격발한 산당을 요시야가 다 제하되 벧엘에서 행한 모든 일대로 행하고
Na Yosia bubuu abosonnan no a ɛwɔ Samaria no, sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔ Bet-El no. Israel ahemfo ahodoɔ bi na wɔsisiiɛ de hyɛɛ Awurade abufuo.
20 또 거기 있는 산당의 제사장들을 다 단 위에서 죽이고 사람의 해골을 단 위에 불사르고 예루살렘으로 돌아왔더라
Ɔkunkumm asɔreeɛ so abosomfoɔ no wɔ wɔn ankasa afɔrebukyia so, na ɔhyee nnipa nnompe wɔ afɔrebukyia ahodoɔ no so, de guu ho fi. Akyire yi, ɔsane kɔɔ Yerusalem.
21 왕이 뭇백성에게 명하여 가로되 이 언약책에 기록된대로 너희의 하나님 여호와를 위하여 유월절을 지키라 하매
Ɔhene Yosia hyɛɛ nnipa no nyinaa sɛ, “Ɛsɛ sɛ modi Twam Afahyɛ ma Awurade, mo Onyankopɔn, sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ Apam Nwoma mu no.”
22 사사가 이스라엘을 다스리던 시대부터 이스라엘 열왕의 시대에든지 유다 열왕의 시대에든지 이렇게 유월절을 지킨 일이 없었더니
Ɛfiri ɛberɛ a atemmufoɔ dii Israel so mfeɛ bebree a atwam wɔ Israel ne Yuda ahemfo so no, wɔnnii Twam Afahyɛ no bi saa da.
23 요시야 왕 십 팔년에 예루살렘에서 여호와 앞에 이 유월절을 지켰더라
Ɛberɛ a ɔhene Yosia dii mfeɛ dunwɔtwe wɔ akonnwa so no na wɔdii saa Twam Afahyɛ yi wɔ Yerusalem maa Awurade.
24 요시야가 또 유다 땅과 예루살렘에 보이는 신접한 자와 박수와 드라빔과 우상과 모든 가증한 것을 다 제하였으니 이는 대제사장 힐기야가 여호와의 전에서 발견한 책에 기록된 율법 말씀을 이루려 함이라
Yosia tɔre asamanfrɛfoɔ ne adunsifoɔ ne afie mu anyame ne ahonisom biara ase wɔ Yerusalem ne Yuda asase so baabiara. Ɔyɛɛ saa de dii mmara a wɔatwerɛ wɔ nwoma mmobɔeɛ a ɔsɔfoɔ Hilkia kɔhunuu wɔ Awurade Asɔredan mu no so.
25 요시야와 같이 마음을 다하며 성품을 다하며 힘을 다하여 여호와를 향하여 모세의 모든 율법을 온전히 준행한 임금은 요시야 전에도 없었고 후에도 그와 같은 자가 없었더라
Ɔhene biara mmaeɛ a ɔte sɛ Yosia a ɔde nʼakoma, ne kra ne nʼahoɔden ama Awurade na ɔnam so adi Mose mmara nyinaa so. Na ɔhene biara nso mmaeɛ a ɔte sɛ ɔno.
26 그러나 여호와께서 유다를 향하여 진노하신 그 크게 타오르는 진노를 돌이키지 아니하셨으니 이는 므낫세가 여호와를 격노케 한 그 모든 격노를 인함이라
Nanso, yei nyinaa akyi no, Awurade abufuo no dɛre tiaa Yuda, ɛsiane bɔne akɛseɛ a Ɔhene Manase yɛeɛ no. Ɛno enti, wanyi nʼabufuhyeɛ no amfiri wɔn so.
27 여호와께서 가라사대 내가 이스라엘을 물리친 것 같이 유다도 내 앞에서 물리치며 내가 뺀 이 성 예루살렘과 내 이름을 거기 두리라 한 이 전을 버리리라 하셨더라
Awurade kaa sɛ, “Mɛsɛe Yuda, sɛdeɛ mesɛee Israel no. Mɛpam nnipa no afiri mʼanim, na mapo me kuropɔn Yerusalem ne Asɔredan a anka ɛsɛ sɛ wɔhyɛ me din animuonyam wɔ mu no.”
28 요시야의 남은 사적과 모든 행한 일은 유다 왕 역대지략에 기록되지 아니하였느냐
Yosia ahennie ho asɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ nyinaa no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.
29 요시야 당시에 애굽 왕 바로느고가 앗수르 왕을 치고자하여 유브라데 하수로 올라가므로 요시야 왕이 나가서 방비하더니 애굽 왕이 요시야를 므깃도에서 만나본 후에 죽인지라
Ɛberɛ a Yosia di ɔhene no, Misraimhene Farao Neko kɔɔ Asubɔnten Eufrate ho kɔboaa Asiriahene. Ɔhene Yosia de nʼakodɔm tuu sa, kɔko tiaa no, nanso ɛberɛ a wɔhyiaa wɔ Megido no, ɔhene Neko kumm no.
30 신복들이 그 시체를 병거에 싣고 므깃도에서 예루살렘으로 돌아와서 그 묘실에 장사하니 국민이 요시야의 아들 여호아하스를 데려다가 저에게 기름을 붓고 그 부친을 대신하여 왕을 삼았더라
Yosia akodɔm mu mpanimfoɔ no de nʼamu no too teaseɛnam mu firii Megido, baa Yerusalem bɛsiee no ɔno ankasa ɔboda mu. Na nnipa no sraa ne babarima Yehoahas ngo, sii no ɔhene.
31 여호아하스가 위에 나아갈 때에 나이 이십 삼세라 예루살렘에서 석달을 치리하니라 그 모친의 이름은 하무달이라 립나 예레미야 의 딸이더라
Ɛberɛ a Yehoahas dii ɔhene no, na wadi mfeɛ aduonu mmiɛnsa, na ɔdii adeɛ Yerusalem abosome mmiɛnsa. Na ne maame yɛ Yeremia a ɔfiri Libna no babaa a na ne din de Hamutal.
32 여호아하스가 그 열조의 모든 행위대로 여호와 보시기에 악을 행하였더니
Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagyanom yɛeɛ no pɛpɛɛpɛ.
33 바로느고가 저를 하맛 땅 립나에 가두어 예루살렘에서 왕이 되지 못하게 하고 또 그 나라로 은 일백 달란트와 금 한 달란트를 벌금으로 내게 하고
Farao Neko de Yehoahas too afiase wɔ Ribla wɔ Hamat asase so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔrentumi nni ɔhene wɔ Yerusalem. Afei, ɔbisaa sɛ Yuda ntua toɔ dwetɛ tɔno mmiɛnsa ne fa ne sikakɔkɔɔ kilogram aduasa ɛnan sɛ apeatoɔ.
34 바로느고가 요시야의 아들 엘리아김으로 그 아비 요시야를 대신하여 왕을 삼고 그 이름을 고쳐 여호야김이라 하고 여호아하스는 애굽으로 잡아갔더니 저가 거기서 죽으니라
Afei, Farao Neko de Eliakim a ɔyɛ Yosia babarima, dii adeɛ, ma ɔsii nʼagya ananmu. Ɔsesaa Eliakim din frɛɛ no Yehoiakim. Wɔde Yehoahas kɔɔ Misraim sɛ odeduani, na ɔwuu wɔ hɔ.
35 여호야김이 은과 금을 바로에게 주니라 저가 바로느고의 명령대로 그에게 그 돈을 주기 위하여 나라에 부과하되 국민 각 사람의 힘대로 액수를 정하고 은금을 늑봉하였더라
Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛnya dwetɛ ne sikakɔkɔɔ toɔ a Farao Neko regye no, Yehoiakim gyegyee akwabrantoɔ firii Yudafoɔ nkyɛn. Obiara tuaa sɛdeɛ nʼahonya teɛ.
36 여호야김이 왕이 될 때에 나이 이십 오세라 예루살렘에서 십 일년을 치리하니라 그 모친의 이름은 스비다라 루마 브다야의 딸이더라
Ɛberɛ a Yehoiakim dii adeɛ no, na wadi mfirinhyia aduonu enum, na ɔdii adeɛ Yerusalem mfeɛ dubaako. Na ne maame din de Sebuda a ɔyɛ Pedaia a ɔfiri Ruma babaa.
37 여호야김이 그 열조의 모든 행한 일을 본받아 여호와 보시기에 악을 행하였더라
Ɔyɛɛ bɔne wɔ Awurade ani so, sɛdeɛ nʼagyanom yɛeɛ no.

< 열왕기하 23 >